< オバデヤ書 1 >

1 オバデヤの預言 主ヱホバ、エドムにつきて斯いひたまふ 我らヱホバより出たる音信を聞けり 一人の使者國々の民の中に遣されて云ふ 起よ我儕起てエドムを攻撃んと
Anisoadehunu a Awurade Onyankopɔn daa no adi faa Edom asase ho kyerɛɛ Obadia nie: Yɛate asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn. Wɔsomaa ɔnanmusini bi kɔɔ aman so kɔkaa sɛ, “Monsɔre na momma yɛnkɔko ntia Edom.”
2 我汝をして國々の中において小き者たらしむ 汝は大に藐視らるるなり
Awurade ka kyerɛ Edom sɛ: “Hwɛ mɛbrɛ wo ase, mɛyɛ wo akumaa wɔ aman no mu, na wɔabu wo animtia.
3 山崖の巖屋に居り高き處に住む者よ 汝が心の傲慢なんぢを欺けり 汝心の中に謂ふ誰か我を地に曵くだすことを得んと
Wayɛ ahantan adaadaa wo ho, Wo a wote abotan ntokuro mu na wayɛ wʼatenaeɛ wɔ mmepɔ so, na woka kyerɛ wo ho sɛ, ‘Hwan na ɔbɛtumi ayi me asi fam?’
4 汝たとひ鷲のごとくに高く擧り星の間に巣を造るとも我そこより汝を曵くださん ヱホバこれを言たまふ
Sɛ wotu kɔ ewiem sɛ akɔdeɛ, na woyɛ wo pirebuo wɔ nsoromma ntam mpo a, ɛhɔ na mɛba abɛtwe wo adwera fam.” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
5 盜賊汝に來り 強盜夜なんぢに來り竊むともその心に滿るときは止ざらんや 嗚呼なんぢは滅されて絶ゆ 葡萄を摘む者汝にいたるも尚 幾何を遺さざらんや
“Sɛ akorɔmfoɔ ba wo so a, anaa adwotwafoɔ ba wo so anadwo a, atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo? Na wɔrenwia wo nneɛma dodoɔ a wɔpɛ anaa? Sɛ bobe abatefoɔ ba wo so a, ɛnyɛ bobe aba kakra bi pɛ na wɔbɛgya wo anaa?
6 嗚呼エサウは搜されその隱しおける物は探りいださる
Na wo Esau deɛ wɔbɛwia wʼademudeɛ a wode asie na wɔayɛ wo dosodoso.
7 汝と盟約を結べる人々はみな汝を國境に逐やり汝と和好をなせる人々はみな汝を欺きて汝に勝ち汝の食物を食ふ者等は汝の下に羂を設く 彼の中には穎悟あらず
Wɔn a wo ne wɔn wɔ nkabom nyinaa bɛdi wo hwammɔ. Wɔn a wʼadwene yɛ wo sɛ wo ne wɔn te asomdwoeɛ mu no bɛdaadaa wo adi wo so, wɔn a wɔdi wʼaduane no asum wo afidie, nanso, wonhunuiɛ.
8 ヱホバ言たまふ當日には我智慧ある者をヱドムより絶除き穎悟をエサウの山より絶除かざらんや
“Saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ, “Merensɛe anyansafoɔ a ɛwɔ Edom anaa, mmarima a wɔte asɛm ase a wɔwɔ Esau mmepɔ so anaa?
9 テマンよ汝の勇士は驚き懼れん 而して人みな終に殺されてエサウの山より絶除かるべし
Ao Teman wʼakofoɔ bɛbɔ hu ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔ so no, wɔbɛtwitwa mo atɔre mo ase.
10 汝はその兄弟ヤコブに暴虐を加へたるに因て恥辱なんぢを蒙はん 汝は永遠に至るまで絶るべし
Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no enti aniwuo bɛka wo, na wɔbɛsɛe wo koraa.
11 汝が遠く離れて立をりし日即ち異邦人これが財寳を奪ひ他國人これが門に進み入りエルサレムのために籤を掣たる日には汝も彼らの一人のごとくなりき
Ɛda a wogyinaa ntentenso hwɛɛ no haa, na ananafoɔ faa nʼahonyadeɛ kɔeɛ na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu, na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no, na wote sɛ wɔn mu baako.
12 汝は汝の兄弟の日すなはちその災禍の日を觀るべからず 又ユダの子孫の滅亡の日を喜ぶべからず その苦難の日には汝口を大きく開べからざるなり
Anka ɛnsɛ sɛ wobu wo nua animtiaa ɛberɛ a ɔwɔ asaneɛ mu, anaa sɛ wodi ahurisie wɔ Yudafoɔ so ɛberɛ a wɔwɔ ɔsɛeɛ mu, na mpo wohoahoa wo ho ɛberɛ a wɔwɔ ahohiahia mu no.
13 我民の滅ぶる日には汝その門に入べからず其滅ぶる日には汝その患難を見べからず 又その滅ぶる日には汝その財寳に手をかく可らず
Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔ hyɛne me nkurɔfoɔ kuro apono no mu wɔ wɔn amanehunu ɛda, anka ɛnsɛ sɛ wosere wɔ ɛberɛ a wɔwɔ ɔhaw mu. Afei nso anka ɛnsɛ sɛ wode wo nsa to wɔn ahodeɛ so gye wɔ ɛberɛ a wɔwɔ amanehunu mu.
14 汝路の辻々に立て その逃亡者を斬べからず 其患難の日にこれが遺る者を付すべからず
Anka ɛnsɛ sɛ wotɛ wɔn nkwantanan soɔ kunkumm nʼadwanefoɔ Na woyi wɔn a aka no ma wɔ wɔn amanehunu ɛda no mu.
15 ヱホバの日萬國に臨むこと邇し 汝の爲せるごとく汝も爲られ汝の應報なんぢの首に歸すべし
“Awurade ɛda no abɛn ama amanaman nyinaa. Na hwɛ, Edom sɛdeɛ woyɛeɛ no saa ara na wɔbɛyɛ woɔ. Wo nneyɛeɛ bɛsane abɛgu wo tiriso.
16 汝等のわが聖山にて飮しごとく萬國の民も恒に飮ん 即ちみな飮かつ啜りて從前より有ざりし者のごとく成ん
Sɛdeɛ mononom nsã wɔ me bepɔ kronkron so no, saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom, saa ara na ɛbɛkɔ so ɛda biara na wɔbɛyɛ te sɛ deɛ wonni hɔ.
17 シオン山には救はるる者等をりてその山聖所とならん またヤコブの家はその產業を獲ん
Na ɔgyeɛ bɛba Sion bepɔ so na ɛbɛyɛ kronkron beaeɛ, na Yakob efie nsa bɛsane aka nʼagyapadeɛ.
18 ヤコブの家は火となりヨセフの家は火燄となりエサウの家は藁とならん 即ち彼等これが上に燃てこれを焚ん エサウの家には遺る者一人も無にいたるべし ヱホバこれを言なり
Yakob efie bɛyɛ ogya na Yosef efie ayɛ ogyaframa; Esau efie deɛ ɛbɛyɛ adehunu bi na wɔde ogya bɛto mu ahye no a obiara renka wɔ efie hɔ.” Deɛ Awurade seɛ nie.
19 南の人はエサウの山を獲 平地の人はペリシテを獲ん 又彼らはエフライムの地およびサマリヤの地を獲 べニヤミンはギレアデを獲ん
Nkurɔfoɔ a wɔfiri Negeb no bɛtena Esau mmepɔ so, Na wɔn a wɔfiri nkokoɔ no ase no, bɛfa Filistia asase no, na wɔbɛfa Efraim ne Samaria mfuo atena so, na Benyamin nso afa Gilead.
20 かの擄はれゆきしイスラエルの軍旅はカナン人に屬する地をザレパテまで取ん セパラデにあるエルサレムの俘擄人は南の邑々を獲ん
Nipakuo a wɔyɛ Israel atukɔfoɔ bɛfa Kanaan asase no akɔsi Sarefat; na atukɔfoɔ a wɔfiri Yerusalem a wɔte Safarad no bɛfa Negeb nkuro no adi so.
21 然る時に救者シオンの山に上りてエサウの山を鞫かん而して國はヱホバに歸すべし
Agyefoɔ bɛkɔ Sion bepɔ so, akɔdi Edom mmepɔ so. Na ahennie no bɛyɛ Awurade dea!

< オバデヤ書 1 >