< ネヘミヤ 記 10 >

1 印を捺る者はハカリヤの子テルシヤタ、ネヘミヤおよびゼデキヤ
Nnipa a wogyee nhoma no too mu na wɔsɔw ano no ni: Hakalia babarima Nehemia a na ɔyɛ amrado. Asɔfo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne Sedekia,
2 セラヤ、アザリヤ、ヱレミヤ
Seraia, Asaria, Yeremia,
3 パシユル、アマリヤ、マルキヤ、
Pashur, Amaria, Malkia,
4 ハツトシ、シバニヤ、マルク
Hatus, Sebania, Maluk,
5 ハリム、メレモテ、オバデヤ
Harim, Meremot, Obadia,
6 ダニエル、ギンネトン、バルク
Daniel, Gineton, Baruk,
7 メシユラム、アビヤ、ミヤミン
Mesulam, Abia, Miyamin,
8 マアジア、ビルガ、シマヤ是等は祭司なり
Maasia, Bilgai ne Semaia. Eyinom ne asɔfo no.
9 レビ人は即ちアザニヤの子ヱシユア 、ヘナダデの子ビンヌイ、カデミエル
Lewifo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne: Asania babarima Yesua, Binui a ofi Henadad abusua mu, Kadmiel,
10 ならびに其兄弟シバ二ヤ、ホデヤ、ケリタ、ペラヤ、ハナン
ne wɔn mfɛfo Lewifo a, wɔne: Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan,
11 ミカ、レホブ、ハシヤビヤ
Mika, Rehob, Hasabia,
12 ザツクル、セレビヤ、シバ二ヤ
Sakur, Serebia, Sebania,
13 ホデヤ、バニ、ベニヌ
Hodia, Bani ne Beninu.
14 民の長たる者はパロシ、パハテモアブ、エラム、ザツト、バニ
Ntuanofo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne: Paros, Pahat-Moab, Elam, Satu, Bani,
15 ブンニ、アズカデ、ベバイ
Buni, Asgad, Bebai,
16 アドニヤ、ビグワイ、アデン
Adoniya, Bigwai, Adin,
17 アテル、ヒゼキヤ、アズル
Ater, Hesekia, Asur,
18 ホデヤ、ハシユム、ベザイ
Hodia, Hasum, Besai,
19 ハリフ、アナトテ、ノバイ
Harif, Anatot, Nebai,
20 マグピアシ、メシユラム、ヘジル
Magpias, Mesulam, Hesir,
21 メシザベル、ザドク、ヤドア
Mesesabel, Sadok, Yadua,
22 ペラテヤ、ハナン、アナニヤ
Pelatia, Hanan, Anaia,
23 ホセア、ハナニヤ、ハシユブ
Hosea, Hanania, Hasub,
24 ハロヘシ、ピルハ、シヨベク
Halohes, Pilha, Sobek,
25 レホム、ハシヤブナ、マアセヤ
Rehum, Hasabna, Maaseia,
26 アヒヤ、ハナン、アナン
Ahiya, Hanan, Anan,
27 マルク、ハリム、バアナ
Maluk, Harim, Baana.
28 その餘の民祭司レビ人門をまもる者謳歌者ネテニ人ならびに都て國々の民等と離れて神の律法に附る者およびその妻その男子女子など凡そ事を知り辨まふる者は
“Nnipa no nkae a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afi abosonsomfo a wɔwɔ asase no so nyinaa, sɛnea wɔbɛsom Nyankopɔn, na wɔanyinyin a wɔte asɛm ase no,
29 皆その兄弟たる貴き人々に附したがひ呪詛に加はり誓を立て云く我ら神の僕モーセによりて傳はりし神の律法に歩み我らの主ヱホバの一切の誡命およびその例規と法度を守り行はん
wɔn nyinaa fi koma pa mu kaa ntam de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nsew sɛ, sɛ wobu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne somfo Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wofi koma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛtɔ wɔn bo adi Awurade, wɔn Wura, ahyɛde ne ne mmara nyinaa so.
30 我らは此地の民等に我らの女子を與へじ亦われらの男子のために彼らの女子を娶らじ
“Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛremma yɛn mmabea nware abosonsomfo a wɔwɔ asase no so, na saa ara nso na yɛremma yɛn mmabarima nso nware wɔn mmabea.
31 比地の民等たとひ貨物あるひは食物を安息日に携へ來りて賣んとするとも安息日または聖日には我儕これを取じ又七年ごとに耕作を廢め一切の負債を免さんと
“Yɛsan hyɛ bɔ sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asase no so de aguade anaa atoko ba bɛtɔn no homeda anaa da kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛrenyɛ adwuma biara mfe ason a ɛbɛba biara mu, na ka biara a Yudafo afoforo bi de yɛn no, yebetwa mu.
32 我らまた自ら例を設けて年々にシケルの三分の一を出して我らの神の室の用となし
“Nea ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ, yebetua Asɔredan afirihyiatow a wɔahyɛ yɛn sɛ yentua a ɛyɛ dwetɛ gram anan, sɛnea ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ho bra.
33 供物のパン常素祭常燔祭のため安息日月朔および節會の祭物のため聖物のためイスラエルの贖をなす罪祭および我らの神の家の諸の工のために之を用ゐることを定む
Eyi bɛboa ama yɛanya Daa Daa Brodo, na yɛatumi abɔ atoko ne ɔhyew afɔre bere ano bere ano, abɔ homeda afɔre ahorow, adi ɔsram foforo afahyɛ ahorow ne dapɔnna ahorow no. Saa ara na ɛbɛma yɛatumi abɔ kronkronyɛ afɔre ne bɔne ho afɔre sɛ mpata ama Israel. Afei, ɛbɛboa ama yɛanya nneɛma bi a ɛho behia ama yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ho adwumayɛ.
34 また我ら祭司レビ人および民籤を掣き律法に記されたるごとく我らの神ヱホバの壇の上に焚べき薪木の禮物を年々定まれる時にわれらの宗家にしたがひて我らの神の室に納むる者を定め
“Yɛabɔ ntonto ahorow, ahu afe biara mu mmere a ɛfata sɛ asɔfo, Lewifo ne ɔmanfo no abusuafo de nnyansin ba Onyankopɔn asɔredan ho na wɔhyew wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn afɔremuka so, sɛnea mmara no kyerɛ no.
35 かつ誓ひて云ふ我らの產物の初および各種の樹の果の初を年々ヱホバの室に携へきたらん
“Yɛhyɛ bɔ sɛ, daa yɛde otwakan biara mu kyɛfa bi, sɛ ɛyɛ asaseduan anaa aduaba a efi nnua so no, bɛba Awurade Asɔredan mu.
36 また我らの子等および我らの獣畜の首出および我らの牛羊の首出を律法に記されたるごとく我らの神の室に携へ來りて我らの神の室に事ふる祭司に交し
“Yɛpene so sɛ, yɛde yɛn mmabarima a wɔyɛ abakan ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan bɛma Onyankopɔn, sɛnea mmara no kyerɛ no. Yɛde wɔn bɛma asɔfo a wɔsom wɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan mu no.
37 我らの麥粉の初われらの擧祭の物各種の樹の果および洒油を祭司の許に携へ到りて我らの神の家の室に納め我らの產物の什一をレビ人に與へんレビ人は我らの一切の農作の邑においてその什一を受べき者なればなり
“Yɛbɛkora nnɔbae no nyinaa wɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan adekoradan mu. Yɛde yɛn asikresiam a eye pa ara ne atoko nkae afɔrebɔde, yɛn nnuaba papa ne yɛn nsa foforo papa ne ngo bɛba. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛde yɛn nnɔbae biara a efi yɛn asase so nkyɛmu du mu baako bɛbrɛ Lewifo, efisɛ wɔn na wogyigye ntotoso du du no wɔ yɛn nkuraa.
38 レビ人什一を受る時にはアロンの子孫たる祭司一人そのレビ人と偕にあるべし而してまたレビ人はその什一の十分の一を我らの神の家に携へ上りて府庫の諸室に納むべし
Ɔsɔfo a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifo no ho bere a wɔregyigye ntotoso du du no. Na biribiara a wobegye sɛ ntotoso du du no, Lewifo de mu nkyɛmu du mu baako bɛkɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan no mu, na wɔde akosisi adekoradan no mu.
39 即ちイスラエルの子孫およびレビの子孫は穀物および酒油の擧祭を携さへいたり聖所の器皿および奉事をする祭司門を守る者謳歌者などが在るところの室に之を納むべし我らは我らの神の家を棄じ
Ɛsɛ sɛ ɔmanfo no ne Lewifo no de afɔrebɔde a ɛyɛ atoko, nsa foforo ne ngo no begu adekorade kronkron a ɛbɛn asɔfo a wɔresom no, aponanohwɛfo ne nnwontofo no wɔ Asɔredan no mu. “Enti yɛbɔ mu hyɛ bɔ sɛ yɛrentoto yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ase.”

< ネヘミヤ 記 10 >