< ミカ書 7 >

1 我は禍なるかな 我の景况は夏の菓物を採る時のごとく遺れる葡萄を斂むる時に似たり 食ふべき葡萄あること無く我が心に嗜む初結の無花果あること無し
Mayɛ mmɔbɔ! Mete sɛ aduaba tefoɔ a otwa berɛ akyi mekɔdi mpɛpɛ wɔ bobe turo mu; mennya bobe siaw na madi, borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan a me kɔn dɔ nso, saa ara.
2 善人地に絶ゆ 人の中に直き者なし 皆血を流さんと伏て伺ひ各々網をもてその兄弟を獵る
Moapra Nyamefɛrefoɔ nyinaa afiri asase so. Anka ɔbaako a ɔtene mpo. Nnipa nyinaa tetɛ na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka mogya agu; wɔsunsum wɔn ho wɔn ho mfidie.
3 兩手は惡を善なすに急がし 牧伯は要求め裁判人は賄賂を取り力ある人はその心の惡き望を言あらはし斯共にその惡をあざなひ合す
Nsa mmienu no nyinaa akokwa bɔneyɛ mu; sodifoɔ bisa akyɛdeɛ, ɔtemmufoɔ gye adanmudeɛ, wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ deɛ wɔpɛ, wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumuyɛ ho.
4 彼らの最も善き者も荊棘のごとく最も直き者も刺ある樹の垣より惡し 汝の觀望人の日すなはち汝の刑罰の日いたる 彼らの中に今混亂あらん
Deɛ ɔyɛ wɔ wɔn mu no te sɛ hwerɛmo; deɛ ɔtene pa ara no, nkasɛɛ ban yɛ sene no. Wʼatɛmmuda no aso, ɛda a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ. Yei ne ɛberɛ a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ.
5 汝ら伴侶を信ずる勿れ 朋友を恃むなかれ 汝の懐に寢る者にむかひても汝の口の戸を守れ
Nnye obiara nni; mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu. Mpo ɔbaa a ɔda wo koko mu no to wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho.
6 男子は父を藐視め女子は母の背き媳は姑に背かん 人の敵はその家の者なるべし
Ɔbabarima twiri nʼagya, Ɔbabaa sɔre tia ne maame, asebaa nso tia nʼase na onipa biara atamfoɔ bɛfiri ɔno ankasa ne fiefoɔ mu.
7 我はヱホバを仰ぎ望み我を救ふ神を望み俟つ 我神われに聽たまふべし
Me deɛ, mede anidasoɔ hwɛ Awurade, Metwɛn me Nkwagyeɛ Onyankopɔn; na me Onyankopɔn bɛtie me.
8 我敵人よ我につきて喜ぶなかれ 我仆るれば興あがる 幽暗に居ればヱホバ我の光となりたまふ
Mma wʼani nnye, me ɔtamfoɔ! Mahwe ase deɛ, nanso mɛsɔre. Esum aduru me deɛ, nanso Awurade bɛyɛ me hann.
9 ヱホバわが訴訟を理し我ために審判をおこなひたまふまで我は忍びてその忿怒をかうむらん 其は我これに罪を得たればなり ヱホバつひに我を光明に携へいだし給はん 而して我ヱホバの正義を見ん
Sɛ mayɛ bɔne atia no enti, Awurade abufuo bɛba me so, kɔsi sɛ ɔbɛka mʼasɛm ama me na wada me bembuo adi. Ɔde me bɛba hann no mu; na mɛhunu ne tenenee.
10 わが敵これを見ん 汝の神ヱホバは何處にをるやと我に言る者恥辱をかうむらん 我かれを目に見るべし 彼は街衢の泥のごとくに踏つけらるべし
Afei, mʼatamfoɔ bɛhunu na wɔn ani bɛwu, deɛ ɔsee me sɛ, “Ɛhe na Awurade wo Onyankopɔn no wɔ?” Mʼani bɛhunu nʼahweaseɛ; mpo seesei no, wɔbɛtiatia ne so te sɛ atɛkyɛ a ɛwɔ mmɔntene so.
11 汝の垣を築く日いたらん 其日には法度遠く徙るべし
Ɛda a wɔbɛto wʼafasuo no bɛba, ɛda a wɔbɛtrɛ wʼahyeɛ mu.
12 その日にはアッスリヤよりエジプトの邑々より人々汝に來りエジプトより河まで海より海まで山より山までの人々汝に來り就ん
Ɛda no, nnipa bɛba wo nkyɛn firi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu, mpo wɔbɛfiri Misraim akɔsi Eufrate afiri ɛpo akɔsi ɛpo ne bepɔ so akɔsi bepɔ so.
13 その日地はその居民の故によりて荒はつべし 是その行爲の果報なり
Asase no bɛyɛ amanfo ɛsiane nnipa a wɔtete so ne wɔn nneyɛɛ enti.
14 汝の杖をもて汝の民即ち獨離れてカルメルの中の林にをる汝の產業の羊を牧養ひ之をして古昔の日のごとくバシヤンおよびギレアデにおいて草を食はしめたまへ
Fa wo poma di wo nkurɔfoɔ anim, nnwan a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no, a wɔn nko ara tete kwaeɛ mu wira frɔmfrɔm adidibea hɔ. Ma wɔn nnidi wɔ Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.
15 汝がエジプトの國より出來し日のごとく我ふしぎなる事等を彼にしめさん
“Mɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ wo, sɛdeɛ meyɛɛ nna a wofiri Misraim baeɛ mu no.”
16 國々の民見てその一切の能力を恥ぢその手を口にあてん その耳は聾となるべし
Aman bɛhunu wo na wɔn ani bɛwu, wɔn a tumi nyinaa afiri wɔn nsa no. Wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano na wɔn aso bɛsisi.
17 彼らは蛇のごとくに塵を餂め地に匍ふ者の如くにその城より振ひて出で戰慄て我らの神ヱホバに詣り汝のために懼れん
Wɔbɛdi dɔteɛ sɛ awɔ, ne mmoa a wɔwea fam. Wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn abɔn mu aba; wɔde suro bɛdane wɔn ho ama Awurade yɛn Onyankopɔn, na wɔbɛsuro wo.
18 何の神か汝に如ん 汝は罪を赦しその產業の遺餘者の愆を見過したまふなり 神は憐憫を悦ぶが故にその震怒を永く保ちたまはず
Hwan na ɔte sɛ wo, Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ? Wo a wode agyanom asefoɔ nkaeɛ amumuyɛ kyɛ wɔn. Wʼabofuo nntena hɔ daa na mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi.
19 ふたたび顧みて我らを憐み我らの愆を踏つけ我らの諸の罪を海の底に投しづめたまはん
Wobɛhunu yɛn mmɔbɔ bio, wobɛtiatia yɛn bɔne so, na woato yɛn amumuyɛ agu ɛpo bunu mu.
20 汝古昔の日われらの先祖に誓ひたりし其眞實をヤコブに賜ひ憐憫をアブラハムに賜はん
Wobɛyɛ nokwafoɔ ama Yakob na wahunu Abraham mmɔbɔ sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam teteete no.

< ミカ書 7 >