< マラキ書 1 >

1 これマラキに托てイスラエルに臨めるヱホバの言の重負なり
Nkɔmhyɛ nsɛm a Awurade nam Odiyifoɔ Malaki so de maa Israel.
2 ヱホバ曰たまふ我汝らを愛したり 然るに汝ら云ふ 汝いかに我儕を愛せしやと ヱホバいふエサウはヤコブの兄に非ずや されど我はヤコブを愛し
“Madɔ mo,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Nanso, mobisa sɛ, ‘Wodɔɔ yɛn ɛkwan bɛn so?’” Na Awurade bua sɛ, “Esau nyɛ Yakob nua anaa? Nanso madɔ Yakob,
3 エサウを惡めり 且つわれ彼の山を荒し其嗣業を山犬にあたへたり
na matane Esau, mayɛ nʼasase mmepɔ mmepɔ no bonini, na nʼagyapadeɛ nso madane no anweatam a nnompo te soɔ.”
4 エドムは我儕ほろぼされたれども再び荒たる所を建んといふによりて萬軍のヱホバかく曰たまふ 彼等は建ん されど我これを倒さん 人は彼等を惡境とよび又ヱホバの恒に怒りたまふ人民と稱へん
Ebia Edom bɛka sɛ, “Ɛwom sɛ wɔadwera yɛn deɛ, nanso yɛbɛsane asi mmubuiɛ no bio.” Nanso, yei ne deɛ Asafo Awurade nso seɛ: “Wɔbɛsi nanso mɛbubu no. Wɔbɛfrɛ wɔn, Amumuyɛ Asase, nnipa a Awurade abufuo bɛtena wɔn so daa.
5 汝らこれを目に見て云ん ヱホバはイスラエルの地に大なりと
Mode mo ankasa ani bɛhunu na moaka sɛ, ‘Awurade kɛseyɛ tra Israel ahyeɛ nyinaa so!’
6 子は其父を敬ひ僕はその主を敬ふ されば我もし父たらば我を敬ふこと安にあるや 我もし主たらば我をおそるること安にあるや なんぢら我が名を藐視る祭司よと萬軍のヱホバいひたまふ 然るに汝曹はいふ我儕何に汝の名を藐視りしやと
“Ɔbabarima de obuo ma nʼagya, na ɔsomfoɔ de anidie ma ne wura. Sɛ meyɛ Agya a, anidie a ɛsɛ sɛ wɔde ma me no wɔ he? Sɛ meyɛ Owura a, obuo a ɛfata me no wɔ he?” Yei na Asafo Awurade bisa. Mo asɔfoɔ, mo na mosɛe me din. “Na mobisa sɛ, ‘Ɛkwan bɛn na yɛ nam so sɛee wo din?’
7 汝ら汚れたるパンをわが壇の上に獻げしかして言ふ我儕何に爾を汚せしやと 汝曹ヱホバの臺は卑しきなりと云しがゆゑなり
“Mode aduane a ɛho agu fi bɛgu mʼafɔrebukyia so. “Afei mobisa sɛ ‘Ɛkwan bɛn so na yɛfa guu wo ho fi?’ “Sɛ mokaa sɛ, Awurade ɛpono ho yɛ aniwu enti.
8 汝ら盲目なる者を犠牲に獻ぐるは惡に非ずや 又跛足なるものと病者を獻ぐるは惡に非ずや 今これを汝の方伯に獻げよ されば彼なんぢを悦ぶや 汝を受納るや 萬軍のヱホバこれをいふ
Sɛ mode mmoa a wɔn ani abɔ bɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ mmusuo? Sɛ mode mmoa a wɔyare anaa wɔyɛ mpakye bɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ mmusuo? Ɛyɛ a, momfa akyɛdeɛ a ɛte saa no nkɔma mo amrado, na monhwɛ sɛ, nʼani bɛsɔ na wagye wo ato mu anaa?” Deɛ Asafo Awurade seɛ nie.
9 請ふ汝ら神に我らをあはれみ給はんことをもとめよ これらは凡て汝らの手になれり 彼なんぢらを納んや 萬軍のヱホバこれを言ふ
“Afei mo nsrɛ Onyankopɔn, na ɔnhunu yɛn mmɔbɔ. Sɛ afɔrebɔdeɛ sei firi mo nkyɛn a, ɔbɛgye mo ato mu anaa?” Asafo Awurade na ɔrebisa.
10 汝らがわが壇の上にいたづらに火をたくこと無らんために汝らの中一人扉を閉づる者あらまほし われ汝らを悦ばず 又なんぢらの手より獻物を受じと萬軍のヱホバいひ給ふ
“Anka mepɛ sɛ mo mu baako kɔtoto asɔredan no apono mu, na obi ankɔsɔ ogya a ɛmfata wɔ mʼafɔrebukyia so! Mʼani nsɔ mo, na merennye afɔrebɔdeɛ biara a ɛfiri mo nkyɛn,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
11 日の出る處より沒る處までの列國の中に我名は大ならん 又何處にても香と潔き獻物を我名に獻げん そはわが名列國の中に大なるべければなりと萬軍のヱホバいひ給ふ
“Ɛfiri deɛ owia pue kɔsi deɛ owia kɔtɔ, me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu. Baabiara, wɔde afɔrebɔdeɛ a ɛho teɛ ne nnuhwam bɛbrɛ me, ɛfiri sɛ, me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
12 しかるになんぢら之を褻したり そは爾曹はヱホバの臺は汚れたり また其果すなはちその食物は卑しと云ばなり
“Nanso mode kasa fi ka sɛ Awurade ɛpono ho nte. Na mobu ɛso aduane nso animtia.
13 なんぢらは又如何に煩勞しきことにあらずやといひ且これを藐視たり 萬軍のヱホバこれをいふ 又なんぢらは奪ひし物跛足たる者病る者を携へ來れり 汝らかく獻物を携へ來ればわれ之を汝らの手より受べけんや ヱホバこれをいひ給へり
Na moka sɛ adesoa bɛn nie, na moyi mo ani firi mʼasɛm so,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Sɛ mode mmoa a wɔapirapira, a wɔyɛ mpakye anaa wɔyareyare bɛbɔ afɔdeɛ ma me a, me nsɔ mu anaa?” Yei na Awurade bisa.
14 群の中に牡あるに誓を立てて疵あるものをヱホバに獻ぐる詐僞者は詛はるべし そは我は大なる王また我名は列國に畏れらるべきなればなり 萬軍のヱホバこれをいふ
“Nnome nka osisifoɔ a ɔwɔ odwennini a ɔfata wɔ ne nnwankuo mu, na ɔhyɛ bɔ sɛ ɔde no bɛma nanso ɔde deɛ wadi dɛm na ɛbɔ afɔdeɛ ma Awurade. Meyɛ ɔhempɔn, na ɛsɛ sɛ wɔsuro me din wɔ amanaman mu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

< マラキ書 1 >