< ヨブ 記 40 >

1 ヱホバまたヨブに對へて言たまはく
Afei Awurade buaa Hiob sɛ,
2 非難する者ヱホバと爭はんとするや 神と論ずる者これに答ふべし
“Deɛ ɔne Otumfoɔ no wɔ asɛm no bɛtene ne so anaa? Ma deɛ ɔbɔ Onyankopɔn kwaadu no mmua no ɛ!”
3 ヨブ是においてヱホバに答へて曰く
Na Hiob buaa Awurade sɛ,
4 嗚呼われは賤しき者なり 何となんぢに答へまつらんや 唯手をわが口に當んのみ
“Mensɛ na memfata, ɛbɛyɛ dɛn na matumi anya mmuaeɛ? Mede me nsa memua mʼano.
5 われ已に一度言たり 復いはじ 已に再度せり 重ねて述じ
Makasa baako, nanso menni mmuaeɛ mprenu so, na merenkasa bio.”
6 是に於てヱホバまた大風の中よりヨブに應へて言たまはく
Afei, Awurade firi ahum mu buaa Hiob sɛ,
7 なんぢ腰ひきからげて丈夫のごとくせよ 我なんぢに問ん なんぢ我にこたへよ
“Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima; mɛbisa wo nsɛm, na ɛsɛ sɛ wobua me.
8 なんぢ我審判を廢んとするや 我を非として自身を是とせんとするや
“Wobɛka mʼatemmuo ho asɛm bɔne anaa? Wobɛbu me fɔ de abu wo ho bem?
9 なんぢ神のごとき腕ありや 神のごとき聲をもて轟きわたらんや
Wowɔ abasa te sɛ Onyankopɔn deɛ, na wo nne bɛtumi abobom sɛ ne deɛ?
10 さればなんぢ威光と尊貴とをもて自ら飾り 榮光と華美とをもて身に纒へ
Ɛnneɛ fa animuonyam ne ɔhyerɛn hyehyɛ wo ho, na fira anidie ne kɛseyɛ.
11 なんぢの溢るる震怒を洩し 高ぶる者を視とめて之をことごとく卑くせよ
Hwie wʼabufuhyeɛ mmoroso no gu, hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase,
12 すなはち高ぶる者を見てこれを盡く鞠ませ また惡人を立所に踐つけ
hwɛ ɔhantanni biara na si no fam na tiatia amumuyɛfoɔ so wɔ faako a wɔgyina hɔ.
13 これを塵の中に埋め これが面を隱れたる處に閉こめよ
Sie wɔn nyinaa bɔ mu wɔ mfuturo mu; kata wɔn anim wɔ damena mu.
14 さらば我もなんぢを讚てなんぢの右の手なんぢを救ひ得ると爲ん
Na afei mʼankasa mɛgye atom sɛ wo ara wo basa nifa bɛtumi agye wo nkwa.
15 今なんぢ我がなんぢとともに造りたりし河馬を視よ 是は牛のごとく草を食ふ
“Hwɛ susono, deɛ meyɛɛ no kaa wo ho na ɔwe ɛserɛ te sɛ ɔnantwie.
16 觀よその力は腰にあり その勢力は腹の筋にあり
Hwɛ ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼasene mu ne ahoɔden fufuo a ɛwɔ ne yafunu so wedeɛ mu!
17 その尾の搖く樣は香柏のごとく その腿の筋は彼此に盤互ふ
Ne dua hinhim sɛ ntweneduro; ne srɛ mu ntini yɛ peperee.
18 その骨は銅の管ごとくその肋骨は鐡の棒のごとし
Ne nnompe te sɛ kɔbere mfrafraeɛ nnorobɛn, nʼabasa ne ne nan te sɛ nnadeɛ praban.
19 これは神の工の第一なる者にして之を造りし者これに劍を賦けたり
Ɔdi Onyankopɔn nsa ano adwuma mu kan, nanso ne Yɛfoɔ bɛtumi de akofena akɔ ne so.
20 山もこれがために食物を產出し もろもろの野獸そこに遊ぶ
Nkokoɔ fifiri wɔn nnɔbaeɛ ma no, na wiram mmoa nyinaa goro bɛn hɔ.
21 これは蓮の樹の下に臥し 葦蘆の中または沼の裏に隱れをる
Nkasɛɛ nkasɛɛ nnua ase na ɔda, na atɛkyɛ mu demmire akata no so.
22 蓮の樹その蔭をもてこれを覆ひ また河の柳これを環りかこむ
Nkasɛɛ nkasɛɛ nwunu no hata ne so; na nsunoa nnua atwa ne ho ahyia.
23 たとひ河荒くなるとも驚ろかず ヨルダンその口に注ぎかかるも惶てず
Nsuo nworosoɔ nha no; mpo sɛ Yordan bobɔ ba nʼano a, ɔnni ɔhaw.
24 その目の前にて誰か之を執ふるを得ん 誰か羂をその鼻に貫ぬくを得ん
Obi bɛtumi akye no animono; anaa obi bɛtumi de afidie ayi no na wabɔne ne hwene mu?

< ヨブ 記 40 >