< ヨブ 記 35 >

1 エリフまた答へて曰く
Afei, Elihu kaa sɛ:
2 なんぢは言ふ 我が義しきは神に愈れりと なんぢ之を正しとおもふや
“Wogye di sɛ yei fata? Woka sɛ, ‘Onyankopɔn bɛtwitwa agye me.’
3 すなはち汝いへらく 是は我に何の益あらんや 罪を犯すに較ぶれば何の愈るところか有んと
Nanso wobisa no sɛ, ‘Mfasoɔ bɛn na mɛnya, na sɛ manyɛ bɔne a, mfasoɔ bɛn na mɛnya?’
4 われ言詞をもて汝およびなんぢにそへる汝の友等に答へん
“Mepɛ sɛ mebua wo ne wo nnamfonom nyinaa.
5 天を仰ぎて見よ 汝の上なる高き空を望め
Ma wʼani so kyerɛ ɔsoro na hwɛ; hwɛ omununkum a ɛwɔ wʼatifi ɔsorosoro nohoa.
6 なんぢ罪を犯すとも神に何の害か有ん 愆を熾んにするとも神に何を爲えんや
Sɛ woyɛ bɔne a, ɛkwan bɛn so na ɛsakyera Onyankopɔn? Mpo sɛ wo bɔne dɔɔso a, nsunsuansoɔ bɛn na ɛnya wo ne so?
7 汝正義かるとも神に何を與るを得んや 神なんぢの手より何をか受たまはん
Sɛ wotene a, ɛdeɛn na wode ma noɔ anaasɛ ɛdeɛn na ɔnya firi wo nsam?
8 なんぢの惡は只なんぢに同じき人を損ぜん而已 なんぢの善は只人の子を益せんのみ
Wʼamumuyɛ pira onipa a ɔte sɛ wo na wo tenenee pira nnipa mma nko ara.
9 暴虐の甚だしきに因て叫び 權勢ある者の腕に壓れて呼はる人々あり
“Nnipa su ɛberɛ a wɔwɔ nhyɛsoɔ ase; na wɔsrɛ mmoa firi deɛ ɔwɔ tumi nsam.
10 然れども一人として我を造れる神は何處にいますやといふ者なし 彼は人をして夜の中に歌を歌ふに至らしめ
Nanso, obi mmisa sɛ, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Yɛfoɔ no wɔ, deɛ ɔma nnwom anadwo no,
11 地の獸畜よりも善くわれらを敎へ 空の鳥よりも我らを智からしめたまふ者なり
deɛ ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ bebree sene asase so mmoa na ɔma yɛhunu nyansa sene ewiem nnomaa?’
12 惡き者等の驕傲ぶるに因て斯のごとく人々叫べども應ふる者あらず
Sɛ nnipa su team a, ɔmmua, amumuyɛfoɔ ahantan enti.
13 虚しき語は神かならず之を聽たまはず 全能者これを顧みたまはじ
Ampa ara Onyankopɔn rentie wɔn nkotosrɛ hunu no; na Otumfoɔ remmu.
14 汝は我かれを見たてまつらずと言といへども審判は神の前にあり この故に汝彼を待べきなり
Woka sɛ wonhunu no, nanso sɛ wotwɛn no a, ɔde atɛntenenee bɛba enti ɛsɛ sɛ wotwɛn no.
15 今かれ震怒をもて罰することを爲ず 罪愆を深く心に留たまはざる(が如くなる)に因て
Bio, woka sɛ nʼabufuo mmfa asotweɛ mma na nʼani nni amumuyɛsɛm akyi pii.
16 ヨブ口を啓きて虚しき事を述べ無知の言語を繁くす
Enti Hiob bue nʼano ka nsɛm hunu; nimdeɛ a ɔnni enti, ɔkeka nsɛm bebree.”

< ヨブ 記 35 >