< エレミヤ書 41 >

1 七月ごろ王の血統なるエリシヤマの子ネタニヤの子イシマエル王の十人の牧伯等とともにミヅパにゆきてアヒカムの子ゲダリヤにいたりミヅパにて偕に食をなせしが
Ɔsram a ɛto so ason mu no, Elisama babarima Netania babarima Ismael a ɔyɛ ɔdehye a na anka ɔyɛ ɔhene adwumayɛfo no mu baako no ne mmarima du baa Ahikam babarima Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. Bere a wɔn nyinaa gu so redidi no,
2 ネタニヤの子イシマエルおよび偕にをりし十人の者起上りバビロンの王がこの地の有司となせしシヤパンの子アヒカムの子なるゲダリヤを刀にて殺せり
Netania babarima Ismael ne ne mmarima du no a wɔka ne ho no sɔree na wɔde afoa wɔɔ Ahikam babarima Gedalia, a ɔyɛ Safan nena ne nea Babiloniahene ayi no sɛ amrado wɔ asase no so no kum no.
3 イシマエルまたミヅパにゲダリヤと偕にをりし諸のユダヤ人と彼處にをりしカルデヤ人の兵卒を殺したり
Ismael kum Yudafo a na wɔka Gedalia ho wɔ Mispa ne Babilonia asraafo a na wɔwɔ hɔ no nso.
4 彼がゲダリヤを殺してより二日の後いまだ誰も之を知ざりし時
Ade kyee no, ansa na obiara bɛte Gedalia wu no,
5 ある人八十人その鬚を薙り衣を裂き身に傷つけ手に素祭の物と香を携へてシケム、シロ、サマリヤよりきたりてヱホバの室にいたらんとせしかば
mmarima aduɔwɔtwe a wɔayiyi wɔn abogyesɛ, asunsuane wɔn ntade mu na wɔasesa wɔn honam ani fi Sekem, Silo ne Samaria bae a wɔde aduan afɔrebɔde ne nnuhuam reba Awurade fi.
6 ネタニヤの子イシマエル、ミヅパよりいでて哭きつつ行て彼らを迎へ彼等に逢てアヒカムの子ゲダリヤの許に來れといへり
Netania babarima Ismael de agyaadwo fi Mispa kohyiaa wɔn. Bere a ohyiaa wɔn no ɔkae se, “Mommra Ahikam babarima Gedalia nkyɛn.”
7 而して彼ら邑の中に入しときネタニヤの子イシマエル己と偕にある人々とともに彼らを殺してその屍を阱に投いれたり
Woduu kuropɔn no mu no, Netania babarima Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kum wɔn na wɔtow wɔn afunu guu abura bi mu.
8 但しその中の十人イシマエルにむかひ我らは田地に小麥 麰麥油および蜜を藏し有り我らをころすなかれと言たれば彼らをその兄弟と偕に殺さずして已ぬ
Nanso nnipa no mu du ka kyerɛɛ Ismael se, “Nkum yɛn! Yɛwɔ awi ne atoko, ngo ne ɛwo a yɛde asie wɔ afuw bi mu.” Enti ogyaa wɔn na wankum wɔn nso.
9 イシマエルがゲダリヤの名をもて殺せし人の屍を投入れし阱はアサ王がイスラエルの王バアシヤを怖れて鑿し阱なりネタニヤの子イシマエルその殺せし人々を之に充せり
Abura a Ismael tow nnipa a okunkum wɔn no afunu ne Gedalia guu mu no, na ɛyɛ nea ɔhene Asa tuu sɛ ne ho bammɔ fa bi de tiaa Israelhene Baasa. Netania babarima Ismael de afunu hyɛɛ no ma.
10 イシマエルはミヅパに遺りをる諸の民即ち王の諸女と侍衞の長ネブザラダンがアヒカムの子ゲダリヤに交付しところのミヅパに遺れる諸の民とを擄にせりネタニヤの子イシマエルすなはち彼らを擄にしアンモン人に往んとて去れり
Ismael faa nnipa a na wɔaka wɔ Mispa no nyinaa nnommum; ɔhene mmabea ne wɔn a wɔkaa hɔ no nyinaa, wɔn a Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no ayi Ahikam babarima Gedalia sɛ ɔnhwɛ wɔn so no. Netania babarima Ismael faa wɔn nnommum na osii mu kɔɔ Amonfo nkyɛn.
11 カレヤの子ヨハナンおよび彼と偕に在る軍勢の長たちネタニヤの子イシマエルの爲し諸の惡事を聞ければ
Bere a Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho no nyinaa tee awudisɛm a Netania babarima Ismael adi no,
12 その衆卒を率てネタニヤの子イシマエルと戰はんとて出でギベオンの池の旁にて彼に遇ふ
wɔfaa wɔn asraafo nyinaa sɛ wɔne Netania babarima Ismael rekɔko. Wɔkɔtoo no wɔ ɔtare kɛse bi a ɛwɔ Gibeon ho.
13 イシマエルと偕に在る人々はカレヤの子ヨハナンおよび彼とともに在る軍勢の長たちを見て欣べり
Bere a nnipa a wɔka Ismael ho no nyinaa huu Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho no, wɔn ani gyei.
14 是をもてイシマエルがミヅパより擄へきたりし所の人々身をめぐらしてカレヤの子ヨハナンの許にゆけり
Nnipa a na Ismael afa wɔn nnommum wɔ Mispa no nyinaa dan kɔɔ Karea babarima Yohanan afa.
15 ネタニヤの子イシマエルは八人の者と偕にヨハナンを避け逃てアンモン人に往り
Nanso Netania babarima Ismael ne ne mmarima baawɔtwe, guan fii Yohanan anim kɔɔ Amonfo nkyɛn.
16 カレヤの子ヨハナンおよび彼とともにある軍勢の長等はネタニヤの子イシマエルがアヒカムの子ゲダリヤを殺してミヅパより擄へゆけるところの彼遺れる民すなはち兵卒婦人兒女寺人等を其手より取りかへして之をギベオンより携かへりしが
Afei Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho no dii Mispa nkae a ogyee wɔn fii Netania babarima Ismael nsam bere a okum Ahikam babarima Gedalia no akyi no anim: Ɔde asraafo, mmea, mmofra ne asennii adwumayɛfo, fii Gibeon bae.
17 進てエジプトにいたらんとてベツレヘムの近傍にあるキムハムの住處に往て留れり
Wosii mu sɛ wɔrekɔ Misraim no, wɔsoɛɛ wɔ Gerut Kimham a ɛbɛn Betlehem;
18 こはネタニヤの子イシマエルがバビロンの王の此地の有司となしたるアヒカムの子ゲダリヤを殺せしによりカルデヤ人を懼たればなり
na wɔreguan Babiloniafo no. Na wosuro wɔn, efisɛ na Netania babarima Ismael akum Ahikam babarima Gedalia a Babiloniahene yii no sɛ amrado a ɔhwɛ asase no so no.

< エレミヤ書 41 >