< エレミヤ書 40 >

1 侍衞の長ネブザラダンかのバビロンにとらへ移さるるヱルサレムとユダの人々の中にヱレミヤを鏈につなぎおきてこれを執へゆきけるが遂にこれを放ちてラマを去しめたりその後ヱホバの言ヱレミヤにのぞめり
Ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no gyaee Yeremia wɔ Rama akyi no, asɛm no firi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ. Ɔhunuu sɛ, wɔagu Yeremia nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ nnommumfoɔ a wɔfiri Yerusalem ne Yuda a na wɔde wɔn rekɔ Babilonia no mu.
2 茲に侍衞の長ヱレミヤを召てこれにいひけるは汝の神ヱホバ此處にこの災あらんことを言り
Brɛ a ɔsahene a ɔtua awɛmfoɔ no ano no hunuu Yeremia no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔhyɛɛ saa amanehunu yi maa beaeɛ yi.
3 ヱホバこれを降しその云し如く行へり汝らヱホバに罪を犯しその聲に聽したがはざりしによりてこの事汝らに來りしなり
Na afei, Awurade ama aba mu. Wayɛ sɛdeɛ ɔkaa sɛ ɔbɛyɛ no. Yeinom nyinaa baa mu, ɛfiri sɛ, mo saa nnipa yi yɛɛ bɔne tiaa Awurade na moanyɛ ɔsetie amma no.
4 視よ我今日汝の手の鏈を解て汝を放つ汝もし我とともにバビロンにゆくことを善とせば來れわれ汝を善くあしらはん汝もし我と偕にバビロンにゆくを惡とせば留れ視よこの地は皆汝の前に在り汝の善とする所汝の心に合ふところに往べし
Nanso, ɛnnɛ mereyi wo afiri nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu wo nsa no mu. Sɛ wopɛ a, ma yɛnkɔ Babilonia na mɛhwɛ wo so, nanso sɛ wompɛ deɛ a ɛmma. Hwɛ ɔman no nyinaa na ɛda wʼanim no, kɔ baabiara a wopɛ.”
5 ヱレミヤいまだ答へざるに彼またいひけるは汝バビロンの王がユダの諸邑の上にたてて有司となせしシヤパンの子アヒカムの子なるゲダリヤの許に歸り彼とともに民の中に居れ或は汝の善とおもふところにゆくべしと侍衞の長彼に食糧と禮物をとらせて去しめたり
Na ansa na Yeremia bɛdane ne ho akɔ no, Nebusaradan ka kaa ho sɛ, “Sane kɔ Ahikam babarima Gedalia a, ɔyɛ Safan nana, a Babiloniahene apa no sɛ ɔnhwɛ Yuda nkuro so no nkyɛn na wo ne no nkɔtena wɔ nnipa no mu, anaasɛ kɔ baabi foforɔ biara a wopɛ.” Na ɔsahene no maa Yeremia aduane ne akyɛdeɛ, na ɔmaa no kɔeɛ.
6 ヱレミヤすなはちミヅパに往きてアヒカムの子ゲダリヤに詣りその地に遺れる民のうちに彼と偕にをる
Enti, Yeremia kɔɔ Ahikam babarima Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na ɔne no tenaa nnipa a wɔkaa wɔ asase no so no mu.
7 茲に田舍にある軍勢の長等および彼らに屬する人々バビロンの王がアヒカムの子ゲダリヤを立てこの地の有司となし男女嬰孩および國の中のバビロンに移されざる貧者を彼にあづけたることをききしかば
Ɛberɛ a asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne wɔn mmarima a wɔda so wɔ wiram no tee sɛ, Babiloniahene ayɛ Ahikam babarima Gedalia amrado wɔ asase no so, na ɔde mmarima, mmaa ne mmɔfra a wɔyɛ ahiafoɔ wɔ asase no so, na wɔamfa wɔn ankɔ nnommumfa mu wɔ Babilonia ahyɛ ne nsa no,
8 即ちネタニヤの子イシマエルとカレヤの子ヨハナンとヨナタンおよびタンホメテの子セラヤとネトパ人なるエパイの諸子と或マアカ人の子ヤザニヤおよび彼らに屬する人々ミヅパにゆきてゲダリヤの許にいたる
wɔbaa Gedalia hɔ wɔ Mispa: Netania babarima Ismael, Karea mmammarima Yohanan ne Yonatan, Tanhumet babarima Seraia, Efai a ɔfiri Netofa mmammarima, Yesania a, ɔyɛ Maakani babarima ne wɔn mmarima.
9 シヤパンの子アヒカムの子なるゲダリヤ彼らと彼らに屬する人々に誓ひていひけるは汝らカルデヤ人に事ることを怖るる勿れこの地に住てバビロンの王に事へなば汝ら幸幅ならん
Na Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nana no kaa ntam de hyɛɛ wɔn ne wɔn mmarima den sɛ, “Monnsuro sɛ mobɛsom Babiloniafoɔ. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ɛbɛsi mo yie.
10 我はミヅパに居り我らに來らんところのカルデヤ人に事へん汝らは葡萄酒と菓物と油とをあつめて之を器に蓄へ汝らが獲るところの諸邑に住めと
Me deɛ, mɛtena Mispa, na masi mo anan mu wɔ Babiloniafoɔ a wɔbɛba abɛhyia yɛn no mu, na mo deɛ, monkɔ boaboa nsã, ahuhuro berɛ mu nnuaba ne ngo ano ngu adekora nkuruwa mu wɔ twaberɛ mu, na montenatena nkuro a moafa no so.”
11 又モアブとアンモン人の中およびエドムと諸の邦にをるところのユダヤ人はバビロンの王がユダに人を遺したるシヤパンの子アヒカムの子なるゲダリヤを立てこれが有司となしたることを聞り
Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ Moab, Amon, Edom ne aman ahodoɔ a aka no, tee sɛ Babiloniahene agya nkaeɛfoɔ bi wɔ Yuda na wayi Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nana sɛ amrado wɔ wɔn so no,
12 是においてそのユダヤ人皆その追やられし諸の處よりかへりてユダの地のミヅパに來りゲダリヤに詣れり而して多くの葡萄酒と菓物をあつむ
wɔn nyinaa sane baa Yuda asase so firi aman a wɔbɔɔ wɔn peteeɛ no so, kɔɔ Gedalia hɔ wɔ Mispa. Na wɔboaboaa nsã ne ahuhuro nnuaba bebree ano wɔ twaberɛ mu.
13 又カレヤの子ヨハナンおよび田舍にをりし軍勢の長たちミヅパにきたりてゲダリヤの許にいたり
Na Karea babarima Yohanan ne akodɔm ntuanofoɔ a wɔda so wɔ wiram no baa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa
14 彼にいひけるは汝アンモン人の王バアリスが汝を殺さんとてネタニヤの子イシマエルを遣せしを知るやと然どアヒカムの子ゲダリヤこれを信ぜざりしかば
na wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wonnim sɛ, Amonhene Baalis asoma Netania babarima Ismael sɛ, ɔmmɛkum wo anaa?” Nanso, Ahikam babarima Gedalia annye wɔn anni.
15 カレヤの子ヨハナン、ミヅパにて密にゲダリヤに語りて言けるは請ふわれゆきて人知ずにネタニヤの子イシマエルを殺さんいかで彼汝を殺し汝に集れるユダ人を散しユダの遺れる者を滅すべけんやと
Na Karea babarima Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia wɔ kɔkoam wɔ Mispa sɛ, “Ma menkɔkum Netania babarima Ismael, na obiara rente. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔkum wo na ɔma Yudafoɔ a wɔatwa wo ho ahyia no bɔ hwete, na Yudafoɔ nkaeɛfoɔ no yera?”
16 然るにアヒカムの子ゲダリヤ、カレヤの子ヨハナンにいひけるは汝この事をなすべからず汝イシマエルにつきて僞をいふなり
Nanso, Ahikam babarima Gedalia ka kyerɛɛ Karea babarima Yohanan sɛ, “Ɛnyɛ saa adeɛ yi! Deɛ woka fa Ismael ho no nyɛ nokorɛ.”

< エレミヤ書 40 >