< エレミヤ書 17 >

1 ユダの罪は鐵の筆金剛石の尖をもてしるされその心の碑と汝らの祭壇の角に鐫らるるなり
“Wɔde dadeɛ twerɛdua akrukyire Yuda bɔne, dadeɛ twerɛdua a ano te sɛ twerɛboɔ, wɔ wɔn akoma apono so ne wɔn afɔrebukyia mmɛn so.
2 彼らはその子女をおもふが如くに靑木の下と高岡のうへなるその祭壇とアシラをおもふ
Mpo, wɔn mma kae wɔn afɔrebukyia ne Asera afɔrebukyia a ɛwɔ nnua a adendan no nkyɛn ne nkokoɔ atentene no so.
3 われ野に在る我山と汝の資產と汝のもろもろの財產および汝の四方の境の内なる汝の罪を犯せる崇邱を擄掠物とならしめん
Me mmepɔ a ɛwɔ asase no so ne mo ahonyadeɛ ne mo akoradeɛ nyinaa, mede bɛma sɛ afodeɛ, ɛne mo sorɔnsorɔmmea nso, ɛsiane mo ɔman no so bɔne enti.
4 わが汝にあたへし產業より汝手をはなさん又われ汝をして汝の識ざる地に於て汝の敵につかへしめんそは汝ら我をいからせて限なく燃る火を發したればなり
Mo ankasa mfomsoɔ enti, mobɛhwere agyapadeɛ a mede maa mo no. Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔ wɔ asase a monnim soɔ so, ɛfiri sɛ moahwanyane mʼabufuo, na ɛbɛtena hɔ daa.”
5 ヱホバかくいひたまふおほよそ人を恃み肉をその臂とし心にヱホバを離るる人は詛るべし
Sei na Awurade seɛ, “Nnome nka deɛ ɔde ne ho to onipa so, deɛ ɔde ne ho to ɔhonam so pɛ nʼahoɔden na nʼakoma dane firi Awurade ho.
6 彼は荒野に棄られたる者のごとくならん彼は善事のきたるをみず荒野の燥きたる處鹽あるところ人の住ざる地に居らん
Ɔbɛyɛ sɛ wira a ɛwɔ nsase tamaa so; sɛ yiedie ba a, ɔrenhunu, ɔbɛtena anweatam a awoɔ so, ne nkyene asase a obi nte soɔ so.
7 おほよそヱホバをたのみヱホバを其恃とする人は福なり
“Nhyira nka onipa a ɔde ne ho to Awurade so, na nʼanidasoɔ wɔ ne mu.
8 彼は水の旁に植たる樹の如くならん其根を河にのべ炎熱きたるも恐るるところなしその葉は靑く亢旱の年にも憂へずして絕ず果を結ぶべし
Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no nsuo ho na ne nhini tene kɔ nsuo no mu. Sɛ ahuhuro ba a, ɔnsuro; ne nhahan yɛ frɔmm mmerɛ nyinaa. Ɔnni ɔhaw biara wɔ afe a osuo ntɔ mu na ɛkɔ so so aba daa.”
9 心は萬物よりも僞る者にして甚だ惡し誰かこれを知るをえんや
Akoma yɛ nnaadaa sen adeɛ nyinaa na ano nni aduro. Hwan na ɔbɛte nʼase?
10 われヱホバは心腹を察り腎腸を試みおのおのに其途に順ひその行爲の果によりて報ゆべし
“Me Awurade, mepɛɛpɛɛ akoma mu na mehwehwɛ adwene mu, gyina so de tua onipa ka sɛdeɛ nʼabrabɔ teɛ.”
11 鷓鴣のおのれの生ざる卵をいだくが如く不義をもて財を獲る者あり其人は命の半にてこれに離れその終に愚なる者とならん
Sɛdeɛ akokɔhwedeɛ a ɔhwane nkosua a ɛnyɛ ɔno na ɔtoeɛ no, saa ara na onipa a ɔnya sika a ɔmfa ɛkwan pa so teɛ. Sɛ wɔbu ne nkwa nna mu mmienu a wɔbɛgya no mu, na awieeɛ no, ne kwasea bɛda adi.
12 榮の位よ原始より高き者わが聖所たる者
Animuonyam ahennwa a ɛsi kronkronbea hɔ no firi ahyɛaseɛ no, ɛhɔ na yɛsom.
13 イスラエルの望なるヱホバよ凡て汝を離るる者は辱められん我を棄る者は土に錄されん此はいける水の源なるヱホバを離るるによる
Ao, Awurade, Israel anidasoɔ, wɔn a wɔpa wʼakyi nyinaa ani bɛwu. Wɔn a wɔtwe wɔn ho firi wo ho no, wɔbɛsie wɔn ɛfiri sɛ wɔagya Awurade a ɔyɛ nkwa asutire.
14 ヱホバよ我を醫し給へ然らばわれ愈んわれを救ひたまへさらば我救はれん汝はわが頌るものなり
Sa me yadeɛ Ao, Awurade, na me ho bɛtɔ me; gye me na mɛnya nkwa, na wo ne ɔbaako a mekamfo wo.
15 彼ら我にいふヱホバの言は何にあるやいま之をのぞましめよと
Wɔbisa me daa sɛ, “Ɛhe na Awurade asɛm no wɔ? Ma ɛmmra mu seesei!”
16 われ牧者の職を退かずして汝にしたがひ又禍の日を願はざりき汝これを知りたまふ我唇よりいづる者は汝の面の前にあり
Mennwane mfirii mʼadwuma sɛ wo dwanhwɛfoɔ; wonim sɛ mempɛɛ abasamutuo da. Deɛ ɛfiri mʼanom yɛ pefee wɔ wʼanim.
17 汝我を懼れしむる者となり給ふ勿れ禍の時に汝は我避場なり
Nhunahuna me; wo ne me dwanekɔbea wɔ amanehunu da.
18 我を攻る者を辱しめ給へ我を辱しむるなかれ彼らを怖れしめよ我を怖れしめ給ふなかれ禍の日を彼らに來らしめ滅亡を倍して之を滅し給へ
Ma wɔn a wɔtaa me anim nguase, na yi me firi ahohora mu. Ma wɔn mmɔ hu, nanso mma me bo ntu. Ma amanehunu da no mmra wɔn so; fa ɔhawprenu sɛe wɔn.
19 ヱホバ我にかくいひ給へり汝ゆきてユダの王等の出入する民の門及びヱルサレムの諸の門に立て
Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ me, “Kɔ na kɔgyina nnipa no ɛpono a Yuda ahemfo di hɔ ahyɛnfirie no; kɔgyina Yerusalem apono a aka no nso ano.
20 彼らにいへ此門より入る所のユダの王等とユダのすべての民とヱルサレムに住るすべての者よ汝らヱホバの言をきけ
Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montie Awurade asɛm, Ao Yuda ahemfo ne Yudafoɔ nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem a wɔfa saa apono yi mu.
21 ヱホバかくいひたまふ汝ら自ら愼め安息日に荷をたづさへてヱルサレムの門にいる勿れ
Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monhwɛ yie na moansoa nnesoa Homeda anaa moamfa amfa Yerusalem apono mu.
22 また安息日に汝らの家より荷を出す勿れ諸の工作をなす勿れ我汝らの先祖に命ぜしごとく安息日を聖くせよ
Monnsoa adesoa mfiri mo afie mu na monnyɛ adwuma biara Homeda, na mmom monyɛ Homeda no kronkron, sɛdeɛ mehyɛɛ mo agyanom no.
23 されど彼らは遵はず耳を傾けずまたその項を強くして聽ず訓をうけざるなり
Nanso wɔantie na wɔammu; wɔyɛɛ asoɔden, wɔantie na wɔampɛ ntenesoɔ.
24 ヱホバいひ給ふ汝らもし謹愼て我にきき安息日に荷をたづさへてこの邑の門にいらず安息日を聖くなして諸の工作をなさずば
Nanso sɛ mohwɛ yie na moyɛ ɔsetie ma me a, na moamfa nnesoa amfa saa kuropɔn yi apono mu Homeda, na sɛ moyɛ Homeda no kronkron a monnyɛ adwuma biara a,
25 ダビデの位に坐する王等牧伯たちユダの民ヱルサレムに住る者車と馬に乗てこの邑の門よりいることをえんまた此邑には限なく人すまはん
ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ bɛfa saa apono yi mu. Wɔn nyinaa bɛba a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, a Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem ka ho, na nnipa bɛtena kuropɔn yi mu daa nyinaa.
26 また人々ユダの邑とヱルサレムの四周およびベニヤミンの地と平地と山と南の方よりきたり燔祭 犠牲 素祭 馨香 謝祭を携へてヱホバの室にいらん
Nnipa bɛfiri Yuda nkuro ne nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia no aba. Wɔbɛfiri Benyamin asase ne atɔeɛ fam nkokoɔ so. Wɔbɛfiri mmepɔ mantam ne Negeb aba a wɔde ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ, aduane afɔrebɔdeɛ, nnuhwam ne aseda afɔrebɔdeɛ reba Awurade efie.
27 されど汝らもし我に聽ずして安息日を聖くせず安息日に荷をたづさへてヱルサレムの門にいらばわれ火をその門の内に燃してヱルサレムの殿舍を燬んその火は滅ざるべし
Nanso, sɛ moanyɛ ɔsetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apono mu Homeda a, ɛnneɛ mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apono mu na abɛhye nʼaban hodoɔ’, sei na Awurade seɛ.”

< エレミヤ書 17 >