< イザヤ書 6 >

1 ウジヤ王のしにたる年われ高くあがれる御座にヱホバの坐し給ふを見しにその衣裾は殿にみちたり
Afe a ɔhene Usia wuiɛ mu no, mehunuu Awurade sɛ ɔte ahennwa a, ɛkorɔn na wapagya so na nʼatadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie hɔ ma.
2 セラピムその上にたつ おのおの六の翼あり その二をもて面をおほひ その二をもて足をおほひ 其二をもて飛翔り
Na serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban nsia wɔ nʼAtifi. Wɔde ntaban no mmienu kata wɔn anim, na wɔde mmienu nso kata wɔn nan ho ɛnna wɔde mmienu nso tu.
3 たがひに呼いひけるは聖なるかな聖なるかな聖なるかな萬軍のヱホバ その榮光は全地にみつ
Na obiara team kyerɛ ne yɔnko sɛ, “Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo Awurade; Nʼanimuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!”
4 斯よばはる者の聲によりて閾のもとゐ搖うごき家のうちに煙みちたり
Wɔn nne nnyegyeeɛ maa apono ne aboboano wosooɛ, na wisie yɛɛ asɔrefie hɔ ma.
5 このとき我いへり 禍ひなるかな我ほろびなん 我はけがれたる唇の民のなかにすみて穢たるくちびるの者なるに わが眼ばんぐんのヱホバにまします王を見まつればなりと
Meteam kaa sɛ, “Me nnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho nteɛ, na mete nnipa a wɔn ano ho nteɛ mu, Ɔhene, Otumfoɔ Awurade na mʼani ahunu no yi.”
6 爰にかのセラピムのひとり鉗をもて壇の上よりとりたる熱炭を手にたづさへて我にとびきたり
Na serafim no mu baako a ɔkura gyasramma, a ɔde daban kɔfa firii afɔrebukyia no so tu baa me nkyɛn.
7 わが口に觸ていひけるは 視よこの火なんぢの唇にふれたれば旣になんぢの惡はのぞかれ なんぢの罪はきよめられたりと
Ɔde yei kaa mʼano kaa sɛ, “Hwɛ, yei aka wʼanofafa, wɔayi wʼafɔdie na wɔatua wo bɔne so ka.”
8 我またヱホバの聲をきく曰く われ誰をつかはさん誰かわれらのために往べきかと そのとき我いひけるはわれ此にあり我をつかはしたまへ
Afei, metee Awurade nne a ɛrebisa sɛ, “Hwan na mensoma no? Na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn?” Na mekaa sɛ, “Me nie. Soma me!”
9 ヱホバいひたまはく往てこの民にかくのごとく告よ なんぢら聞てきけよ然どさとらざるべし 見てみよ然どしらざるべしと
Na ɔkaa sɛ, “Kɔka kyerɛ saa nkurɔfoɔ yi sɛ, “‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ; Ɔhwɛ deɛ mobɛhwɛ, nanso morenhunu.’
10 なんぢこの民のこころを鈍くしその耳をものうくし その眼をおほへ 恐らくは彼らその眼にて見その耳にてきき その心にてさとり翻へりて醫さるることあらん
Ɛfiri sɛ mo, moapirim mo akoma; moasi mo aso, akatakata mo ani. Ɛnyɛ saa a, anka mo ani bɛhunu adeɛ, na mo akoma ate asɛm ase, na moanu mo ho asane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ.”
11 ここに我いひけるは 主よいつまで如此あらんか 主こたへたまはく 邑はあれすたれて住むものなく 家に人なく 邦ことごとく荒土となり
Na mekaa sɛ, “Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade?” Na ɔbuaa sɛ, “Ɛnkɔsi sɛ nkuropɔn no bɛyɛ nkurofon a nnipa ntete soɔ, ɛnkɔsi sɛ afie no bɛyɛ afituo na mfuo no asɛe ayɛ pasaa,
12 人々ヱホバに遠方までうつされ 廢りたるところ國中におほくならん時まで 如此あるべし
ɛnkɔsi sɛ, Awurade bɛpamo obiara akɔ akyirikyiri na asase no ada mpan.
13 そのなかに十分の一のこる者あれども此もまた呑つくされん されど聖裔のこりてこの地の根となるべし彼のテレビントまたは橿樹がきらるることありともその根ののこるがごとし
Mpo, sɛ nkyɛmu edu mu baako ka asase no so a, wɔbɛsɛe no bio. Nso sɛdeɛ dupɔn anaa odum gya dunsini ɛberɛ a wɔatwa ato fam no, saa ara na aba kronkron no bɛyɛ dunsini wɔ asase no so.”

< イザヤ書 6 >