< イザヤ書 57 >

1 義者ほろぶれども心にとむる人なく 愛しみ深き人々とりさらるれども義きものの禍害のまへより取去るるなるを悟るものなし
Ateneneefoɔ wu, na obiara nnwene ho wɔ nʼakoma mu; wɔfa Nyamesurofoɔ kɔ, na obiara nte aseɛ sɛ wɔfa teneneefoɔ kɔ sɛdeɛ wɔbɛyi wɔn afiri bɔne mu.
2 かれは平安にいり 直きをおこなふ者はその寐床にやすめり
Wɔn a wɔnante tee no wɔhyɛne asomdwoeɛ mu; wɔnya ahomegyeɛ ɛberɛ a wɔadeda sɛ awufoɔ.
3 なんぢら巫女の子 淫人また妓女の裔よ 近ききたれ
“Nanso, mo, mommra ha, mo ɔbayifoɔ mmammarima, mo awaresɛefoɔ ne mmaa adwamanfoɔ mma!
4 なんぢら誰にむかひて戯れをなすや 誰にむかひて口をひらき舌をのばすや なんぢらは悖逆の子輩いつはりの黨類にあらずや
Hwan na moresere no? Hwan na moredi ne ho fɛ na morebɔ no adapaa yi? Monnyɛ atuatefoɔ fekuo ne atorofoɔ asefoɔ anaa?
5 なんぢらは橿樹のあひだ緑りなる木々のしたに心をこがし 谷のなか岩の狹間に子をころせり
Mode ɔpɛ mmorosoɔ bɔ afɔdeɛ wɔ adum mu ne dua biara ase; mode mo mma bɔ afɔdeɛ wɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu ne abotan mpaapaeɛ ase.
6 なんぢは谷のなかの滑かなる石をうくべき嗣業とし これをなんぢが所有とす なんぢ亦これに灌祭をなし之にそなへものを献げたり われ之によりていかで心をなだむべしや
Anyame a wɔyɛ aboɔ tromtrom, a ɛwɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu no, wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ. Aane, moahwie nsã afɔrebɔdeɛ agu wɔn so na mode aduane afɔrebɔdeɛ ama wɔn. Yeinom nyinaa akyi, mengo me nsam anaa?
7 なんぢは高くそびえたる山の上になんぢの床をまうけ かつ其處にのぼりゆきて犠牲をささげたり
Moasiesie mo daberɛ wɔ kokoɔ a ɛkorɔn so; ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔdeɛ.
8 また戸および柱のうしろに汝の記念をおけり なんぢ我をはなれて他人に身をあらはし 登りゆきてその床をひろくし かれらと誓をなし 又かれらの床を愛し これがためにその所をえらびたり
Mo apono ne aponnwa akyi na mo de mo abosonsom nsɛsodeɛ asisi. Mofirii mʼakyi kɔyii mo mpa so ntoma, mokɔdaa so na motrɛɛ mu; mo ne wɔn a modɔ wɔn mpa yɛɛ apam, na mohwɛɛ wɔn adagya mu.
9 なんぢ香膏とおほくの薫物とをたづさへて王にゆき 又なんぢの使者をとほきにつかはし陰府にまで己をひくくせり (Sheol h7585)
Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛn na momaa mo nnuhwam dɔɔso. Mosomaa mo ananmusifoɔ kɔɔ akyirikyiri; mo siane kɔɔ ɛda mu ankasa! (Sheol h7585)
10 なんぢ途のながきに疲れたれどなほ望なしといはず なんぢ力をいきかへされしによりて衰弱ざりき
Mo nneyɛɛ maa mo brɛeɛ, nanso moanka da sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ.’ Monyaa akɔnnɔ ahoɔden foforɔ, enti mokɔɔ so ara yɛɛ deɛ mopɛ.
11 なんぢ誰をおそれ誰のゆゑに慴きていつはりをいひ 我をおもはず亦そのことを心におかざりしや われ久しく默したれど汝かへりて我をおそれざりしにあらずや
“Hwan na wama mo akoma atu na wabɔ mo hu sei a enti moanni me nokorɛ, na moankae me anaa moannwene yei ho wɔ mo akoma mu? Mayɛ dinn akyɛre no enti na monnsuro me anaa?
12 我なんぢの義をつげしめさん なんぢの作はなんぢに益せじ
Mɛda mo tenenee ne mo nnwuma adi, na ɛho remma mo mfasoɔ.
13 なんぢ呼るときその集めおきたるもの汝をすくへ 風はかれらを悉くあげさり 息はかれらを吹さらん 然どわれに依賴むものは地をつぎわが聖山をうべし
Sɛ moteam pɛ mmoa a, momma mo ahoni a moaboa ano no nnye mo! Mframa bɛbɔ wɔn nyinaa akɔ, ahome kɛkɛ bɛhwete wɔn. Nanso onipa a ɔde me yɛ ne dwanekɔbea no bɛdi asase no so na wafa me bepɔ kronkron no.”
14 また人いはん 土をもり土をもりて途をそなへよ わが民のみちより躓礙をとりされと
Na wɔbɛka sɛ: “Monyɛ, monyɛ. Monsiesie ɛkwan no! Monyiyi akwansideɛ mfiri me nkurɔfoɔ akwan mu.”
15 至高く至上なる永遠にすめるもの聖者となづくるもの如此いひ給ふ 我はたかき所きよき所にすみ 亦こころ碎けてへりくだる者とともにすみ 謙だるものの靈をいかし碎けたるものの心をいかす
Na yei ne deɛ ɔkorɔn no, deɛ ɔte ase daa a ne din yɛ kronkron no seɛ: “Mete beaeɛ a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron, me ne deɛ ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te, sɛ mɛkanyane honhom mu hiani no honhom, na makanyane nʼakoma a abubu no.
16 われ限なくは爭はじ我たえずは怒らじ 然らずば人のこころ我がまへにおとろへん わが造りたる靈はみな然らん
Meremmɔ soboɔ afebɔɔ, na mebo remfu daa, sɛ anyɛ saa a, onipa honhom bɛtɔ piti wɔ mʼanim, onipa ahome a me na mabɔ.
17 彼のむさぼりの罪により我いかりて之をうちまた面をおほひて怒りたり 然るになほ悖りて己がこころの途にゆけり
Wɔn nnebɔne adufudepɛ maa me bo fuiɛ; metwee wɔn aso, na mede abufuo yii mʼani, nso wɔkɔɔ so yɛɛ deɛ wɔn akoma pɛ.
18 されど我その途をみたり 我かれを愈すべし 又かれを導きてふたたび安慰をかれとその中のかなしめる者とにかへすべし
Mahunu wɔn nneyɛɛ, nanso mɛsa wɔn yadeɛ. Mɛkyerɛ wɔn kwan na makyekye wɔn werɛ,
19 我くちびるの果をつくれり 遠きものにも近きものにも平安あれ平安あれ 我かれをいやさん 此はヱホバのみことばなり
na mama ayɛyie aba wɔn a wɔredi awerɛhoɔ wɔ Israel ano. Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ, mmra wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn so,” sei na Awurade seɛ. “Na mɛsa wɔn yadeɛ.”
20 然はあれど惡者はなみだつ海のごとし 靜かなること能はずしてその水つねに濁と泥とをいだせり
Na amumuyɛfoɔ te sɛ ɛpo a ɛrehuru, ɛntumi nyɛ komm, nʼasorɔkye yiyi atɛkyɛ ne efi.
21 わが神いひたまはく惡きものには平安あることなしと
“Amumuyɛfoɔ nni asomdwoeɛ.” Sei na me Onyankopɔn seɛ.

< イザヤ書 57 >