< イザヤ書 43 >

1 ヤコブよなんぢを創造せるヱホバいま如此いひ給ふ イスラエルよ汝をつくれるもの今かく言給ふ おそるるなかれ我なんぢを贖へり 我なんぢの名をよべり汝はわが有なり
Na afei, sei na Awurade seɛ, deɛ ɔbɔɔ woɔ, Ao Yakob deɛ ɔnwonoo woɔ, Ao Israel; “Nsuro na magye wo; mabɔ wo din afrɛ wo; woyɛ me dea.
2 なんぢ水中をすぐるときは我ともにあらん河のなかを過るときは水なんぢの上にあふれじ なんぢ火中をゆくとき焚るることなく火焰もまた燃つかじ
Sɛ wofa nsuo mu a, mɛka wo ho; na sɛ wotwa nsubɔntene no a, ɛremmu mfa wo so. Sɛ wonante ogya no mu a, worenhye; ogyaframa no renhye wo.
3 我はヱホバなんぢの神イスラエルの聖者 なんぢの救主なり われエジプトを予えてなんぢの贖代となし エテオピアとセバとをなんぢに代ふ
Na mene Awurade, wo Onyankopɔn, Israel Kronkronni, wo Agyenkwa. Mede Misraim yɛ mpata ma wo na mede Kus ne Seba si wʼananmu mu.
4 われ看てなんぢを寶とし尊きものとして亦なんぢを愛す この故にわれ人をもてなんぢにかへ 民をなんぢの命にかへん
Sɛ wo som bo ma me na wowɔ animuonyam wɔ mʼanim na medɔ wo enti, mede nnipa bɛsesa wo, na mede nkurɔfoɔ asesa wo nkwa.
5 懼るるなかれ我なんぢとともにあり 我なんぢの裔を東よりきたらせ西より汝をあつむべし
Nsuro, ɛfiri sɛ, meka mo ho; mede wo mma bɛfiri apueeɛ fam aba na maboa wɔn ano afiri atɔeɛ fam.
6 われ北にむかひて釋せといひ南にむかひて留るなかれといはん わが子輩を遠きよりきたらせ わが女らを地の極よりきたらせよ
Mɛka akyerɛ atifi fam sɛ, ‘Monnyaa wɔn!’ ne anafoɔ fam sɛ, ‘Monnye wɔn ntena ha.’ Momfa me mmammarima mfiri akyirikyiri mmra na me mmammaa mfiri asase ano mmra,
7 すべてわが名をもて稱へらるる者をきたらせよ 我かれらをわが榮光のために創造せり われ曩にこれを造りかつ成をはれり
obiara a me din da no so, deɛ mebɔɔ no de hyɛɛ me ho animuonyam, deɛ menwenee no na meyɛɛ no.”
8 目あれども瞽者のごとく耳あれど聾者のごとき民をたづさへ出よ
Momfa wɔn a wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ wɔn a wɔwɔ aso nanso asisi no mmra.
9 國々はみな相集ひもろもろの民はあつまるべし 彼等のうち誰かいやさきに成るべきことをつげ之をわれらに聞することを得んや その證人をいだして己の是なるをあらはすべし 彼等ききて此はまことなりといはん
Aman no nyinaa boa wɔn ho ano na nnipa no hyia mu. Wɔn mu hwan na ɔkaa yei firii ahyɛaseɛ na ɔpaee mu kaa nneɛma a atwam no kyerɛɛ yɛn? Ma wɔmmfa wɔn adansefoɔ mmra mmɛdi adanseɛ sɛ wɔdi bem, sɛdeɛ afoforɔ bɛte na wɔaka sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ.”
10 ヱホバ宣給くなんぢらはわが證人わがえらみし僕なり 然ばなんぢら知てわれを信じわが主なるをさとりうべし 我よりまへにつくられし神なく我よりのちにもあることなからん
“Mone mʼadansefoɔ, ne me ɔsomfoɔ a mapa no,” sei na Awurade seɛ, “sɛdeɛ mobɛhunu na moagye me adie na moate aseɛ sɛ me ne no. Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim, na mʼakyi nso obiara remma.
11 ただ我のみ我はヱホバなり われの外にすくふ者あることなし
Me, Me ara, Mene Awurade, na agyenkwa biara nni hɔ sɛ me.
12 われ前につげまた救をほどこし また此事をきかせたり 汝等のうちには他神なかりき なんぢらはわが證人なり 我は神なり これヱホバ宣給るなり
Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka sɛ, Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu. Mone mʼadansefoɔ,” Awurade na ɔseɛ sɛ, “Mene Onyankopɔn.
13 今よりわれは主なりわが手より救ひいだし得るものなし われ行はば誰かとどむることを得んや
Aane, na ɛfiri teteete no mene no. Obiara rentumi nye mfiri me nsa mu sɛ meyɛ biribi a, hwan na ɔbɛtumi adane no?”
14 なんぢらを贖ふものイスラエルの聖者ヱホバかく言たまふ なんぢらの爲にわれ人をバビロンにつかはし彼處にあるカルデヤ人をことごとく下らせ その宴樂の船にのりてのがれしむ
Sei na Awurade seɛ, wʼAgyenkwa, Israel Kronkronni no: “Mo enti, mɛsoma akɔ Babilonia, na mede Babiloniafoɔ nyinaa bɛba sɛ adwanefoɔ, wɔ ahyɛn a wɔde hoahoa wɔn ho no mu.
15 われはヱホバなんぢらの聖者イスラエルを創造せしもの又なんぢらの王なり
Mene Awurade, wo Kronkronni no, Israel Yɛfoɔ, wo Ɔhene.”
16 ヱホバは海のなかに大路をまうけ大なる水のなかに徑をつくり
Yei na Awurade seɛ, deɛ ɔbɔɔ ɛkwan wɔ ɛpo mu, ɛkwan a ɛda nsubunu mu,
17 戰車および馬 軍兵 武士をいできたらせ ことごとく仆れて起ることあたはず 皆ほろびて燈火のきえうするが如くならしめ給へり
deɛ ɔtwee nteaseɛnam ne apɔnkɔ, akodɔm ne ne nkekahoɔ nyinaa, na wɔkaa hɔ a wɔansɔre bio; wɔadum wɔn te sɛ kanea mu ntoma:
18 ヱホバ言給く なんぢら往昔のことを思ひいづるなかれ また上古のことをかんがふるなかれ
“Momma mo werɛ mfiri kane nneɛma no monntɔ nkɔ deɛ atwam no so.
19 視よわれ新しき事をなさん頓ておこるべし なんぢら知ざるべけんや われ荒野に道をまうけ沙漠に河をつくらん
Hwɛ, mereyɛ adeɛ foforɔ! Seesei, ɛrepue, na monhunu anaa? Merebɔ ɛkwan afa anweatam so na mereyɛ nsuwansuwa wɔ asase wesee so.
20 野の獸われを崇むべし 野犬および駝鳥もまた然り われ水を荒野にいだし河を沙漠にまうけてわが民わがえらびたる者にのましむべければなり
Mmoa a wɔyɛ keka hyɛ me animuonyam, adompo ne apatuo, ɛfiri sɛ mema nsuo wɔ anweatam so ne nsuwansuwa wɔ asase wesee so de ma me nkurɔfoɔ, wɔn a mapa wɔn no nsuo,
21 この民はわが頌美をのべしめんとて我おのれのために造れるなり
nnipa a meyɛɛ wɔn maa me ho sɛ wɔmpae mu nka mʼayɛyie.
22 然るにヤコブよ汝われを呼たのまざりき イスラエルよ汝われを厭ひたり
“Nanso, womfrɛɛ me, Ao Yakob, wonhaa wo ho wɔ me ho, Ao Israel.
23 なんぢ燔祭のひつじを我にもちきたらず犠牲をもて我をあがめざりき われ汝にそなへものの荷をおはせざりき また乳香をもて汝をわづらはせざりき
Momfaa nnwan mmrɛɛ me sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ, na momfaa mo afɔrebɔ nhyɛɛ me animuonyam nso. Memmaa aduane afɔdeɛ nyɛɛ mo adesoa na memfaa nnuhwamgyeɛ nhaa mo.
24 なんぢは銀貨をもて我がために菖蒲をかはず 犠牲のあぶらをもて我をあかしめず 反てなんぢの罪の荷をわれに負せ なんぢの邪曲にて我をわづらはせたり
Montɔɔ nnuhwam mmrɛɛ me, na mommaa mo afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ mmuu me so. Mmom, mode mo bɔne asoa me na mode mo mfomsoɔ ho haw abɛtɔ me so.
25 われこそ我みづからの故によりてなんぢの咎をけし汝のつみを心にとめざるなれ
“Me, me ara, mene deɛ ɔpepa mo bɔne, me enti, na menkae mo amumuyɛ bio.
26 なんぢその是なるをあらはさんがために己が事をのべて我に記念せしめよ われら相共にあげつらふべし
Monhwehwɛ deɛ atwam no mu bio mma me, momma yɛmmɔ mu ntonto adwene wɔ asɛm no ho; ka wʼasɛm a ɛkyerɛ sɛ wonni fɔ no.
27 なんぢの遠祖つみををかし汝のをしへの師われにそむけり
Mo agya a ɔdii ɛkan no yɛɛ bɔne; mo kasamafoɔ tee mʼanim atua.
28 この故にわれ聖所の長たちを汚さしめヤコブを詛はしめイスラエルをののしらしめん
Enti magu mo asɔredan mu atitire anim ase, na mede Yakob ama ɔsɛeɛ, na mede Israel ama ahɔhora.

< イザヤ書 43 >