< イザヤ書 20 >

1 アツスリヤのサルゴン王タルタンを遣してアシドドにゆかしむ 彼がアシドドを攻てとりし年にあたり
Afe a Asiriahene Sargon somaa ne man no sahene kɔɔ Asdod kɔtow hyɛɛ no so na odii ne so nkonim no,
2 この時ヱホバ、アモツの子イザヤに托てかたりたまはく 往なんぢの腰よりあらたへの衣をとき汝の足より履をぬげ ここに於てかれその如くなし赤裸跣足にて歩めり
saa bere no Awurade faa Yesaia, Amos babarima so kasae se, “Yi atweaatam no fi wo ho ne mpaboa no fi wo nan ase.” Ɔyɛɛ saa de adagyaw a nʼanan nso sisi fam dii akɔneaba.
3 ヱホバ言給く わが僕イザヤは三年の間はだかはだしにてあゆみ エジプトとエテオピアとの豫兆となり奇しき標となりたり
Na Awurade kae se, “Sɛnea me somfo Yesaia de adagyaw anantew mfe abiɛsa a nʼanan nso sisi fam yi de, ayɛ ɔhaw nsɛnkyerɛnne a etia Misraim ne Kus no,
4 斯のごとくエジプトの虜とエテオピアの俘囚とはアツスリヤの王にひきゆかれ その若きも老たるもみな赤裸跣足にて臀までもあらはしエジプトの恥をしめすべし
saa ara na Asiriahene bedi Misraim nneduafo ne Kus nnommum a wɔdeda adagyaw na wɔn nan sisi fam, mmabun ne mpanyin a wɔn to deda so no anim, de agu Misraim anim ase.
5 かれらはその恃とせるエテオピアその誇とせるエジプトのゆゑをもて懼れはぢん
Wɔn a wɔde wɔn ho too Kus so, na wɔde Misraim hoahoaa wɔn ho no besuro na wɔn ani awu.
6 その日この濱邊の民いはん 視よ われらの恃とせる國われらが遁れゆきて助をもとめアツスリヤ王の手より救出されんとせし國すでに斯のごとし 我儕はいかにして脱かるるを得んやと
Saa da no nnipa a wɔtete mpoano ha bɛka se, ‘Monhwɛ asɛm a ato wɔn a yɛde yɛn ho too wɔn so no, wɔn a yeguan kɔɔ wɔn nkyɛn kɔpɛɛ mmoa sɛ wobegye yɛn afi Asiriahene nsam no! Yɛbɛyɛ dɛn na yɛaguan?’”

< イザヤ書 20 >