< イザヤ書 16 >

1 なんぢら荒野のセラより羔羊をシオンの女の山におくりて國の首にをさむべし
Momfa nnwammaa sɛ apeatoɔ nkɔma asase no sodifoɔ, ɛfiri Sela fa anweatam no so, kɔka Ɔbabaa Sion bepɔ no so.
2 モアブの女輩はアルノンの津にありてさまよふ鳥のごとく巣をおはれたる雛のごとくなるべし
Sɛdeɛ nnomaa a wɔaka wɔn afiri pirebuo mu na wɔtu nenam ewiem no, saa ara na Moabfoɔ mmaa teɛ wɔ Arnon asutwareɛ.
3 相謀りて審判をおこなひ 亭午にもなんぢの蔭を夜のごとくならしめ 驅逐人をかくし 遁れきたるものを顯はすなかれ
“Mommoa yɛn, mommɔ yɛn ho ban. Momfa yɛn nsie. Monnyi atukɔtenafoɔ no mma.
4 わが驅逐人をなんぢとともに居しめ 汝モアブの避所となりて之をそこなふ者のまへより脱れしめよ 勒索者はうせ害ふものはたえ暴虐者は地より絶れん
Momma Moabfoɔ adwanefoɔ no ne mo ntena; monyɛ wɔn banbɔ wɔ ɔsɛefoɔ no ho.” Ɔhyɛsoni no bɛba nʼawieeɛ na adesɛeɛ to bɛtwa; opoobɔni no bɛyera wɔ asase no so.
5 ひとつの位あはれみをもて堅くたち眞實をおこなふ者そのうへに坐せん 彼ダビデの幕屋にをりて審判をなし公平をもとめて義をおこなふに速し
Ɔdɔ mu na Onyankopɔn bɛsi ahennwa bi; ɔbarima bi de nokorɛdie bɛtena so, obi a ɔfiri Dawid efie, deɛ atemmuo mu no ɔpɛ atɛntenenee na ɔntwentwɛn adeteneneeyɛ ho.
6 われらモアブの傲慢をきけり その高ぶること甚だし われらその誇とたかぶりと忿恚とをきけり その大言はむなし
Yɛate Moab ahantan a ɔyɛ, nʼani a atra ne ntɔn ne ne ntɛn, nʼahomasoɔ ne nʼasoɔden, nanso hwee nni nʼahomasoɔ no mu.
7 この故にモアブはモアブの爲になきさけび民みな哭さけぶべし なんぢら必らず甚だしく心をいためてキルハレステの乾葡萄のためになげくべし
Enti Moabfoɔ twa adwo, wɔbɔ mu su ma Moab. Wɔdi awerɛhoɔ na wɔbɔ abubuo wɔ Kir Hereset bobe aba ɔfam ho.
8 そはヘシボンの畑とシブマのぶだうの樹とは凋みおとろへたり その枝さきにはヤゼルにまでいたりて荒野にはびこりのびて海をわたりしが 國々のもろもろの主その美はしき枝ををりたり
Hesbon mfuo no hye, Sibma bobe mfuo nso saa ara. Aman sodifoɔ no atiatia bobe papa no so, deɛ kane na wɔde kɔ Yaser na ɛtrɛtrɛ kɔ anweatam so no. Wɔn mman trɛtrɛ kɔka mpoano pɛɛ.
9 この故にわれヤゼルの哭とひとしくシブマの葡萄の樹のためになかん ヘシボンよエレアレよわが涙なんぢをひたさん そは鬨聲なんぢが果物なんぢが收穫の實のうへにおちきたればなり
Enti mesu sɛdeɛ Yaser suo, de ma Sibma bobe mfuo. Ao Hesbon, Ao Eleale, mesu mo bebree! Mo aduaba a abereɛ ho ahurisie ne otwaberɛ deɛ no, wɔagyae.
10 欣喜とたのしみとは土肥たる畑より取さられ 葡萄園には謳ふことなく歡呼ばふことなく酒榨にはふみて酒をしぼるものなし 我そのよろこびたつる聲をやめしめたり
Ahosɛpɛ ne anigyeɛ nni mfikyifuo no mu; obiara nnto dwom, na ɔnteateam wɔ bobeturo mu; obiara nnkyi nsã wɔ nsakyimena so, ɛfiri sɛ mede nteateam aba nʼawieeɛ.
11 このゆゑにわが心腸はモアブの故をもて琴のごとく鳴ひびき キルハレスの故をもてわが衷もまた然り
Mesi apinie wɔ mʼakoma mu wɔ Moab ho te sɛ sankuten so kwadwom; na me yam hyehye me ma Kir Hereset.
12 モアブは高處にいでて倦つかれその聖所にきたりて祈るべけれど驗あらじ
Sɛ Moab kɔ ne sorɔnsorɔmmea a, ɔha ne ho kwa; sɛ ɔkɔ nʼabosonnan mu kɔbɔ mpaeɛ a, ɛrenkɔsi hwee.
13 こはヱホバが曩にモアブに就てかたりたまへる聖言なり
Yei ne asɛm a Awurade aka dada afa Moab ho.
14 されど今ヱホバかたりて言たまはくモアブの榮はその大なる群衆とともに傭人の期にひとしく 三年のうちに恥かしめをうけ 遺れる者はなはだ少なくして力なからん
Nanso seesei Awurade ka sɛ, “Mfeɛ mmiɛnsa mu, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Moab animuonyam bɛba awieeɛ, na ne nkaeɛfoɔ no bɛyɛ kakra bi a wonni ahoɔden.”

< イザヤ書 16 >