< ホセア書 7 >

1 われイスラエルを醫さんときエフライムの愆とサマリヤのあしきわざと露るかれらは詐詭をおこなひ内には偸盗いるあり外には山賊のむれ掠めさるあり
ɛberɛ biara a mɛsa Israel yadeɛ no, Efraim nnebɔne da adi. Samaria awurukasɛm nso daa adi. Wɔyɛ nnaadaafoɔ akorɔmfoɔ a wɔbubu adan ani kɔ afie mu, ne akwanmukafoɔ a wɔbɔ korɔno wɔ mmɔntene so.
2 かれら心にわがその一切の惡をしたためたることを思はず今その行爲はかれらを圍みふさぎて皆わが目前にあり
Na wɔnhunu sɛ mekae wɔn nnebɔne nyinaa. Wɔn bɔne bunkam fa wɔn so; ɛgu mʼanim ɛberɛ biara.
3 かれらはその惡をもて王を悦ばせその詐詭をもてもろもろの牧伯を悦ばせり
“Wɔde atirimuɔdensɛm gyegye ɔhene no ani, na wɔde atorɔ nso gyegye ahenemma no ani.
4 かれらはみな姦淫をおこなふ者にしてパンを作るものに燒るる爐のごとし揑粉をこねてその發酵ときまでしばらく火をおこすことをせざるのみなり
Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ a akɔnnɔ redɛre wɔ wɔn mu. Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu ogya ɛberɛ a burodotofoɔ ahyɛ aseɛ refotɔ nʼasikyiresiam.
5 われらの王の日にもろもろの牧伯は酒の熱によりて疾し王は嘲るものとともに手を伸ぶ
Ɛda a ɔhene rehyɛ fa no ahenemma boro nsã, na ɔhene no fɛdifoɔ ne wɔn bɔ mu goro.
6 かれら伏伺するほどに心を爐のごとくして備をなすそのパンを燒くものは終夜ねむりにつき朝におよべばまた焔のごとく燃ゆ
Wɔn akoma te sɛ fononoo; wɔde atirimpɔ bɔne kɔ ɔhene anim. Wɔn nsusuiɛ bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa; adekyeeɛ mu no, ɛdɛre te sɛ ogyaframa.
7 かれらはみな爐のごとくに熱してその審士をやくそのもろもろの王はみな仆るかれらの中には我をよぶもの一人だになし
Wɔn nyinaa ayɛ hye sɛ fononoo. Wɔkunkumm wɔn sodifoɔ. Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase na wɔn mu biara nnsu mfrɛ me.
8 エフライムは異邦人にいりまじるエフライムはかへさざる餹餅となれり
“Efraim ne aman no adi afra Efraim yɛ ɔfam a anyinya a wɔnkusaeɛ.
9 かれは他邦人らにその力をのまるれども之をしらず白髮その身に雑り生れどもこれをさとらず
Ananafoɔ twe nʼahoɔden, nanso ɔnhunu. Ɛdwono aba ne tiri so, nanso nʼani mmaa so.
10 イスラエルの驕傲はその面にむかひて證をなすかれらは此もろもろの事あれどもその神ヱホバに歸ることをせず又もとむることをせざるなり
Israel ahantan di adanseɛ tia no, nanso yei nyinaa akyi no ɔnnsane nkɔ Awurade ne Onyankopɔn nkyɛn, na ɔnhwehwɛ no nso.
11 エフライムは智慧なくして愚なる鴿のごとし彼等はエジプトにむかひて呼求めまたアツスリヤに往く
“Efraim te sɛ aborɔnoma a wɔtumi daadaa no na ɔnni adwene. Ɔfrɛ Misraim, na wadane akɔ Asiria.
12 我かれらの往ときわが網をその上にはりて天空の鳥のごとくに引堕し前にその公會に告しごとくかれらを懲しめん
Sɛ wɔkɔ a, mɛto mʼasau agu wɔn so; atwe wɔn aba fam te sɛ ewiem nnomaa. Sɛ mete sɛ wɔretu abom a, mɛkyere wɔn.
13 禍なるかなかれらは我をはなれて迷ひいでたり敗壞かれらにきたらんかれらは我にむかひて罪ををかしたり我かれらを贖はんとおもへどもかれら我にさからひて謊言をいへり
Nnome nka wɔn, ɛfiri sɛ wɔatwe wɔn ho afiri me ho! Ɔsɛeɛ mmra wɔn so, ɛfiri sɛ wɔate me so atua! Anka mepɛ sɛ megye wɔn nanso wotwa atorɔ fa me ho.
14 かれら誠心をもて我をよばず唯牀にありて哀號べりかれらは穀物とあたらしき酒のゆゑをもて相集りかつわれに逆らふ
Wɔmmfiri wɔn akoma mu nnsu mfrɛ me mmom wɔtwa adwo wɔ wɔn mpa so. Wɔboaboa wɔn ho ano kɔpɛ aduane ne nsã foforɔ, nanso wɔtwe wɔn ho firi me ho.
15 我かれらを敎へその腕をつよくせしかども彼らはわれにもとりて惡きことを謀る
Metetee wɔn, hyɛɛ wɔn den, nanso wɔbɔ pɔ bɔne tia me.
16 かれらは歸るされども至高者にかへらず彼らはたのみがたき弓のごとし彼らのもろもろの牧伯はその舌のあらき言によりて劍にたふれん彼らは之がためにエジプトの國にて嘲笑をうくべし
Wɔnnhwehwɛ Ɔsorosoroni no; wɔte sɛ tadua a asɛeɛ, wɔn ntuanofoɔ bɛtotɔ wɔ akofena ano ɛfiri sɛ, wɔnnkasa obuo so. Yei enti wɔbɛdi wɔn ho fɛ wɔ Misraim asase so.

< ホセア書 7 >