< ホセア書 5 >

1 祭司等よこれを聽けイスラエルの家よ耳をかたむけよ 王のいへよ之にこころを注よ さばきは汝等にのぞまん そは我らはミズパに設くる羂タボルに張れる網のごとくなればなり
“Montie mo asɔfoɔ! Monhyɛ yei nso, mo Israelfoɔ! Monyɛ aso, Ao adehyefie! Saa atemmuo yi tia mo: Moayɛ afidie wɔ Mispa, ne asau a wɔagu no Tabor so.
2 悖逆者はふかく罪にしづみたり我かれらをことごとく懲しめん
Atuatefoɔ adɔ mogyahwiegu mu asukɔ. Mɛtwe wɔn nyinaa aso.
3 我はエフライムを知る イスラエルはわれに隱るるところ無し エフライムよなんぢ今すでに淫行をなせりイスラエルはすでに汚れたり
Menim Efraim ho nsɛm nyinaa; wɔmfaa Israel nhintaa me. Efraim, seesei deɛ wobɔ adwaman; na Israel aprɔ.
4 かれらの行爲かれらをしてその神に歸ること能はざらしむ そは淫行の霊その衷にありてヱホバを知ることなければなり
“Wɔn nneyɛeɛ mma wɔn ɛkwan mma wɔnkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Adwamammɔ honhom wɔ wɔn akoma mu; wɔnnye Awurade nto mu.
5 イスラエルの驕傲はその面にむかひて證をなしその罪によりてイスラエルとエフライムは仆れユダもまた之とともにたふれん
Israel ahantan di tia no. Israelfoɔ, mpo Efraim suntisunti wɔ wɔn amumuyɛ mu; Yuda nso ne wɔn sunti saa ara.
6 かれらは羊のむれ牛の群をたづさへ往てヱホバを尋ね求めん然どあふことあらじヱホバ旣にかれらより離れ給ひたればなり
Sɛ wɔne wɔn nnwan ne wɔn anantwie kɔhwehwɛ Awurade a Wɔrenhunu no, ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.
7 かれらヱホバにむかひ貞操を守らずして他人の子を產り新月かれらとその產業とをともに滅さん
Wɔanni Awurade nokorɛ. Wɔwowoo adwamam mma. Afei wɔn Bosome Foforɔ Afahyɛ bɛsɛe wɔn ne wɔn nsase.
8 なんぢらギベアにて角をふきラマにてラッパを吹ならしベテアベンにて呼はりて言へベニヤミンよなんぢの後にありと
“Hyɛn totorobɛnto no wɔ Gibea. Hyɛn abɛn no wɔ Rama. Momma ɔko nteam so wɔ Bet Awen; Ao, Benyamin akofoɔ, monsɔre nni anim.
9 罰せらるるの日にエフライムは荒廢れん我イスラエルの支派の中にかならず有るべきことを示せり
Wɔbɛsɛe Efraim wɔ akontabuo da. Israel mmusuakuo no mu no mepae mu ka deɛ ɛwom.
10 ユダの牧伯等は境界をうつすもののごとくなれり我わが震怒を水のごとくに彼らのうへに斟がん
Yuda sodifoɔ no te sɛ wɔn a wɔyiyi ahyeɛso aboɔ. Mɛhwie mʼabufuo agu wɔn so te sɛ nsuyire.
11 エフライムは甘んじて人のさだめたるところに從ひあゆむがゆゑに鞫をうけて虐げられ圧られん
Wɔhyɛ Efraim so, wɔtiatia ne so wɔ atemmuo mu, wasi nʼadwene pi sɛ ɔbɛdi ahoni akyi.
12 われエフライムには蠧のごとくユダの家には腐朽のごとし
Mɛyɛ sɛ nweweboa ama Efraim na mayɛ Yudafoɔ sɛ dua a aporɔ.
13 エフライムおのれに病あるを見ユダおのれに傷あるをみたり斯てエフライムはアツスリヤに往きヤレブ王に人をつかはしたれど彼はなんぢらを醫すことをえず又なんぢらの傷をのぞきさることを得ざるべし
“Ɛberɛ a Efraim hunuu ne yadeɛ, na Yuda nso hunuu nʼakuro no, Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria. Ɔsoma kɔɔ ɔhene kɛseɛ no hɔ kɔpɛɛ mmoa. Nanso wantumi ansa no yadeɛ, na akuro no nso anwuwu.
14 われエフライムには獅子のごとくユダの家にはわかき獅子のごとし我しも我は抓劈てさり掠めゆけども救ふ者なかるべし
Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfoɔ ama Yuda. Mɛtete wɔn mu nkete nkete, na makɔ; Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.
15 我ふたたびわが處にかへりゆき彼らがその罪をくいてひたすらわが面をたづね求むるまで其處にをらん彼らは艱難によりて我をたづねもとむることをせん
Afei, mɛsane akɔ me nkyi kɔsi sɛ wobɛnya ahonu. Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyiri ɛkwan; wɔn awerɛhoɔ mu, wɔbɛhwehwɛ me anibereɛ so.”

< ホセア書 5 >