< ホセア書 11 >

1 イスラエルの幼かりしとき我これを愛しぬ我わが子をエジプトより呼いだしたり
“Ɛberɛ a Israel yɛ abɔfra no, na me dɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me babarima firiiɛ.
2 かれらは呼るるに隨ひていよいよその呼者に遠ざかり且もろもろのバアルに犠牲をささげ雕たる偶像に香を焚り
Nanso mpɛn dodoɔ a mefrɛɛ Israel no, saa ara na wɔdwane firii me nkyɛn. Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahoni, na wɔhyee nnuhwam maa nsɛsodeɛ.
3 われエフライムに歩むことををしへ彼等をわが腕にのせて抱けり然どかれらは我にいやされたるを知ず
Me na megyegyee Efraim taataa, meturu no wɔ mʼabasa so; nanso, wɔnkae sɛ me na mesaa wɔn yadeɛ.
4 われ人にもちゐる索すなはち愛のつなをもて彼等をひけり我がかれらを待ふは軛をその腮より擧のくるもののごとくにして彼等に食物をあたへたり
Mede ayamyɛ ahoma ne ɔdɔ dii wɔn anim; meyii kɔnnua no firii wɔn kɔn mu na mekoto maa wɔn aduane diiɛ.
5 かれらはエジプトの地にかへらじ然どかれらがヱホバに歸らざるによりてアッスリヤ人その王とならん
“Wɔbɛsane akɔ Misraim, na Asiria adi wɔn so, ɛsiane sɛ wɔannu wɔn ho enti.
6 劍かれらの諸邑にまはりゆきてその關門をこぼち彼らをその謀計の故によりて滅さん
Akofena bɛdi ahim wɔ wɔn kuropɔn mu na ɛbɛsɛe wɔn apono akyi adaban na wɔn nhyehyɛeɛ to bɛtwa.
7 わが民はともすれば我にはなれんとする心あり人これを招きて上に在るものに屬しめんとすれども身をおこすもの一人だになし
Me nkurɔfoɔ asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afiri me nkyɛn. Sɛ wosu frɛ Ɔsorosoroni no mpo a ɔrempagya wɔn ɛkwan biara so.
8 エフライムよ我いかで汝をすてんやイスラエルよ我いかで汝をわたさんや我いかで汝をアデマのごとくせんや爭でなんぢをゼボイムのごとく爲んやわが心わが衷にかはりて我の愛憐ことごとく燃おこれり
“Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyi wo ama, Efraim? Ɛbɛyɛ dɛn ma mɛyi wo ama, Israel? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim? Mʼakoma asesa wɔ me mu; na mʼahummɔborɔ ahwanyane.
9 我わが烈しき震怒をほどこすことをせじ我かさねてエフライムを滅すことをせじ我は人にあらず神なればなり我は汝のうちにいます聖者なりいかりをもて臨まじ
Merenyɛ mʼabufuhyeɛsoɔ adeɛ, ɛna merennane me ho ɛnsɛe Efraim nso. Meyɛ Onyankopɔn na mennyɛ onipa. Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mu mu. Meremma wɔ abufuo mu.
10 かれらは獅子の吼るごとくに聲を出したまふヱホバに隨ひて歩まんヱホバ聲を出したまへば子等は西より急ぎ來らん
Wɔbɛdi Awurade akyi. Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata. Na sɛ ɔbobɔm a, ne mma de ahopopoɔ bɛfiri atɔeɛ aba.
11 かれらエジプトより鳥のごとくアッスリヤより鴿のごとくに急ぎ來らん我かれらをその家々に住はしむべし是ヱホバの聖言なり
Wɔde ahopopoɔ bɛba te sɛ nnomaa a wɔfiri Misraim te sɛ mmorɔnoma a wɔfiri Asiria. Mɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn afie mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
12 エフライムは謊言をもてイスラエルの家は詐僞をもて我を圍めりユダは神と信ある聖者とに屬きみつかずみ漂蕩をれり
Efraim de atorɔ atwa me ho ahyia, Israel efie nso wɔde nnaadaa. Yuda abɔ Onyankopɔn so ko mpo ɔde tia Ɔkronkronni nokwafoɔ no.

< ホセア書 11 >