< エズラ記 5 >

1 爰に預言者ハガイおよびイドの子ゼカリヤの二人の預言者ユダとヱルサレムに居るユダヤ人に向ひてイスラエルの神の名をもて預言する所ありければ
Saa ɛberɛ no, adiyifoɔ Hagai ne Ido babarima Sakaria de Israel Onyankopɔn din hyɛɛ nkɔm kyerɛɛ Yudafoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem no.
2 シヤルテルの子ゼルバベルおよびヨザダクの子ヱシユア起あがりてヱルサレムなる神の室を建ることを始む 神の預言者等これと共に在て之を助く
Na Sealtiel babarima Serubabel ne Yosadak babarima Yesua tieeɛ, hyɛɛ aseɛ sii Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn adiyifoɔ no ka wɔn ho a wɔboaa wɔn.
3 その時に河外の總督タテナイといふ者セタルボズナイおよびその同僚とともにその所に來り誰が汝らに此室を建て此石垣を築きあぐることを命ぜしやと斯言ひ
Na ankyɛre na Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ kɔɔ Yerusalem kɔbisaa sɛ, “Hwan na ɔmaa mo kwan sɛ monsiesie asɔredan yi?”
4 また此建物を建る人々の名は何といふやと斯これに問り
Wɔsane ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔmfa nnipa a wɔreyɛ adwuma wɔ asɔredan no ho no nyinaa din mma wɔn.
5 然るにユダヤ人の長老等の上にはその神の目そそぎゐたれば彼等これを止むること能はずして遂にその事をダリヨスに奏してその返答の來るを待り
Nanso, ɛsiane sɛ na wɔn Onyankopɔn hwɛ wɔn so enti, wɔansi Yudafoɔ ntuanofoɔ no dansie no ho kwan, kɔsii sɛ wɔde ɛho asɛm kɔdanee Dario, ma ɔsesaa nʼadwene.
6 河外ふの總督タテナイおよびセタルボズナイとその同僚なる河外ふのアパルサカイ人がダリヨス王に上まつりし書の稿は左のごとし
Yei ne krataa a amrado Tatenai, Setar-Bosnai ne mpanimfoɔ a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no bi twerɛ kɔmaa ɔhene Dario:
7 即ち其上まつりし書の中に書しるしたる所は是のごとし 云く願くはダリヨス王に大なる平安あれ
Yɛkyea wo, ɔhene Dario.
8 王知たまへ我儕ユダヤ州に往てかの大神の室に至り視しに巨石をもて之を建て材木を組て壁を作り居り其工事おほいに捗どりてその手を下すところ成ざる無し
Yɛpɛ sɛ yɛma wote sɛ, yɛkɔɔ beaeɛ a wɔresiesie Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yudaman mu. Aboɔ a wɔasiesie sononko ne nnua na wɔde resi afasuo no. Adwuma no rekɔ so ahoɔden so.
9 是に於て我儕その長老等に問てこれに斯いへり 誰が汝らに此室を建てこの石垣を築きあぐることを命ぜしやと
Yɛbisaa ntuanofoɔ no sɛ, “Hwan na ɔmaa mo kwan sɛ monsiesie asɔredan yi?”
10 我儕またその首長たる人々の名を書しるして汝に奏聞せんがためにその名を問り
Na yɛbisaa wɔn adwumayɛfoɔ din sɛdeɛ yɛbɛtumi akyerɛ wo wɔn ntuanofoɔ.
11 時に彼等かく我らに答へて言り 我儕は天地の神の僕にして年久しき昔に建おかれし殿を再び建るなり 是は素イスラエルの大なる王某の建築きたる者なしりが
Wɔn mmuaeɛ nie: “Yɛyɛ ɔsorosoro ne asase Onyankopɔn no asomfoɔ, na yɛresane asi asɔredan a ɔhene kɛseɛ bi a na ɔwɔ Israel sii mfeɛ bebree a atwam nie no.
12 我らの父等天の神の震怒を惹起せしに縁てつひに之をカルデヤ人バビロンの王ネブカデネザルの手に付したまひければ彼この殿を毀ち民をバビロンに擄へゆけり
Na ɛsiane sɛ yɛn agyanom hyɛɛ ɔsorosoro Onyankopɔn abufuo enti, ɔgyaee wɔn maa Babiloniahene Nebukadnessar, ma ɔsɛee saa asɔredan yi, na ɔtwaa nkurɔfoɔ no asuo kɔɔ Babilonia.
13 然るにバビロンの王クロスの元年にクロス王神のこの室を建べしとの詔言を下したまへり
“Nanso, Babiloniahene Kores adedie mu afe a ɛdi ɛkan no, ɔhyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsiesie Onyankopɔn asɔredan no.
14 然のみならず ヱルサレムの殿よりネブカデネザルが取いだしてバビロンの殿に携へいれし神の室の金銀の器皿もクロス王これをバビロンの殿より取いだし其立たる總督セシバザルと名くる者に之を付し
Ɔhene Kores de sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase firii Onyankopɔn asɔredan mu wɔ Yerusalem de kɔguu Babilonia asɔredan mu no sane baeɛ. Wɔtasee saa nneɛma no firii saa asɔredan no mu, de kɔmaa ɔbarima bi a ne din de Sesbasar a ɔhene Kores hyɛɛ no amrado wɔ Yuda no sɛ ɔnhwɛ so.
15 而して彼に言けらく是等の器皿を取り往て之をヱルサレムの殿に携へいれ神の室をその本の處に建よと
Ɔhene no hyɛɛ no sɛ, ɔnsane mfa nkuku ne nkaka no nsane nkɔgu wɔn guberɛ wɔ Yerusalem, na ɔnsane nsiesie Onyankopɔn asɔredan no ma ɛnyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.
16 是において其セシバザル來りてヱルサレムなる神の室の石礎を置たりき 其時よりして今に至るまで之を建つつありしが猶いまだ竣らざるなりと
“Enti, Sesbasar yi bɛtoo Onyankopɔn asɔredan yi fapem wɔ Yerusalem. Ɛfiri saa ɛberɛ no, nnipa no gu so reyɛ ho adwuma nanso wɔnwieeɛ.”
17 然ば今王もし善となされなば請ふ御膝下バビロンにある所の王の寳蔵を査べたまひて神のこの室を建べしとの詔言のクロス王より出しや否を稽へ而して王此事につきて御旨を我らに諭したまえ
Enti, seesei, sɛ ɛbɛyɛ ɔhene anisɔ a, monkɔnpɛnsɛmpɛnsɛm Babilonia ahemfie nneɛma dada akoraeɛ nhwɛ sɛ, ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsiesie Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no anaa. Na momma ɔhene no nkyerɛ nʼadwene wɔ saa asɛm yi ho.

< エズラ記 5 >