< エゼキエル書 32 >

1 茲にまた十二年の十二月の一日にヱホバの言我にのぞみて言ふ
Mfeɛ dumienu mu, bosome a ɛtɔ so dumienu no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 人の子よエジプトの王パロのために哀の詞を述て彼に言ふべし汝は自ら萬國の中の獅子に擬へたるが汝は海の鱷の如くなり汝河の中に跳起き足をもて水を濁しその河々を蹈みだす
“Onipa ba, to kwadwom fa Misraimhene Farao ho na ka kyerɛ no sɛ: “‘Wote sɛ gyata wɔ aman no mu: wote sɛ ɛpo mu aboa a ne ho yɛ hu wobubu afuni wɔ wo asutene mu, wode wo nan boro asutene no de hono nsuo no.
3 主ヱホバかく言たまふ我衆多の國民の中にてわが網を汝に打掛け彼らをしてわが網にて汝を引あげしめん
“‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Mede nipadɔm bɛba abɛto mʼasau agu wo so, na wɔbɛtwe wo afiri mʼasau mu.
4 而して我汝を地上に投すて汝を野の面に擲ち空の諸の鳥をして汝の上に止らしめ全地の獸をして汝に飽しむべし
Mɛto wo atwene asase no so na mahuri wo ato ɛserɛ so. Mɛma ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so na asase so mmoa nyinaa adi wo nam ɔherɛ so.
5 我汝の肉を山々に遺て汝の屍を堆くして谷々を埋むべし
Mɛhata wo nam wɔ mmepɔ no so na mede wo funu ahyɛ mmɔnhwa ma.
6 我汝の溢るる血をもて地を濕し山にまで及ぼさん谷川には汝盈べし
Mede wo mogya a ɛretene no bɛfɔ asase no de akɔka mmepɔ no na wonam bɛhyɛ abɔn nketewa no ma.
7 我汝を滅する時は空を蔽ひその星を暗くし雲をもて日を掩はん月はその光を發たざるべし
Sɛ metwa wo firi hɔ a, mɛkata ɔsoro ani na madundum wɔn nsoromma; mede omununkum bɛkata owia ani, na ɔsrane renhyerɛn.
8 我空の照る光明を盡く汝の上に暗くし汝の地を黑暗となすべし主ヱホバこれを言ふ
Ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn nyinaa mɛma aduru sum wɔ wo so; mɛma esum aduru wʼasase, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
9 我なんぢの滅亡を諸の民汝の知ざる國々の中に知しめて衆多の民をして心を傷ましめん
Mɛma nnipa bebree akoma atutu ɛberɛ a mede wo sɛeɛ aba aman no mu, nsase a wonnya nhunuiɛ mu.
10 我衆多の民をして汝に驚かしめんその王等はわが其前にわれの劍を振ふ時に戰慄かん汝の仆るる日には彼ら各人その生命のために絕ず發振ん
Mɛma nnipa bebree ho adwiri wɔn wɔ wo ho, wo enti, ehu bɛma wɔn ahene ho apopo ɛberɛ a merehim mʼakofena wɔ wɔn anim. Ɛda a wobɛhwe ase no wɔn mu biara ho bɛwoso berɛ nyinaa mu wɔ wɔn nkwa enti.
11 即ち主ヱホバかく言たまふバビロンの王の劍汝に臨まん
“‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Babiloniahene akofena bɛsɔre wo so.
12 我汝の群衆をして勇士の劍に仆れしめん彼等は皆國々の暴き者なり彼らエジプトの驕傲を絕さん其の群衆は皆ほろぼさるべし
Mɛma wo nipadɔm no atotɔ wɔ nnɔmmarima akofena ano, wɔ aman a wɔyɛ tutugyagu mu. Wɔbɛsɛe Misraim ahomasoɔ pasaa na ne nipadɔm no nyinaa bɛdi nkoguo.
13 我その家畜を盡く多の水の傍より絕去ん人の足再び之を濁すことなく家畜の蹄これを濁すことなかるべし
Mɛkunkum nʼanantwie nyinaa afiri nsuo bebree no ho na nnipa nan rentiatia mu bio na anantwie nan nso renhono no.
14 我すなはちその水を淸しめ其河々をして油のごとく流れしめん主ヱホバこれを云ふ
Afei mɛma ne nsuo ani ate na mama ne asutene atene sɛ ngo,
15 我エジプトの國を荒地となしてその國荒てこれが富を失ふ時また我その中に住る者を盡く撃つ時人々我のヱホバなるを知ん
Sɛ mema Misraim da mpan na meyi biribiara firi asase no so, sɛ mekum wɔn a wɔte soɔ nyinaa a, afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’
16 是哀の詞なり人悲みてこれを唱へん國々の女等悲みて之を唱ふべし即ち彼等エジプトとその諸の群衆のために悲みて之を唱へん主ヱホバこれを言ふ
“Yei ne kwadwom a wɔbɛto ama no. Amanaman no mmammaa bɛto ama Misraim ne ne nipadɔm nyinaa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”
17 十二年の月の十五日にヱホバの言また我に臨みて言ふ
Afe a ɛtɔ so dumienu no no bosome ɛda a ɛtɔ so dunum no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
18 人の子よエジプトの群衆のために哀き是と大なる國々の女等とを下の國に投くだし墓にくだる者と共ならしめよ
“Onipa ba, twa adwo ma Misraim nipadɔm na ma ɔne amanaman akɛseɛ no mmammaa nsiane nkɔ asase ase nkɔka wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no ho.
19 汝美しき事誰に勝るや下りて割禮なき者とともに臥せよ
Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Wadom mo dodo sene wɔn a aka no anaa? Monsiane nkɔ na mo ne momonotofoɔ no nkɔda.’
20 彼らは劍に殺さるる者の中に仆るべし劍已に付してあり是とその諸の群衆を曳下すべし
Wɔbɛka wɔn a wɔwuwuu wɔ akofena ano no ho. Wɔatwe akofena no, ma wɔntwe ɔno ne nipadɔm no ase nkɔ.
21 勇士の強き者陰府の中より彼にその助者と共に言ふ割禮を受ざる者劍に殺されたる者彼等下りて臥す (Sheol h7585)
Akannifoɔ akɛseɛ a wɔwɔ damena mu bɛka wɔ Misraim ne ne mpamfoɔ ho sɛ, ‘Wɔasiane aba na wodeda momonotofoɔ mu, wɔn a wɔwuwuu wɔ akofena ano no.’ (Sheol h7585)
22 彼處にアツスリアとその凡の群衆をりその周圍に之が墓あり彼らは皆殺され劍に仆れたる者なり
“Asiria ne nʼasraadɔm nyinaa wɔ hɔ, wɔn a wakunkum wɔn no damena atwa ne ho ahyia, wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano no.
23 かれの墓は穴の奧に設けてありその群衆墓の四周にあり是皆殺されて劍に仆れたる者生者の地に畏怖をおこせし者なり
Wɔn adamena no wɔ amena no ase tɔnn na nʼasraadɔm deda ne damena ho nyinaa. Wɔn a na wɔhunahuna afoforɔ wɔ ateasefoɔ asase so no nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ akofena ano.
24 彼處にエラムありその凡の群衆その墓の周圍にあり是皆ころされて劍に仆れ割禮を受ずして下の國に下りし者生者の地に畏怖をおこせし者にて夫穴に下れる者等とともに恥辱を蒙るなり
“Elam wɔ hɔ, ne nipadɔm nyinaa atwa ne damena ho ahyia. Wɔn nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ akofena ano. Wɔn a na wɔhunahuna afoforɔ wɔ ateasefoɔ asase so nyinaa siane kɔɔ asase ase sɛ momonotofoɔ. Wɔde wɔn animguaseɛ kɔka wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no ho.
25 殺されたる者の中にその床を置きてその凡の群衆と共にすその墓周圍にあり彼等は皆割禮を受ざる者にして劍に殺さる彼ら生者の地に畏怖をおこしたれば穴に下れる者とともに恥辱を蒙るなり彼は殺されし者の中に置る
Wɔato mpa ama no wɔ atɔfoɔ no mu, na ne nipadɔm atwa ne damena ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ a wɔatotɔ wɔ akofena ano. Esiane sɛ wɔn ahunahuna trɛɛ wɔ ateasefoɔ asase soɔ no enti, wɔne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no nyinaa anim agu ase. Wɔadeda wɔn wɔ atɔfoɔ no mu.
26 彼處にメセクとトバルおよびその凡の群衆ありその墓周圍にあり彼らは皆割禮を受ざる者にして劍に殺さる是生者の地に畏怖をおこしたればなり
“Mesek ne Tubal wɔ hɔ a wɔn nipadɔm atwa wɔn adamena ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ a wɔatotɔ wɔ akofena ano ɛfiri sɛ wɔtrɛtrɛɛ wɔn ahunahuna mu wɔ ateasefoɔ asase so.
27 彼らは割禮を受ずして仆れたる勇士とともに臥さず是等はその武器を持て陰府に下りその劍を枕にすその罪は骨にあり是生者の地に於て勇士を畏れしめたればなり (Sheol h7585)
Ɛnyɛ wɔ ne akofoɔ momonotofoɔ foforɔ a wɔatotɔ na ɛdeda hɔ anaa? Wɔn a wɔne wɔn akodeɛ siane kɔɔ damena mu na wɔn tiri deda wɔn akofena soɔ no. Wɔn amumuyɛ so asotwe daa wɔn nnompe so, mmom saa akofoɔ yi ahunahuna atrɛtrɛ wɔ ateasefoɔ asase so. (Sheol h7585)
28 汝は割禮を受ざる者の中に打碎け劍に殺されたる者とともに臥ん
“Ao Farao, wo nso wɔbɛbubu wo mu na woakɔda momonotofoɔ mu, wo ne wɔn a wɔtotɔɔ wɔ akofena ano no.
29 彼處にエドムとその王等とその諸の君等あり彼らは勇力をもちながら劍に殺さるる者の中に入り割禮なき者および穴に下れる者とともに臥すべし
“Edom wɔ hɔ, nʼahemfo ne ne mmapɔmma nyinaa deda wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano mu, wɔn tumi nyinaa akyi. Wɔdeda momonotofoɔ mu, wɔ ne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no.
30 彼處に北の君等皆あり又シドン人皆あり彼らは殺されし者等とともに下り人を怖れしむる勇力をもちて羞辱を受く彼處に彼らは割禮を受ずして劍に殺されたる者とともに臥し穴に下れる者とともに恥辱を蒙る
“Mmapɔmma a wɔfiri atifi fam nyinaa ne Sidonfoɔ nyinaa wɔ hɔ, wɔ ne atɔfoɔ kɔɔ wɔ animguaseɛ mu, wɔn tumi a wɔde hunahunaeɛ no nyinaa akyi. Wɔdeda hɔ sɛ momonotofoɔ, wɔne wɔn a wɔkum wɔn wɔ akofena ano, na wɔne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no asoa wɔn animguaseɛ.
31 パロかれらを見その諸の群衆の事につきて心を安めんパロとその軍勢皆劍に殺さる主ヱホバこれを言ふ
“Farao, ɔne nʼasraadɔm nyinaa bɛhunu wɔn na ne werɛ bɛkyekye wɔ ne nipadɔm a wɔkunkum wɔn wɔ akofena ano no ho, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
32 我かれをして生者の地に畏怖をおこさしめたりパロとその諸の群衆は割禮をうけざる者の中にありて劍に殺されし者とともに臥す主ヱホバこれを言ふ
Mmom me na memaa Farao ne ne nipadɔm de ahunahuna trɛtrɛɛ ateasefoɔ asase so deɛ, nanso wɔbɛdeda momonotofoɔ mu, wɔn a wɔde akofena kunkumm wɔn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”

< エゼキエル書 32 >