< エゼキエル書 28 >

1 ヱホバの言われに臨みて言ふ
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 人の子よツロの君に言ふべし主ヱホバかく言たまふ汝心に高ぶりて言ふ我は神なり神の座に坐りて海の中にありと汝は人にして神にあらず而して神の心のごとき心を懷くなり
“Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifoɔ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Wofiri wʼahantan akoma mu ka sɛ, “Meyɛ onyame; mete onyame bi ahennwa so wɔ ɛpo mfimfini.” Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame, ɛwom, wodwene sɛ wonim nyansa sɛ onyame bi.
3 夫汝はダニエルよりも賢かり隱れたる事として汝に明ならざるは无し
Wonim nyansa sene Daniel anaa? Wonim kokoamsɛm biara anaa?
4 汝の智慧と明哲によりて汝富を獲金銀を汝の庫に收め
Wonam wo nyansa ne nhunumu so anya ahodeɛ ama wo ho. Woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree agu wʼakoradan mu.
5 汝の大なる智慧と汝の貿易をもて汝の富有を増しその富有のために心に高ぶれり
Wonam wʼadwadie mu nyansa so ama wʼahonya adɔɔso, na wʼahonya enti wahoran wɔ wʼakoma mu.
6 是故に主ヱホバかく言ふ汝神の心のごとき心を懷くに因り
“‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Esiane sɛ wodwene sɛ wonim nyansa te sɛ Onyame enti,
7 視よ我異國人を汝に攻きたらしめん是國々の暴き人々なり彼ら劍を拔きて汝が智慧をもて得たるところの美しき者に向ひ汝の美を汚し
mede ananafoɔ reba abɛtia wo, amanaman no mu ɔdesɛefoɔ pa ara; wɔbɛtwetwe wɔn akofena wɔ wʼahoɔfɛ ne wo nyansa so na wɔahwire wʼanimuonyam no.
8 汝を穴に投いれん汝は海の中にて殺さるる者のごとき死を遂べし
Wɔde wo bɛto amena no mu, na wobɛwu owu yaaya wɔ ɛpo mfimfini.
9 汝は人にして神にあらず汝を殺す者の手にあるも尚その己を殺す者の前に我は神なりと言んとするや
Afei wobɛka sɛ, “Meyɛ onyame,” wɔ wɔn a wɔkumm woɔ no anim anaa? Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame wɔ wɔn a wɔkumm woɔ no nsam.
10 汝は割禮をうけざる者の死を異國人の手に遂べし我これを言ばなりとヱホバ言たまふ
Wobɛwu momonotofoɔ wuo wɔ ananafoɔ nsam. Me na maka, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’”
11 ヱホバの言我にのぞみて言ふ
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
12 人の子よツロの王のために哀の詞を述べこれに言べし主ヱホバかく言たまふ汝は全く整へたる者の印智慧の充ち美の極れる者なり
“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho a ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛsodeɛ, na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛ dua.
13 汝神の園エデンに在りき諸の寶石 赤玉 黄玉 金剛石 黄綠玉 葱垳 碧玉 靑玉 紅玉 瑪瑙および金汝を覆へり汝の立らるる日に手鼓と笛汝のために備へらる
Na anka wowɔ Eden Onyankopɔn turo no mu. Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo: bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔ sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ, aboɔdemmoɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ. Wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛdeɛ, wɔsiesiee ne nyinaa ɛda a wɔbɔɔ woɔ.
14 汝は膏そそがれしケルブにして掩ふことを爲り我汝を斯なせしなり汝神の聖山に在り又火の石の間に歩めり
Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfoɔ Kerub, ɛfiri sɛ saa na mehyɛɛ woɔ. Na wowɔ Onyankopɔn bepɔ kronkron no so; wonantee ogya aboɔ mu.
15 汝はその立られし日より終に汝の中に惡の見ゆるにいたるまでは其行全かりき
Na anka wʼakwan ho nni asɛm ɛfiri ɛda a wɔbɔɔ woɔ no kɔsii sɛ wɔhunuu amumuyɛ wɔ wo mu.
16 汝の交易の多きがために汝の中には暴逆滿ちて汝罪を犯せり是故に掩ふことを爲ところのケルブよ我神の山より汝を汚し出し火の石の間より汝を滅し去べし
Wʼadwadie a emu trɛ no enti wɔde akakabensɛm hyɛɛ wo ma na woyɛɛ bɔne. Ɛno enti mepamoo wo firii Onyankopɔn bepɔ no so wɔ animguaseɛ mu, na meyii wo adi, Ao ɔhwɛfoɔ Kerub, firii ogya aboɔ no mu.
17 汝その美麗のために心に高ぶり其榮耀のために汝の智慧を汚したれば我汝を地に擲ち汝を王等の前に置て觀物とならしむべし
Wo horanee wɔ wʼakoma mu wʼahoɔfɛ enti, na womaa wo nyansa porɔeɛ, wʼanimuonyam no enti. Enti metoo wo twenee fam; na mede wo yɛɛ ahwɛdea wɔ ahemfo anim.
18 汝正しからざる交易をなして犯したる多くの罪を以て汝の聖所を汚したれば我なんぢの中より火を出して汝を燒き凡て汝を見る者の目の前にて汝を地に灰となさん
Wode wo nnebɔne ne adwadie mu nsisie agu wo kronkrommea ho fi, ɛno enti memaa ogya firii wo mu na ɛhyee wo, na mema wo danee nsõ wɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim.
19 國々の中にて汝を知る者は皆汝に驚かん汝は人の戒懼となり限なく失果てん
Aman a na wɔnim woɔ nyinaa ho adwiri wɔn wɔ wo ho: wʼawieeɛ ayɛ ahomete na wɔrenhunu wo bio.’”
20 ヱホバの言我にのぞみて言ふ
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
21 人の子よ汝の面をシドンに向けこれに向ひて預言し
“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no
22 言べし主ヱホバかく言たまふシドンよ視よ我汝の敵となる我汝の中において榮耀を得ん我彼らを鞫き我の聖き事を彼らに顯す時彼ら我のヱホバなるを知ん
na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Me ne wo anya, Ao Sidon na mɛnya animuonyam wɔ wo mu. Wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛberɛ a mede asotwe aba wo so na mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wo mu.
23 われ疫病を是におくりその衢に血あらしめんその四方より是に來るところの劍に殺さるる者その中に仆るべし彼らすなはち我のヱホバなるを知ん
Mɛma ɔyaredɔm aba wo so na mama mogya atene wɔ wo mmɔntene so. Apirafoɔ bɛtotɔ wɔ wo mu, ɛberɛ a akofena redi ahim wɔ wo ho nyinaa. Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.
24 イスラエルの家にはその周圍にありて之を賤むる者の所より重て惡き荊棘苦き芒薊來ることなし彼らは我の主ヱホバなるを知にいたらん
“‘Na Israelfoɔ rennya ayɔnkofoɔ a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaaya sɛ ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bio. Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.
25 主ヱホバかく言ふ我イスラエルの家をその散されたる國々より集めん時彼らに由りて我の聖き事を異國人の目の前にあらはさん彼らはわが僕ヤコブに與へたるその地に住ん
“‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ meboa Israelfoɔ ano firi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahunu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me ɔsomfoɔ Yakob no so.
26 彼ら彼處に安然に住み家を建て葡萄園を作らん彼らの周圍にありて彼らを藐視る者を悉く我が鞫かん時彼らは安然に住み我ヱホバの己の神なるを知らん
Wɔbɛtena hɔ asomdwoeɛ mu na wɔbɛsisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoeɛ mu wɔ ɛberɛ a matwe nʼayɔnkofoɔ a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn no.’”

< エゼキエル書 28 >