< 出エジプト記 30 >

1 汝香を焚く壇を造るべし即ち合歓木をもてこれを造るべし
“Fa ɔkanto yɛ afɔremuka ketewa bi a wobɛhyew aduhuam wɔ so.
2 その長は一キユビトその寛も一キユビトにして四角ならしめ其高は三キユビトにし其角は其より出しむべし
Ma ɛnyɛ ahinanan a ne fa biara susuw nsateaa dunwɔtwe, na ne sorokɔ nso nyɛ anammɔn abiɛsa a wɔasen; ne mmɛn a baako tua ho.
3 而してその上その四傍その角ともに純金を着せその周圍に金の縁を作るべし
Fa sikakɔkɔɔ dura ne soro, ne nkyɛn ne ne mmɛn a ɛwɔ afɔremuka no ho no nyinaa. Na fa sikakɔkɔɔ mmuano twa afɔremuka no ho nyinaa hyia.
4 汝またその兩面に金の縁の下に金の環二箇を之がために作るべし即ちその兩傍にこれを作るべし是すなはちこれを舁ところの杠を貫く所なり
Fa sikakɔkɔɔ nkaa abien hyehyɛ mmuano no a ɛwɔ afanu no ase na wɔde nnua a wɔde bɛsoa no awurawura mu.
5 その杠は合歓木をもてこれを作りて之に金を着すべし
Wɔmfa ɔkanto na ɛnyɛ nnua no, na wɔmfa sikakɔkɔɔ nnura ho nyinaa.
6 汝これを律法の櫃の傍なる幕の前に置て律法の上なる贖罪所に對はしむべし其處はわが汝に會ふ處なり
Fa afɔremuka no si ntwamtam no akyi wɔ mpatabea hɔ a ɛbɔ faako a Apam Adaka a Mmaransɛm Du no wɔ no ho ban. Mehyia mo wɔ hɔ.
7 アロン朝ごとにその上に馨しき香を焚べし彼燈火を整ふる時はその上に香を焚べきなり
“Da biara anɔpa, sɛ Aaron resiesie kanea no a, ɔbɛhyew aduhuam wɔ afɔremuka no so.
8 アロン夕に燈火を燃す時はその上に香を焚べし是香はヱホバの前に汝等が代々絶すべからざる者なり
Anwummere biara, sɛ ɔsɔ kanea no a, ɔbɛhyew aduhuam wɔ Awurade anim ama awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa.
9 汝等その上に異る香を焚べからず燔祭をも素祭をも獻ぐべからず又その上に灌祭の酒を灌ぐべからず
Monhyew aduhuam a wɔama ho kwan wɔ afɔremuka no so. Mommmɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre wɔ so, na mommfa ahwiesa ngu so.
10 アロン年に一回贖罪の罪祭の血をもてその壇の角のために贖をなすべし汝等代々年に一度是がために贖をなすべし是はヱホバに最も聖き者たるなり
Afe biara, ɛsɛ sɛ Aaron dwira afɔremuka no ho yɛ no kronkron. Ɔde mogya bɛsrasra mmɛn a etuatua ho no so sɛ mpata. Ɛsɛ sɛ afe biara wɔtew afɔremuka no ho yɛ no kronkron ma awo ntoatoaso a ɛbɛba no so kosi awo ntoatoaso so. Ɛyɛ kronkron ma Awurade.”
11 ヱホバ、モーセに告て言たまはく
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
12 汝がイスラエルの子孫の數を數へしらぶるにあたりて彼等は各人その數へらるる時にその生命の贖をヱホバにたてまつるべし是はその數ふる時にあたりて彼等の中に災害のあらざらんためなり
“Bere biara a wobɛkan Israelfo no, obiara a wɔbɛkan no no mfa ne kra ho mpata mmrɛ Awurade, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔyaredɔm biara remma wɔn mu bi so.
13 凡て數へらるる者の中に入る者は聖所のシケルに遵ひて半シケルを出すべし一シケルは二十ゲラなり即ち半シケルをヱホバにたてまつるべし
Ɛsɛ sɛ obiara a wɔkan no no ma dwetɛbona fa, a emu duru yɛ gram asia (sɛnea kronkronbea mu dwetɛbona bo te no.)
14 凡て數へらるる者の中に入る者即ち二十歳以上の者はヱホバに献納物をなすべし
Obiara a wadi mfe aduonu rekɔ no na ɔbɛbɔ saa afɔre yi.
15 汝らの生命を贖ふためにヱホバに献納物をなすにあたりては富者も半シケルより多く出すべからず貧者も其より少く出すべからず
Ɛnsɛ sɛ adefo ma ma ɛboro sika a wɔatwa ato hɔ no so. Ɛnsɛ sɛ ahiafo nso ma nea esua sen saa, efisɛ ɛyɛ Awurade afɔre a ɔde retew yɛn ho ama yɛn.
16 汝イスラエルの子孫より贖の金を取てこれを幕屋の用に供ふべし是はヱホバの前にイスラエルの子孫の記念となりて汝ら生命を贖ふべし
Momfa saa sika yi nsiesie Ahyiae Ntamadan no. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma Awurade ani aba mo, Israelfo, so na ayɛ mpata nso ama mo.”
17 ヱホバ、モーセに告て言たまはく
Awurade ka kyerɛɛ Mose se.
18 汝また銅をもて洗盤をつぐりその臺をも銅になして洗ふことのために供へ之を集會の幕屋と壇との間に置てその中に水をいれおくべし
“Fa kɔbere yɛ hweaseammɔ a ne nnyinaso nso yɛ kɔbere. Fa si Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ntam na fa nsu gu mu.
19 アロンとその子等はそれに就て手と足を洗ふべし
Ɛhɔ na Aaron ne ne mmabarima bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn anan ho
20 彼等は集會の幕屋に入る時に水をもて洗ふことを爲て死をまぬかるべし亦壇にちかづきてその職をなし火祭をヱホバの前に焚く時も然すべし
bere a wɔrekɔ Ahyiae Ntamadan no mu de wɔn ho akɔkyerɛ Awurade, anaasɛ wɔrekɔ akɔbɔ afɔre wɔ afɔremuka no so ama Awurade no. Saa ara na bere biara a wɔrekodi saa dwuma yi no,
21 即ち斯その手足を洗ひて死を免かるべし是は彼とその子孫の代々常に守るべき例なり
ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn ho na wɔanwuwu. Ɛsɛ sɛ eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama Aaron ne nʼasefo, awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa.”
22 ヱホバまたモーセに言たまひけるは
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
23 汝また重立たる香物を取れ即ち淨沒薬五百シケル香しき肉桂その半二百五十シケル香しき菖蒲二百五十シケル
“Hwehwɛ nnuhuam papa sɛ kurobow a ɛyɛ kilogram asia, sinamon kilogram abiɛsa ne mmetire huamhuam kilogram abiɛsa.
24 桂枝五百シケルを聖所のシケルに遵ひて取り又橄欖の油ヒンを取べし
Kurobow dodow a mobɛfa no nyɛ sɛ sinamon no dodow na momfa ngodua mu ngo lita anan.
25 汝これをもて聖灌膏を製るべしすなはち薫物を製る法にしたがひて香膏を製るべし是は聖灌膏たるなり
Awurade ahyɛ nnuhuamfrafo a wakwadaw ne yɛ mu yiye, sɛ wɔmfra saa nnuhuam yi mma ɛnyɛ ngo kronkron a wɔde tew onipa ho.
26 汝これを集會の幕屋と律法の櫃に塗り
Na momfa eyi ntew Ahyiae Ntamadan ne Apam Adaka,
27 案とそのもろもろの器具燈臺とそのもろもろの器具および香壇
ɔpon no ne ɛho nkankyee nyinaa, kaneadua no ɛho nneɛma, nnuhuam afɔremuka no,
28 並に燔祭の壇とそのもろもろの器具および洗盤とその臺とに塗べし
ɔhyew afɔre ne ho nkankyee, ne hweaseammɔ ne nea esi so.
29 汝是等を聖めて至聖らしむべし凡てこれに捫る者は聖くならん
Montew ho na ɛnyɛ kronkron na biribiara a ɛbɛka saa nneɛma yi no ho atew.
30 汝アロンとその子等に膏をそそぎて之を立て彼らをして我に祭司の職をなさしむべし
“Monsra Aaron ne ne mmabarima no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛtew na wɔatumi ayɛ asɔfodwuma de asom me.
31 汝イスラエルの子孫に告ていふべし是は汝らが代々我の爲に用ふべき聖灌膏なり
Na monka nkyerɛ Israelfo se, ‘Eyi bɛyɛ me srango kronkron ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no.
32 是は人の身に灌ぐべからず汝等また此量をもて是に等き物を製るべからず是は聖し汝等これを聖物となすべし
Ɛnsɛ sɛ wohwie gu obiara so kwa, na ɛnsɛ sɛ mo ankasa nso moyɛ bi, efisɛ ɛyɛ kronkron enti ɛsɛ sɛ mo nso moyɛ no kronkron.
33 凡て之に等き物を製る者凡てこれを餘人につくる者はその民の中より絶るべし
Obiara a ɔbɛfra aduhuam a ɛte sɛ ɛno na obehwie bi agu obi a ɔnyɛ ɔsɔfo so no, sɛ sɛ wo twa no asu.’”
34 ヱホバ、モーセに言たまはく汝ナタフ、シケレテ、へルベナの香物を取りその香物を淨き乳香に和あはすべしその量は各等からしむべきなり
Awurade hyɛɛ mmara a ɛfa aduhuam no ho maa Mose se, “Fa nnuhuam atomude ne nworahuam ne prɛkɛsɛ huamhuam ne ohuamfufu gyenennyenen na wonsusuw ne nyinaa mu duru mma ɛnyɛ pɛ,
35 汝これを以て香を製るべし即ち薫物を製る法にしたがひてこれをもて薫物を製り鹽をこれにくはへ潔く且聖らしむべし
na fa yɛ aduhuam a wɔhyewee a aduhuamfrani a waben yɛ no bi, na wɔmfa nkyene mfra mu; na ɛbɛyɛ aduhuam kronkron.
36 汝またその幾分を細に搗て我が汝に會ふところなる集會の幕屋の中にある律法の前にこれを供ふべし是は汝等において最も聖き者なり
Monyam bi mma ɛnyɛ muhumuhu na momfa bi nsi Apam Adaka no anim faako a mehyia mo wɔ Ahyiae Ntamadan no mu hɔ no. Saa aduhuam yi ne nea ɛyɛ kronkron koraa wɔ ne nyinaa mu.
37 汝が製るところの香は汝等その量をもてこれを自己のために製るべからず是は汝においてヱホバのために聖き者たるなり
Monnyɛ bi mfa, efisɛ wɔakora ama Awurade enti ɛsɛ sɛ moyɛ no kronkron.
38 凡て是に均き者を製りてこれを嗅ぐ者はその民の中より絶るべし
Obiara a ɔbɛyɛ bi afa no, wontwa no asu.”

< 出エジプト記 30 >