< アモス書 8 >

1 主ヱホバの我に示したまへるところ是のごとし 即ち熟したる果物一筐あり
Afei, deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: kɛntɛn a aduaba a abereɛ wɔ mu.
2 ヱホバわれにむかひてアモス汝何を見るやと言たまひければ熟したる果物一筐を見ると答へしにヱホバ我に言たまはく我民イスラエルの終いたれり 我ふたたび彼らを見過しにせじ
Ɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu, Amos?” Mebuaa sɛ, “Kɛntɛn a wɔde nnuaba a abereɛ ahyɛ no ma.” Ɛna Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Me nkurɔfoɔ Israelfoɔ berɛ no aso; meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn bio.”
3 主ヱホバ言たまふ 其日には宮殿の歌は哀哭に變らん 死屍おびただしくあり 人これを遍き處に投棄ん 默せよ
Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Saa ɛda no, asɔrefie nnwontoɔ bɛdane menabɔ. Wɔbɛbɔ afunu bebree apete baabiara! Enti yɛ komm!”
4 汝ら喘ぎて貧しき者に迫り且地の困難者を滅す者よ之を聽け
Montie saa asɛm yi, mo a motiatia mmɔborɔwafoɔ so, na mopam ahiafoɔ firi wɔn asase so,
5 汝らは言ふ月朔は何時過去んか 我等穀物を賣んとす 安息日は何時過去んか 我ら麥倉を開かんとす 我らエパを小くしシケルを大くし僞の權衡をもて欺く事をなし
na moka sɛ, “Ɛberɛ bɛn na ɔbosome foforɔ bɛtwam ama yɛatɔn aduane, na Homeda bɛba awieeɛ ama yɛadi ayuo dwa?” Sɛ mobɛhyɛ susukora mu na moatoto ɛboɔ so na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfoɔ,
6 銀をもて賤しき者を買ひ鞋一足をもて貧き者を買ひかつ屑麥を賣いださんと
na mode dwetɛ atɔ ahiafoɔ na mmɔborɔwafoɔ nso moatɔn wɔn agye mpaboa, na moapra ayuo ase afra ayuo mu atɔn.
7 ヱホバ、ヤコブの榮光を指て誓ひて言たまふ 我かならず彼等の一切の行爲を何時までも忘れじ
Awurade de Yakob ahohoahoa aka ntam sɛ: “Me werɛ remfiri biribiara a wɔayɛ da.
8 之がために地震はざらんや地に住る者みな哭かざらんや 地みな河のごとく噴あがらん エジプトの河のごとく湧あがり又沈まん
“Asase renwoso wɔ deɛ asie yi ho anaa, na wɔn a wɔte mu nyinaa ntwa adwo anaa? Asase no nyinaa bɛpagya ne ho te sɛ Nil ɛbubu afa so, na asane atwe bio te sɛ Misraim asubɔnten.”
9 主ヱホバ言たまふ其日には我日をして眞晝に沒せしめ地をして白晝に暗くならしめ
Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Saa ɛda no, mɛma owia atɔ owigyinaeɛ, na mama esum aduru asase so awia ketee.
10 汝らの節筵を悲傷に變らせ汝らの歌を盡く哀哭に變らせ一切の人に麻布を腰に纒はしめ一切の人に頂を剃しめ其日をして獨子を喪へる哀傷のごとくならしめ其終をして苦き日のごとくならしめん
Mɛdane mo nyamesom apontoɔ ama ayɛ awerɛhoɔdie na mo nnwontoɔ nyinaa adane osu. Mɛma mo nyinaa afira ayitoma na mayi mo tirinwi. Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba korɔ ho awerɛhoɔdie da na awieeɛ no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono.
11 主ヱホバ言たまふ 視よ日至らんとす その時我饑饉たを此國におくらん 是はパンに乏しきに非ず 水に渇くに非ず ヱホバの言を聽ことの饑饉なり
“Nna no reba” sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Mɛma ɛkɔm aba asase no so, ɛnnyɛ aduane ɛkɔm anaa nsukɔm, na mmom, Awurade asɛm ho ɛkɔm.
12 彼らは海より海とさまよひ歩き北より東と奔まはりてヱホバの言を求めん 然ど之を得ざるべし
Nnipa bɛtɔ ntentan akyinkyin firi ɛpo so akɔ ɛpo so na wɔakyinkyini afiri atifi fam akɔ apueeɛ fam, sɛ wɔrekɔhwehwɛ Awurade asɛm, nanso wɔrenhunu.
13 その日には美しき處女も少き男もともに渇のために絶いらん
“Na saa da no “mmabaawa ahoɔfɛfoɔ ne mmarimaa ahoɔdenfoɔ bɛtotɔ baha ɛsiane osukɔm enti.
14 かのサマリヤの罪を指て誓ひダンよ汝の神は活くと言ひまたベエルシバの路は活くと言る者等は必ず仆れん 復興ることあらじ
Wɔn a wɔde Samaria aniwuo abosom ka ntam, anaa wɔde Dan ne Beer-Seba abosom ka ntamka no, wɔbɛhwehwe ase na wɔrensɔre bio.”

< アモス書 8 >