< 歴代誌Ⅱ 34 >

1 ヨシアは八歳の時位に即きヱルサレムにて三十一年の間世を治めたり
Yosia bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia nwɔtwe, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduasa baako.
2 彼はヱホバの善と觀たまふ事を爲しその父ダビデの道にあゆみて右にも左にも曲らざりき
Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, yɛɛ deɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no bi. Wamfiri adeteneneeyɛ ho.
3 即ち尚若かりしかどもその治世の八年にその父ダビデの神を求むる事を始めその十二年には崇邱アシラ像刻たる像鋳たる像などを除きてユダとヱルサレムを潔むることを始め
Yosia hyɛɛ aseɛ hwehwɛɛ ne tete agya Dawid Onyankopɔn akyiri ɛkwan wɔ ɛberɛ a na ɔda so yɛ abɔfra a wadi adeɛ mfeɛ nwɔtwe. Na ne mfeɛ dumienu so no, ɔdwiraa Yuda ne Yerusalem, sɛee abosonsom asɔreeɛ nyinaa, Asera afɔrebukyia, ahoni a wɔasene ne nsɛsodeɛ a wɔagu no nyinaa.
4 諸のバアルの壇を己の前にて毀たしめ其上に立る日の像を斫たふしアシラ像および雕像鋳像を打碎きて粉々にし是等に犠牲を献げし者等の墓の上に其を撒ちらし
Ɔhwɛ ma wɔbubuu Baal nsɛsodeɛ afɔrebukyia no ne nnuhwam afɔrebukyia no nyinaa guiɛ. Ɔmaa wɔdwerɛɛ Asera afɔrebukyia, ahoni a wɔasene ne nsɛsodeɛ a wɔagu no nyinaa, na wɔto petee awufoɔ a wɔbɔɔ afɔdeɛ maa wɔn no damena so.
5 祭司の骨をその諸の壇の上に焚き斯してユダとヱルサレムを潔めたり
Afei, ɔhyee abosomfoɔ nnompe. Ɔhyee no wɔn ankasa afɔrebukyia so, nam so dwiraa Yuda ne Yerusalem ho.
6 またマナセ、エフライム、シメオンおよびナフタリの荒たる邑々にも斯なし
Ɔyɛɛ saa ara wɔ Manase, Efraim ne Simeon nkuro so, kɔeɛ ara mpo, kɔduruu Naftali.
7 諸壇を毀ちアシラ像および諸の雕像を微塵に打碎きイスラエル全國の日の像を盡く斫たふしてヱルサレムに歸りぬ
Ɔsɛee abosonsomfoɔ afɔrebukyia, Asera afɔrebukyia, na ɔyam ahoni no muhumuhu. Ɔdwirii nnuhwam afɔrebukyia a ɛwɔ Israelman mu nyinaa, na ɔsane kɔɔ Yerusalem.
8 ヨシアその治世の十八年にいたりて已に國と殿とを潔め了りその神ヱホバの家を修繕はしめんとてアザリヤの子シヤパン邑の知事マアセヤおよびヨアハズの子史官ヨアを遣せり
Nʼadedie mfeɛ dunwɔtwe so no a ɔwiee asase no ne asɔredan no ho dwira no, Yosia yii Asalia babarima Safan, Maaseia a ɔyɛ Yerusalem amrado ne Yoahas babarima Yoa, adehyeɛ abakɔsɛm twerɛfoɔ, sɛ wɔnsiesie Awurade, ne Onyankopɔn asɔredan no.
9 彼ら祭司の長ヒルキヤの許に至りてヱホバの室に入し金を交せり是は門守のレビ人がマナセ、エフライムおよび其餘の一切のイスラエル人ならびにユダとベニヤミンの人およびヱルサレムの民の手より斂めたる者なり
Wɔde sika a Lewifoɔ a wɔsom sɛ aponoanohwɛfoɔ agyegye wɔ Onyankopɔn Asɔredan no ho maa ɔsɔfopanin Hilkia. Manase ne Efraim nkurɔfoɔ ne Israel nkaeɛfoɔ nyinaa ne Yuda ne Benyamin ne Yerusalemfoɔ na wɔde akyɛdeɛ no baeɛ.
10 やがてヱホバの室を監督するところの工師等の手にこれを交しければ彼等ヱホバの室にて操作ところの工人にこれを交して室を繕ひ修めしむ
Ɔde sika no maa nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ nsiesie Awurade Asɔredan no. Na wɔtuaa wɔn a wɔyɛɛ adwuma no ka.
11 即ち木匠および建築者に之を交しユダの王等が壞りたる家々のために琢石および骨木を買しめ梁木をととのはしむ
Wɔbɔɔ nnua dwumfoɔ ne adansifoɔ paa, tɔɔ aboɔ a wɔatwa a wɔde bɛsiesie afasuo no ne nnua a wɔde bɛyɛ nsamsoɔ ne mpunan. Wɔsiesiee deɛ anka Yuda ahemfo a wɔdii ɛkan no rema asɛe no.
12 その人々忠實に操作けりその監督者はメラリの子孫たるヤハテ、オバデヤおよびコハテの子孫たるゼカリヤ、メシユラムなどのレビ人なりき彼等すなはち之を主どる又樂器を弄ぶに精巧なるレビ人凡て之に伴なふ
Adwumayɛfoɔ no de nokorɛdie yɛɛ adwuma. Yahat ne Obadia a wɔyɛ Lewifoɔ a wɔfiri Merarifoɔ abusua mu, ne Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ Lewifoɔ a wɔfiri Kohatfoɔ abusua mu na wɔhwɛɛ adwumafoɔ no so. Lewifoɔ a aka a wɔn nyinaa wɔ nnwontodeɛ ho nimdeɛ no,
13 彼等亦荷を負ものを監督し種々の工事に操作ところの諸の工人をつかさどれり別のレビ人書記となり役人となり門守となれり
wɔmaa wɔyɛɛ sohwɛfoɔ maa adwumayɛfoɔ akuo hodoɔ. Na afoforɔ bi nso yɛɛ adwuma sɛ atwerɛfoɔ, mpanimfoɔ ne aponoanohwɛfoɔ.
14 ヱホバの室にいりし金を取いだすに當りて祭司ヒルキヤ、モーセの傳へしヱホバの律法の書を見いだせり
Na ɔsɔfopanin Hilkia retwerɛtwerɛ sika a wɔagyegye wɔ Awurade Asɔredan no ho no, ɔhunuu Awurade mmara nwoma a wɔnam Mose so de maeɛ no.
15 ヒルキヤ是において書記官シヤパンにきて言けるは我ヱホバの室にて律法の書を見いだせりと而してヒルキヤその書をシヤパンに付しければ
Na Hilkia ka kyerɛɛ Safan a ɔyɛ asɛnnie twerɛfoɔ no sɛ, “Mahunu mmara nwoma no wɔ Awurade Asɔredan no mu.” Na Hilkia de nwoma mmobɔeɛ no maa Safan.
16 シヤパンその書を王の所に持ゆき王に復命まうして言ふ僕等その手に委ねられし所を盡く爲し
Safan de nwoma mmobɔeɛ no kɔmaa ɔhene kaa sɛ, “Wo mpanimfoɔ no reyɛ biribiara a wɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
17 ヱホバの室にありし金を打あけて之を監督者の手および工人の手に交せりと
Sika a wɔgyegyee no Awurade Asɔredan no mu no, wɔde ama sohwɛfoɔ ne adwumayɛfoɔ no.”
18 書記官シヤパン亦王に告て祭司ヒルキヤ我に一の書を交せりと言ひシヤパンそれを王の前に讀けるに
Safan ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɔsɔfopanin Hilkia de nwoma mmobɔeɛ bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene.
19 王その律法の言を聞て衣服を裂り
Ɛberɛ a ɔhene no tee mmara no mu nsɛm no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu.
20 而して王ヒルキヤとシヤパンの子アヒカムとミカの子アブドンと書記官シヤパンと王の内臣アサヤとに命じて言ふ
Afei, ɔhyɛɛ Hilkia, Safan babarima Ahikam, Mika babarima Abdon, asɛnnie twerɛfoɔ Safan ne ɔhene ɔfotufoɔ Asaia sɛ,
21 汝ら往てこの見當りし書の言につきて我の爲またイスラエルとユダに遺れる者等のためにヱホバに問へ我らの先祖等はヱホバの言を守らず凡て此書に記されたる所を行ふことを爲ざりしに因てヱホバ我等に大なる怒を斟ぎ給ふべければなりと
“Monkɔ Asɔredan no mu na mo ne Awurade nkɔkasa mma me ne Israel ne Yuda nkaeɛfoɔ nyinaa. Mommisa no nsɛm a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma mmobɔeɛ a wɔahunu no ho nsɛm. Awurade abufuo aba yɛn so, ɛfiri sɛ, yɛn agyanom anni Awurade asɛm so. Yɛnyɛ deɛ nwoma mmobɔeɛ yi ka sɛ yɛnyɛ.”
22 是においてヒルキヤおよび王の人々シヤルムの妻なる女預言者ホルダの許に往りシヤルムはハルハスの子なるテクワの子にして衣裳を守る者なり時にホルダはヱルサレムの第二の邑に住をれり彼等すなはちホルダに斯と語りしかば
Hilkia ne mmarima a aka no kɔɔ odiyifoɔ baa Hulda a na ɔyɛ Tikwa babarima Salum yere ne Hasra a na ɔhwɛ Asɔredan mu adakaten so no nana nkyɛn, wɔ Yerusalem fa bi a wɔfrɛ hɔ sɛ Misne.
23 ホルダこれに答へけるはイスラエルの神ヱホバかく言たまふ汝らを我に遣はせる人に告よ
Ɔbaa no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade, Israel Onyankopɔn, akasa! Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no sɛ,
24 ヱホバかく言たまふユダの王の前に讀し書に記されたる諸の呪詛に循ひて我この處と此に住む者に災害を降さん
‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, mɛsɛe saa kuro yi ne emu nnipa. Nnome a wɔatwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ a moakenkane yi mu nyinaa bɛba mu.
25 其は彼ら我を棄て他の神に香を焚きおのが手にて作れる諸の物をもて我怒を惹起さんとしたればなりこの故にわが震怒この處に斟ぎて滅ざるべし
Ɛfiri sɛ, nnipa a wɔwɔ Yuda apa me na wɔsom abosonsomfoɔ anyame. Ɛno enti, me bo afu wɔn yie wɔ biribiara a wɔayɛ ho. Mʼabufuo bɛhwie agu saa beaeɛ ha, na biribiara rentumi nsi ano.’
26 されど汝らを遣はしてヱホバに問しむるユダの王には汝ら斯いふべしイスラエルの神ヱホバかく言たまふ汝が聞る言につきては
Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo sɛ monkɔhwehwɛ Awurade no nkyɛn, na monka nkyerɛ no sɛ, ‘Yei na Awurade, Israel Onyankopɔn, ka fa asɛm a motee seesei no ho.
27 汝此處と此にすむ者を責る神の言を聞し時に心やさしくして神の前に於て身を卑くし我前に身を卑くし衣服を裂て我前に泣たれば我も汝に聽りとヱホバ宣まふ
Ɛberɛ a wotee asɛm a meka de tiaa saa kuropɔn yi ne emu nnipa no, ɛhaa wo, maa wobrɛɛ wo ho ase Onyankopɔn anim. Wobrɛɛ wo ho ase, de ahometeɛ sunsuanee wʼatadeɛ mu, de ahonu suu wɔ mʼanim. Enti, nokorɛm, mate wo nne, Awurade na ɔseɛ.
28 然ば我汝をして汝の先祖等に列ならしめん汝は安然に墓に歸する事を得べし汝は我が此處と此に住む者に降すところの諸の災害を目に見る事あらじと彼等即ち王に復命まうしぬ
Meremma amanehunu a mahyehyɛ atia kuropɔn yi ne emu nnipa no mma mu, kɔsi sɛ wobɛwu na wɔasie wo asomdwoeɛ mu. Worenhunu amanehunu a mede bɛba beaeɛ yi so.’” Enti, wɔsane de ɔbaa no nkra kɔmaa ɔhene no.
29 是において王人を遣はしてユダとヱルサレムの長老をことごとく集め
Na ɔhene no frɛɛ ntuanofoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem nyinaa.
30 而して王ヱホバの室に上りゆけりユダの人々ヱルサレムの民祭司レビ人及び一切の民大より小にいたるまでことごとく之にともなふ王すなはちヱホバの室に見あたりし契約の書の言を盡く彼らの耳に讀聞せ
Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfoɔ nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ, nnipa no nyinaa, firi ɔkɛseɛ so kɔsi akumaa so, kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkanee apam nwoma a wɔhunuu no Awurade Asɔredan mu no kyerɛɛ wɔn.
31 而して王己の所に立ちてヱホバの前に契約を立てヱホバにしたがひて歩み心を盡し精神を盡してその誡命と證詞と法度を守り此書にしるされたる契約の言を行はんと言ひ
Ɔhene no gyinaa nʼafa wɔ afadum no nkyɛn, na ɔtii apam no mu wɔ Awurade anim. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔfiri nʼakoma ne ne kra nyinaa mu bɛdi Awurade ɔhyɛ nsɛm, ahyɛdeɛ ne mmara so. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, ɔbɛdi apam no mu nhyehyɛeɛ a wɔatwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ no mu no so.
32 ヱルサレムおよびベニヤミンの有ゆる人々をみな之に加はらしめたりヱルサレムの民すなはちその先祖の神にまします御神の契約にしたがひて行へり
Na ɔka kyerɛɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔwɔ Benyamin no sɛ, wɔnhyɛ bɔ saa ara. Ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem yɛɛ saa no, wɔde tii wɔne Onyankopɔn, wɔn agyanom Onyankopɔn apam no mu.
33 かくてヨシア、イスラエルの子孫に屬する一切の地より憎むべき者を盡く取のぞきイスラエルの有ゆる人をしてその神ヱホバに事まつらしめたりヨシアの世にある日の間は彼らその先祖の神ヱホバに從ひて離れざりき
Enti, Yosia yiyii ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ no firii Israel asase no nyinaa so. Na ɔhyɛɛ sɛ obiara nsom Awurade, wɔn Onyankopɔn. Na ne nkwa nna a aka no mu no nyinaa, wɔannane wɔn akyi ankyerɛ Awurade wɔn agyanom Onyankopɔn no da.

< 歴代誌Ⅱ 34 >