< 歴代誌Ⅱ 2 >

1 茲にソロモン、ヱホバの名のために一の家を建てまた己の國のために一の家を建んとし
Salomo hyɛɛ sɛ wonsi Awurade Asɔredan ne nʼankasa nʼahemfi.
2 ソロモンすなはち荷を負べき者七萬人山において木や石を斫べき者八萬人是等を監督すべき者三千六百人を數へ出せり
Ɔfaa apaafo mpem aduɔson ne abotwafo mpem aduɔwɔtwe fii bepɔw so aman mu ne nnipa mpem abiɛsa ne ahansia a wodi adwuma no anim.
3 ソロモンまづツロの王ヒラムに人を遣して言しめけるは汝はわが父ダビデにその住むべき家を建る香柏をおくれり請ふ彼になせしごとく亦我にもせよ
Salomo de nkra yi kɔmaa Tirohene Huram: “Brɛ me sida nnua te sɛ nea wɔde brɛɛ mʼagya Dawid, bere a na ɔresi nʼahemfi no.
4 今我わが神ヱホバの名のために一の家を建て之を聖別て彼に奉つり彼の前に馨しき香を焚き常に供前のパンを供へ燔祭を朝夕に献げまた安息日月朔ならびに我らの神ヱホバの節期などに献げんとす是はイスラエルの永く行ふべき事なればなり
Merebesi Asɔredan ahyɛ Awurade, me Nyankopɔn din anuonyam. Ɛbɛyɛ baabi bi a wɔayi asi hɔ sɛ wɔnhyew nnuhuam ne kurobow wɔ nʼanim, nna afɔrebɔde brodo sononko no adi, na wɔmmɔ ɔhyew afɔre ahorow homeda biara, anɔpa ne anwummere, Ɔsram Foforo biara afahyɛ ahorow ne Awurade yɛn Nyankopɔn nnapɔnna biara. Ɔno na wahyɛ Israel sɛ wɔnyɛ saa nneɛma yi daa daa.
5 我建る家は大なり其は我らの神は諸の神よりも大なればなり
“Eyi bɛyɛ Asɔredan a ɛso na ɛyɛ fɛ, efisɛ yɛn Nyankopɔn no yɛ ɔnwonwani a ɔso kyɛn ɔfoforo biara.
6 然ながら天も諸天の天も彼を容ること能はざれば誰か彼のために家を建ることを得んや我は何人ぞや爭か彼のために家を建ることを得ん唯彼の前に香を焚くためのみ
Hena na obetumi asi ofi a ɛfata ama no? Ɔsorosoro mpo ntumi nkora no. Na me sɛɛ ne hena a mesi asɔredan ama no? Nea metumi ayɛ ara ne sɛ mesi baabi a wɔbɛbɔ afɔre ama no.
7 然ば請ふ今金銀銅鐵の細工および紫赤靑の製造に精しく雕刻の術に巧なる工人一箇を我に遣り我父ダビデが備へおきたるユダとヱルサレムのわが工人とともに操作しめよ
“Enti ma me odwumfo a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a obetumi de sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae ne nnade adi adwinni; obi a onim sɛnea wɔhyɛ ntama aduru ma ɛyɛ bibiri, kɔkɔɔ ne tuntum ma ɛyɛ fɛ yiye ne sika dwumfo a wakwadaw adwuma mu, a ɔne Yuda ne Yerusalem adwumfo a mʼagya Dawid yii wɔn no bɛyɛ adwuma.
8 請ふ汝また香柏松木および白檀をレバノンより我におくれ我なんぢの僕等がレバノンにて木を斫ることを善するを知るなり我僕また汝の僕と共に操作べし
“Afei, fa sida, ɔpepaw ne ɔbako nnua fi Lebanon brɛ me, efisɛ, minim sɛ wo mmarima no akyi no, obi nni hɔ wɔ nnuabu mu; na mɛsoma me mmarima na wɔabɛboa wɔn.
9 是のごとくして我ために材木を多く備へしめよ其は我が建んとする家は高大を極むる者なるべければなり
Asɔredan a merebesi no kɛse ne ne fɛ a ɛbɛyɛ nti, nnua bebree ho behia me.
10 我は木を斫る汝の僕に搗麥二萬石大麥二萬石酒二萬バテ油二萬バテを與ふべしと
Mede atoko susukoraa mpem aduonu, nsa gyare mpem aduonu ne du ne ngo mpem aduonu betua wo mmarima no ka.”
11 是においてツロの王ヒラム書をソロモンにおくりて之に答へて云ふヱホバその民を愛するが故に汝をもて之が王となせりと
Ɛnna ɔhene Huram kyerɛw saa mmuae yi de kɔmaa Salomo: “Esiane sɛ Awurade dɔ ne nkurɔfo nti na ɔde wo asi wɔn so hene.
12 ヒラムまた言けるは天地の造主なるイスラエルの神ヱホバは讃べきかな彼はダビデ王に賢き子を與へて之に分別と才智とを賦け之をしてヱホバのために家を建てまた己の國のために家を建ることを得せしむ 今我わが達人ヒラムといふ才智ある工人一人を汝におくる
“Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase! Wama Dawid ɔba nyansafo a wadom no adwene ne ntease a obesi Asɔredan ama Awurade ne ahemfi ama nʼankasa ho.
“Merebrɛ wo odwumfo a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a wɔfrɛ no Huram-Abi. Ɔyɛ onyansafo ankasa
14 彼はダンの子孫たる婦の產る者にて其父はツロの人なるが金銀銅鐵木石の細工および紫布靑布細布赤布の織法に精しく又能く各種の雕刻を爲し奇巧を凝して諸の工をなすなり然ば彼を用ひてなんぢの工人および汝の父わが主ダビデの工人とともに操作しめよ
a ɔyɛ ɔbea bi a ofi Dan a ɛwɔ Israel babarima; nʼagya nso fi Tiro. Ɔyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae ne nnade dwumfo ankasa. Na ɔwɔ abotwa, nnua adwinni ne ntamanwen ho nyansa nso. Ɔyɛ ɔbenfo wɔ ntama bibiri, tuntum ne kɔkɔɔ hyɛ mu. Na otumi de sirikyitam di dwuma nso. Afei nso, ɔyɛ sika dwumfo a otumi di adwinni biara a wɔde ma no. Ɔne wʼadwumfo ne wɔn a me wura Dawid a ɔyɛ wʼagya no yii wɔn no bɛyɛ adwuma.
15 是については我主の宣まへる小麥大麥油および酒をその僕等に遣りたまへ
“Fa atoko, ngo ne nsa a wokaa ho asɛm no bra.
16 汝の凡て需むるごとく我らレバノンより木を斫いだしこれを筏にくみて海よりヨツバにおくるべければ汝これをヱルサレムに運びのぼりたまへと
Nnua biara a ɛho hia no, yebetwa afi Lebanon mmepɔw so, na yɛde ayɛ mpata agu asu ani, fi Ntam Po no mpoano akosi Yopa. Na efi hɔ no, wubetumi de akɔ Yerusalem.”
17 ここにおいてソロモンその父ダビデが核數しごとくイスラエルの國にをる異邦人をことごとく核數みるに合せて十五萬三千六百人ありければ
Salomo kan ahɔho dodow a wɔwɔ Israel asase so, te sɛ nea nʼagya kenkan nnipa no. Onyaa nnipa mpem ɔha aduonum abiɛsa ne ahansia.
18 その七萬人をもて荷を負ふ者となし八萬人をもて山にて木や石を斫る者となし三千六百人をもて民を操作かしむる監督者となせり
Ɔmaa wɔn mu mpem aduɔson yɛɛ apaafo. Wɔn mu mpem aduɔwɔtwe yɛɛ abotwafo wɔ wɔn mmepɔw nkurow no so, na wɔn mu mpem abiɛsa ne ahansia yɛɛ wɔn a wodi nnwuma no anim.

< 歴代誌Ⅱ 2 >