< コリント人への手紙第一 6 >

1 汝 等のうち互に事あるとき、之を聖徒の前に訴へずして、正しからぬ者の前に訴ふることを敢へてする者あらんや。
Sɛ akasakasa ba onua ne onua ntam a, adɛn enti na mokɔ abosonsomfoɔ atemmufoɔ anim ma wɔbu mo atɛn ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ moma ateneneefoɔ siesie mo ntam?
2 汝ら知らぬか、聖徒は世を審くべき者なるを。世もし汝らに審かれんには、汝ら最 小き事を審くに足らぬ者ならんや。
Monnim sɛ ateneneefoɔ na wɔbɛbu ewiase atɛn? Na sɛ, ɛsɛ sɛ mobu ewiase atɛn a, morentumi mmu nsɛm nketenkete atɛn?
3 なんぢら知らぬか、我らは御使を審くべき者なるを、ましてこの世の事をや。
Monnim sɛ yɛbɛbu abɔfoɔ atɛn? Mpɛn ahe na yɛmmu asetena mu nneɛma atɛn?
4 然るに汝ら審くべき此の世の事のあるとき、教會にて輕しむる所の者を審判の座に坐らしむるか。
Na sɛ nsɛm a ɛte saa ba a, nnipa a wɔnni dibea wɔ asafo no mu na mobɛma wɔasiesie?
5 わが斯く言ふは汝らを辱しめんとてなり。汝 等のうちに兄弟の間のことを審き得る智きもの一人だになく、
Ɛyɛ animguaseɛ ma no! Menim yie sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, onyansafoɔ baako bi wɔ mo mu a ɔbɛtumi adi onua ne onua ntam asɛm.
6 兄弟は兄弟を、而も不 信者の前に訴ふるか。
Ɛyɛ sɛ wɔfa saa ɛkwan yi so anaa, sɛ onua de onua bɛkɔ asɛnniiɛ ma wɔn a wɔnni gyidie bɛdi abua wɔn asɛm?
7 互に相 訴ふるは既に當しく汝らの失態なり。何 故むしろ不義を受けぬか、何 故むしろ欺かれぬか。
Sɛ motumi de mo ho mo ho kɔ asɛnniiɛ no kyerɛ sɛ moadi nkoguo dada. Anka ɛyɛ sɛ obi bɛsisi mo anaa sɛ ɔbɛyɛ mo bɔne mmom.
8 然るに汝ら不義をなし、詐欺をなし、兄弟にも之を爲す。
Nanso, mo ara motwa mo ho yɛ mo ho mo ho bɔne, sisi mo ho ne mo nuanom mpo.
9 汝ら知らぬか、正しからぬ者の神の國を嗣ぐことなきを。自ら欺くな、淫行のもの、偶像を拜むもの、姦淫をなすもの、男娼となるもの、男色を行ふ者、
Mo ara monim sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ no renkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu. Monnnaadaa mo ho; mo a mo suban nyɛ, anaa mo a mosom ahoni, anaa adwamanfoɔ anaa mmarima a wɔne mmarima da,
10 盜するもの、貪欲のもの、酒に醉ふもの、罵るもの、奪ふ者などは、みな神の國を嗣ぐことなきなり。
anaa adifudepɛfoɔ, anaa aniberefoɔ, anaa akɔwensafoɔ, anaa mo a mosɛe afoforɔ din, anaa akorɔmfoɔ no mu biara no rennya kyɛfa biara wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.
11 汝 等のうち曩には斯くのごとき者ありしかど、主イエス・キリストの名により、我らの神の御靈によりて、己を洗ひかつ潔められ、かつ義とせらるることを得たり。
Na mo mu bi te saa. Nanso, wɔahohoro mo bɔne. Wɔde mo ama Onyankopɔn. Ɛnam Honhom Kronkron no ne Awurade Yesu Kristo din mu enti, wɔasiesie mo ne Onyankopɔn ntam.
12 一切のもの我に可からざるなし、然れど一切のもの益あるにあらず。一切のもの我に可からざるなし、されど我は何 物にも支配せられず、
Obi se, “Mewɔ ho ɛkwan sɛ meyɛ deɛ mepɛ.” Ɛwom saa; nanso ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ ma wo. Mɛtumi aka sɛ, “Mewɔ ho ɛkwan sɛ meyɛ biribiara.” Nanso meremma biribiara ho ɛkwan ma ɛmfa me akoa.
13 食物は腹のため、腹は食物のためなり。されど神は之をも彼をも亡し給はん。身は淫行をなさん爲にあらず、主の爲なり、主はまた身の爲なり。
Obi foforɔ nso bɛka sɛ, “Aduane wɔ hɔ ma yafunu na yafunu nso wɔ hɔ ma aduane.” Ɛyɛ nokorɛ; nanso Onyankopɔn bɛma ne nyinaa aba awieeɛ. Ɛnsɛ sɛ onipa de ne onipadua ma adwamammɔ, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔde som Awurade, ɛfiri sɛ onipadua no yɛ Onyankopɔn dea.
14 神は既に主を甦へらせ給へり、又その能力をもて我等をも甦へらせ給はん。
Onyankopɔn maa Awurade sɔre firii awufoɔ mu na ɔno nso nam ne tumi so bɛma yɛn nso asɔre afiri awufoɔ mu.
15 汝らの身はキリストの肢體なるを知らぬか、然らばキリストの肢體をとりて遊女の肢體となすべきか、決して然すべからず。
Monnim sɛ mo onipadua no yɛ Kristo onipadua no fafa bi anaa? Memfa Kristo onipadua fa bi mmɔ obi a ɔbɔ adwaman onipadua ho anaa? Dabi.
16 遊女につく者は彼と一つ體となることを知らぬか『二人のもの一體となるべし』と言ひ給へり。
Anaa ebia na monnim sɛ onipa a ɔde ne ho bɔ adwamanfoɔ ho nso yɛ odwamanfoɔ? Atwerɛsɛm no da no adi sɛ, “Wɔn baanu no nyinaa yɛ onipadua korɔ.”
17 主につく者は之と一つ靈となるなり。
Nanso, onipa a wɔde no abata Awurade ho no ne no yɛ baako wɔ honhom mu.
18 淫行を避けよ。人のをかす罪はみな身の外にあり、されど淫行をなす者は己が身を犯すなり。
Mommmɔ adwaman. Bɔne biara a onipa bɛyɛ no nka ne onipadua no, nanso onipa a ɔbɔ adwaman no sɛe ɔno ankasa ne onipadua.
19 汝らの身は、その内にある神より受けたる聖 靈の宮にして、汝らは己の者にあらざるを知らぬか。
Monnim sɛ mo onipadua no yɛ Honhom Kronkron a ɔte mo mu, a Onyankopɔn na ɔde maa mo no asɔredan? Na monne mo ho;
20 汝らは價をもて買はれたる者なり、然らばその身をもて神の榮光を顯せ。
ɔtɔɔ mo aboɔden. Enti momfa mo onipadua no nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.

< コリント人への手紙第一 6 >