< Ézsaiás 31 >

1 Jaj nékik, a kik Égyiptomba mennek segítségért, lovakra támaszkodnak, és a szekerek sokaságában bíznak, és a nagyon erős lovagokban; és nem néznek Izráelnek Szentjére, és az Urat nem keresik.
Wonnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔhwehwɛ mmoa, wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so, wɔn a wogye wɔn nteaseɛnam dodow ne wɔn apɔnkɔsotefo ahoɔden mmoroso no di, na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no, anaasɛ wɔmpɛ mmoa mfi Awurade hɔ.
2 De Ő is bölcs, és hoz veszedelmet, és beszédeit nem változtatja meg; hanem fölkel a gonoszoknak háza ellen és a bűnt cselekvők segítsége ellen.
Nanso Awurade yɛ onyansafo a obetumi de ɔhaw aba; ɔnsesa nʼano. Ɔbɛsɔre atia amumɔyɛfo fi, ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfo.
3 Hiszen Égyiptom ember és nem Isten, és lovai hús és nem lélek, és ha az Úr kinyújtja kezét, megtántorodik a segítő, és elesik a megsegített, és együtt mind elvesznek.
Na Misraimfo yi yɛ nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn. Wɔn apɔnkɔ yɛ ɔhonam na wɔnyɛ honhom. Sɛ Awurade teɛ ne nsa a, ɔboafo bɛwatiri na nea wɔboa no no bɛhwe ase; wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe.
4 Mert így szólott az Úr hozzám: A mint mormol az oroszlán és az oroszlánkölyök zsákmánya mellett, a mely ellen összehívatnak a pásztorok sereggel, és szavoktól ő meg nem retten, és meg nem ijed sokaságuktól: így száll alá a seregek Ura, hogy hadakozzék a Sion hegyén és halmán!
Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me: “Sɛnea gyata woro so, sɛnea gyata kokroo woro so gu ne hanam so no a mpo sɛ wɔfrɛ nguanhwɛfo dɔm kɔ no so a, wɔn nteɛteɛmu mmɔ no hu na wɔn huuyɛ nso nhaw no no, saa ara na Asafo Awurade besian abɛko wɔ Sion Bepɔw ne ne sorɔnsorɔmmea so.
5 Mint repeső madarak, úgy oltalmazza a seregek Ura Jeruzsálemet, oltalmazván megszabadítja, kimélvén megmenti.
Sɛnea nnomaa tu gyina faako wɔ wim no saa ara na Asafo Awurade bɛbɔ Yerusalem ho ban; ɔbɛbɔ ne ho ban na wagye no, obegyaa no na wagye no asi hɔ.”
6 Térjetek vissza hát hozzá, a kitől oly nagyon elpártolátok, Izráelnek fiai!
Monsan nkɔ nea moayɛ dɔm atia no no nkyɛn, Israelfo.
7 Mivel ama napon megveti mindenki ezüst bálványait és arany bálványait, a melyeket kezeitek csináltak néktek bűnre.
Da no mo mu biara bɛpo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a mode mo nsa a ɛho agu fi ayɛ no.
8 És elesik Assiria, nem férfiú kardjától, és nem ember kardja emészti meg azt; és fut egy kard előtt, és ifjai adófizetők lesznek;
“Asiria bɛhwe ase wɔ afoa a ɛnyɛ onipa de ano; afoa a ɛnyɛ onipa de bɛsɛe wɔn. Wobeguan afi afoa no ano na wɔbɛma wɔn mmerante ayɛ ɔhyɛ adwuma.
9 És kőszála félelem miatt menekül, és a zászlótól fejedelmei elfutnak, szól az Úr, a kinek tüze Sionban van, és kemenczéje Jeruzsálemben.
Wɔn abandennen bebubu, ehu nti; wohu akofo frankaa a, wɔn asraafo mpanyimfo bɛbɔ huboa,” sɛɛ na Awurade se, nea ne gya wɔ Sion, na ne fononoo si Yerusalem no.

< Ézsaiás 31 >