< במדבר 26 >

ויהי אחרי המגפה ויאמר יהוה אל משה ואל אלעזר בן אהרן הכהן לאמר׃ 1
Ɔyaredɔm no akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfoɔ Aaron babarima Eleasa sɛ,
שאו את ראש כל עדת בני ישראל מבן עשרים שנה ומעלה לבית אבתם כל יצא צבא בישראל׃ 2
“Monkan Israelfoɔ mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa nyinaa na monhwɛ dodoɔ a wɔbɛtumi akɔ ɔsa wɔ abusua biara mu.”
וידבר משה ואלעזר הכהן אתם בערבת מואב על ירדן ירחו לאמר׃ 3
Saa ɛberɛ no, na Israelman no nyinaa abɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so, wɔ Asubɔnten Yordan ho a na wɔne Yeriko di nhwɛanimu. Enti Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa kaa nhyehyɛeɛ a ɛfa nnipakan no ho kyerɛɛ Israelfoɔ ntuanofoɔ no sɛ,
מבן עשרים שנה ומעלה כאשר צוה יהוה את משה ובני ישראל היצאים מארץ מצרים׃ 4
“Monkan mmarima a wɔwɔ Israel a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.” Sɛdeɛ nnipakan no a ɛfa Israel mma a wɔfiri Misraim baeɛ no ano kɔsiiɛ nie.
ראובן בכור ישראל בני ראובן חנוך משפחת החנכי לפלוא משפחת הפלאי׃ 5
Yeinom ne mmusua a wɔyɛ Yakob babarima panin Ruben asefoɔ: Hanokfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hanok; Palufoɔ abusua, wɔde too a wɔn tete agya Palu;
לחצרן משפחת החצרוני לכרמי משפחת הכרמי׃ 6
Hesronfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hesron; Karmifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Karmi.
אלה משפחת הראובני ויהיו פקדיהם שלשה וארבעים אלף ושבע מאות ושלשים׃ 7
Mmarima a na wɔwɔ Ruben mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan mmiɛnsa ahanson aduasa.
ובני פלוא אליאב׃ 8
Na Palu yɛ Eliab aseni,
ובני אליאב נמואל ודתן ואבירם הוא דתן ואבירם קרואי העדה אשר הצו על משה ועל אהרן בעדת קרח בהצתם על יהוה׃ 9
na Nemuel na ɔwoo Eliab, Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi ara na wɔyɛ nnipa no ntuanofoɔ a wɔne Kora yɛɛ adwene tiaa Mose ne Aaron, de buu Awurade animtia.
ותפתח הארץ את פיה ותבלע אתם ואת קרח במות העדה באכל האש את חמשים ומאתים איש ויהיו לנס׃ 10
Na asase mu bue menee wɔn ne Kora. Egya firi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifoɔ ahanu aduonum. Yei yɛɛ kɔkɔbɔ maa Israelman nyinaa.
ובני קרח לא מתו׃ 11
Nanso, Kora mmammarima deɛ, wɔanwuwu da no.
בני שמעון למשפחתם לנמואל משפחת הנמואלי לימין משפחת הימיני ליכין משפחת היכיני׃ 12
Yeinom ne mmusua a wɔfiri Simeon mmammarima mu: Nemuelfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Nemuel. Yaminfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yamin. Yakinfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakin.
לזרח משפחת הזרחי לשאול משפחת השאולי׃ 13
Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah; Saulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Saulo.
אלה משפחת השמעני שנים ועשרים אלף ומאתים׃ 14
Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu ne ahanu.
בני גד למשפחתם לצפון משפחת הצפוני לחגי משפחת החגי לשוני משפחת השוני׃ 15
Yeinom ne mmusua a wɔfiri Gad mmammarima mu: Sefonfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sefon; Hagifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hagi. Sunifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suni.
לאזני משפחת האזני לערי משפחת הערי׃ 16
Osnifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni. Erifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eri;
לארוד משפחת הארודי לאראלי משפחת האראלי׃ 17
Arodfoɔ abusua, wɔde too wɔn agya Arod. Arelifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Areli.
אלה משפחת בני גד לפקדיהם ארבעים אלף וחמש מאות׃ 18
Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan ne ahanum.
בני יהודה ער ואונן וימת ער ואונן בארץ כנען׃ 19
Na Yuda wɔ mmammarima baanu a wɔn edin de Er ne Onan a na wɔawuwu wɔ Kanaan asase so.
ויהיו בני יהודה למשפחתם לשלה משפחת השלני לפרץ משפחת הפרצי לזרח משפחת הזרחי׃ 20
Nanso, mmusua a ɛdidi so yi firi Yuda mmammarima a na wɔte ase no ase. Selafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela. Peresfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres. Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah.
ויהיו בני פרץ לחצרן משפחת החצרני לחמול משפחת החמולי׃ 21
Yeinom ne mmusua nketewa wɔfiri Peresfoɔ ase. Hesronfoɔ abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron. Hamulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul.
אלה משפחת יהודה לפקדיהם ששה ושבעים אלף וחמש מאות׃ 22
Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduɔson nsia ne ahanum.
בני יששכר למשפחתם תולע משפחת התולעי לפוה משפחת הפוני׃ 23
Yeinom ne mmusua a wɔfiri Isakar mmammarima ase: Tolafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola. Puwafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa.
לישוב משפחת הישובי לשמרן משפחת השמרני׃ 24
Yasubfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yasub. Simronfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Simron.
אלה משפחת יששכר לפקדיהם ארבעה וששים אלף ושלש מאות׃ 25
Mmarima a na wɔwɔ Isakar mmusua no mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia nan ne ahasa.
בני זבולן למשפחתם לסרד משפחת הסרדי לאלון משפחת האלני ליחלאל משפחת היחלאלי׃ 26
Yeinom ne mmusua a wɔfiri Sebulon mmammarima ase: Seredfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sered. Elonfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Elon. Yakleefoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakleel.
אלה משפחת הזבולני לפקדיהם ששים אלף וחמש מאות׃ 27
Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ne ahanum.
בני יוסף למשפחתם מנשה ואפרים׃ 28
Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua mmienu firii Yosef mu baeɛ.
בני מנשה למכיר משפחת המכירי ומכיר הוליד את גלעד לגלעד משפחת הגלעדי׃ 29
Manase asefoɔ: Makirfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Makir. Gileadfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya, Makir babarima, Gilead.
אלה בני גלעד איעזר משפחת האיעזרי לחלק משפחת החלקי׃ 30
Yeinom ne mmusua nketewa a wɔfiri Gileadfoɔ ase: Yeserfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yeser. Helekfoɔ abusua, wɔde too wɔn agya Helek.
ואשריאל משפחת האשראלי ושכם משפחת השכמי׃ 31
Asrielfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Asriel. Sekemfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sekem.
ושמידע משפחת השמידעי וחפר משפחת החפרי׃ 32
Semidafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Semida. Heferfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hefer.
וצלפחד בן חפר לא היו לו בנים כי אם בנות ושם בנות צלפחד מחלה ונעה חגלה מלכה ותרצה׃ 33
Na Hefer babarima Selofehad annya mmammarima nanso na ɔwɔ mmammaa a wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.
אלה משפחת מנשה ופקדיהם שנים וחמשים אלף ושבע מאות׃ 34
Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodoɔ yɛ mpem aduonum mmienu ne ahanson.
אלה בני אפרים למשפחתם לשותלח משפחת השתלחי לבכר משפחת הבכרי לתחן משפחת התחני׃ 35
Yeinom ne mmusua a wɔfiri Efraim mmammarima ase: Sutelafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela. Bekerfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker. Tahanfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan.
ואלה בני שותלח לערן משפחת הערני׃ 36
Na yei yɛ abusua nketewa a wɔfiri Sutela ase: Eranfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eran.
אלה משפחת בני אפרים לפקדיהם שנים ושלשים אלף וחמש מאות אלה בני יוסף למשפחתם׃ 37
Mmarima a na wɔwɔ Efraim mmusua nketewa no nyinaa mu dodoɔ yɛ mpem aduasa mmienu ne ahanum. Manase ne Efraim mmusua nyinaa yɛ Yosef asefoɔ.
בני בנימן למשפחתם לבלע משפחת הבלעי לאשבל משפחת האשבלי לאחירם משפחת האחירמי׃ 38
Yeinom ne mmusua a wɔfiri Benyamin mmammarima mu. Belafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Bela. Asbelfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Asbel. Ahiramfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Ahiram.
לשפופם משפחת השופמי לחופם משפחת החופמי׃ 39
Sufamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Sufam. Hufamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Hufam.
ויהיו בני בלע ארד ונעמן משפחת הארדי לנעמן משפחת הנעמי׃ 40
Yeinom ne mmusua a wɔfiri Belafoɔ mu. Ardfoɔ a wɔde too wɔn tete agya Ard. Naamanfoɔ a wɔde too wɔn tete agya Naaman.
אלה בני בנימן למשפחתם ופקדיהם חמשה וארבעים אלף ושש מאות׃ 41
Na mmarima a na wɔwɔ Benyamin mmusua no mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduanan enum ne ahansia.
אלה בני דן למשפחתם לשוחם משפחת השוחמי אלה משפחת דן למשפחתם׃ 42
Yei ne abusua a ɛfiri Dan babarima asefoɔ mu. Suhamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham. Na Dan mmusua no nyinaa yɛ Suhamfoɔ.
כל משפחת השוחמי לפקדיהם ארבעה וששים אלף וארבע מאות׃ 43
Mmarima a na wɔwɔ saa mmusua no mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ɛnan ne ahanan.
בני אשר למשפחתם לימנה משפחת הימנה לישוי משפחת הישוי לבריעה משפחת הבריעי׃ 44
Yeinom ne mmusua a wɔfiri Aser mmammarima mu. Yimnafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna. Isuifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui. Beriafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria.
לבני בריעה לחבר משפחת החברי למלכיאל משפחת המלכיאלי׃ 45
Yeinom ne mmusua a wɔfiri Beriafoɔ mu. Heberfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Heber. Malkielfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel.
ושם בת אשר שרח׃ 46
Na Aser wɔ ɔbabaa bi a ne din de Sera.
אלה משפחת בני אשר לפקדיהם שלשה וחמשים אלף וארבע מאות׃ 47
Mmarima a na wɔwɔ Aser mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan.
בני נפתלי למשפחתם ליחצאל משפחת היחצאלי לגוני משפחת הגוני׃ 48
Yeinom ne mmusua a wɔfiri Naftali mmammarima mu. Yakseelfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yakseel. Gunifoɔ abusua no, wɔde too wɔn agya Guni.
ליצר משפחת היצרי לשלם משפחת השלמי׃ 49
Yeserfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yeser. Silemfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Silem.
אלה משפחת נפתלי למשפחתם ופקדיהם חמשה וארבעים אלף וארבע מאות׃ 50
Mmarima a na wɔwɔ Naftali mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan enum ne ahanan.
אלה פקודי בני ישראל שש מאות אלף ואלף שבע מאות ושלשים׃ 51
Enti, nnipa dodoɔ a wɔkan wɔn no ano si mpem ahansia ne baako ahanson aduasa.
וידבר יהוה אל משה לאמר׃ 52
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
לאלה תחלק הארץ בנחלה במספר שמות׃ 53
“Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ.
לרב תרבה נחלתו ולמעט תמעיט נחלתו איש לפי פקדיו יתן נחלתו׃ 54
Ma abusua a ɛso no asase kɛseɛ na abusua a ɛsua no asase ketewa.
אך בגורל יחלק את הארץ לשמות מטות אבתם ינחלו׃ 55
Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Deɛ ɛsɛ sɛ ekuo biara nya no bɛgyina nʼagyanom abusuakuo edin dodoɔ so.
על פי הגורל תחלק נחלתו בין רב למעט׃ 56
Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ntonto wɔ agyapadeɛ no kyekyɛ so wɔ akuo akɛseɛ ne nketewa no mu.”
ואלה פקודי הלוי למשפחתם לגרשון משפחת הגרשני לקהת משפחת הקהתי למררי משפחת המררי׃ 57
Nnipakan no, na Lewifoɔ mmusua no mu nnipa nie: Wɔde Gersonfoɔ too wɔn tete agya Gerson. Wɔde Kohatfoɔ too wɔn tete agya Kohat. Wɔde Merarifoɔ too wɔn tete agya Merari.
אלה משפחת לוי משפחת הלבני משפחת החברני משפחת המחלי משפחת המושי משפחת הקרחי וקהת הולד את עמרם׃ 58
Yeinom nso yɛ Lewifoɔ mmusua: Libnifoɔ, Hebronfoɔ, Mahlifoɔ, Musifoɔ ne Korafoɔ. Kohat yɛ Amram tete agya;
ושם אשת עמרם יוכבד בת לוי אשר ילדה אתה ללוי במצרים ותלד לעמרם את אהרן ואת משה ואת מרים אחתם׃ 59
Ɛberɛ a Lewi wɔ Misraim no, wɔwoo ɔbabaa a ne din de Yokebed. Kehat babarima Amram waree no. Wɔn na wɔwoo Aaron, Mose ne Miriam.
ויולד לאהרן את נדב ואת אביהוא את אלעזר ואת איתמר׃ 60
Aaron woo Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.
וימת נדב ואביהוא בהקריבם אש זרה לפני יהוה׃ 61
Nanso, ɛberɛ a Nadab ne Abihu de ogya a ɛnyɛ kronkron brɛɛ Awurade no, wɔwuwuiɛ.
ויהיו פקדיהם שלשה ועשרים אלף כל זכר מבן חדש ומעלה כי לא התפקדו בתוך בני ישראל כי לא נתן להם נחלה בתוך בני ישראל׃ 62
Nnipakan no mu na Lewifoɔ nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduonu mmiɛnsa. Wɔkan mmarima a wɔadi firi bosome kɔsi mpanimfoɔ so. Nanso, wɔammu Lewifoɔ no ano anka Israel nnipakan no ho, ɛfiri sɛ, wɔrekyɛ nsase no ama mmusuakuo no, wɔamma Lewifoɔ no bi.
אלה פקודי משה ואלעזר הכהן אשר פקדו את בני ישראל בערבת מואב על ירדן ירחו׃ 63
Enti, sɛdeɛ Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa fa kyerɛɛ nnipa no ano wɔ Moab bepɔ a ɛbɛn Asubɔnten Yordan na ɛne Yeriko di nhwɛanimu no ne no.
ובאלה לא היה איש מפקודי משה ואהרן הכהן אשר פקדו את בני ישראל במדבר סיני׃ 64
Saa nnipa yi nyinaa, wɔn mu baako mpo nni hɔ a nnipakan a ɛdi ɛkan no, wɔkan no wɔ Sinai ɛserɛ so hɔ,
כי אמר יהוה להם מות ימתו במדבר ולא נותר מהם איש כי אם כלב בן יפנה ויהושע בן נון׃ 65
ɛfiri sɛ, na mfeɛ aduanan atwam enti na wɔn a wɔkan wɔn kane no nyinaa awuwu sɛdeɛ Awurade kaeɛ sɛ. “Wɔbɛwuwu wɔ ɛserɛ so” no. Wɔn a ɛkaa wɔn ara ne Yefune ba Kaleb ne Nun babarima Yosua.

< במדבר 26 >