< תְהִלִּים 91 >

יֹ֭שֵׁב בְּסֵ֣תֶר עֶלְיֹ֑ון בְּצֵ֥ל שַׁ֝דַּ֗י יִתְלֹונָֽן׃ 1
Deɛ ɔte Ɔsorosoroni no hintabea bɛhome wɔ Otumfoɔ no nwunu mu.
אֹמַ֗ר לַֽ֭יהוָה מַחְסִ֣י וּמְצוּדָתִ֑י אֱ֝לֹהַ֗י אֶבְטַח־בֹּֽו׃ 2
Mɛse Awurade sɛ, “Woyɛ me dwanekɔbea ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a mewɔ wo mu ahotosoɔ.”
כִּ֤י ה֣וּא יַ֭צִּֽילְךָ מִפַּ֥ח יָק֗וּשׁ מִדֶּ֥בֶר הַוֹּֽות׃ 3
Ampa ara, ɔbɛgye wo afiri fidisumfoɔ afidie mu ne owuyadeɛ mu.
בְּאֶבְרָתֹ֨ו ׀ יָ֣סֶךְ לָ֭ךְ וְתַֽחַת־כְּנָפָ֣יו תֶּחְסֶ֑ה צִנָּ֖ה וְֽסֹחֵרָ֣ה אֲמִתֹּֽו׃ 4
Ɔde ne ntakra bɛkata wo so; na ne ntaban ase na wobɛnya dwanekɔbea; ne nokorɛ bɛyɛ wo banbɔ ne wo kyɛm.
לֹא־תִ֭ירָא מִפַּ֣חַד לָ֑יְלָה מֵ֝חֵ֗ץ יָע֥וּף יֹומָֽם׃ 5
Worensuro anadwo mu ahunahuna, anaa bɛmma a ɛtu awia,
מִ֭דֶּבֶר בָּאֹ֣פֶל יַהֲלֹ֑ךְ מִ֝קֶּ֗טֶב יָשׁ֥וּד צָהֳרָֽיִם׃ 6
anaa owuyadeɛ a ɛba esum mu, anaa ɔyaredɔm a ɛsɛe owigyinaeɛ.
יִפֹּ֤ל מִצִּדְּךָ֨ ׀ אֶ֗לֶף וּרְבָבָ֥ה מִימִינֶ֑ךָ אֵ֝לֶ֗יךָ לֹ֣א יִגָּֽשׁ׃ 7
Apem bɛtotɔ wo nkyɛn mu, na ɔpedu bɛtotɔ wo nifa, nanso, wo deɛ, ɛrenka wo.
רַ֭ק בְּעֵינֶ֣יךָ תַבִּ֑יט וְשִׁלֻּמַ֖ת רְשָׁעִ֣ים תִּרְאֶֽה׃ 8
Wʼani nko ara na wode bɛhwɛ na woahunu nnebɔneyɛfoɔ asotwe.
כִּֽי־אַתָּ֣ה יְהוָ֣ה מַחְסִ֑י עֶ֝לְיֹ֗ון שַׂ֣מְתָּ מְעֹונֶֽךָ׃ 9
Sɛ wode Ɔsorosoroni no yɛ wo tenabea, mpo Awurade a ɔyɛ me dwanekɔbea no a,
לֹֽא־תְאֻנֶּ֣ה אֵלֶ֣יךָ רָעָ֑ה וְ֝נֶ֗גַע לֹא־יִקְרַ֥ב בְּאָהֳלֶֽךָ׃ 10
ɔhaw biara remma wo so, na amanehunu biara remmɛn wo ntomadan.
כִּ֣י מַ֭לְאָכָיו יְצַוֶּה־לָּ֑ךְ לִ֝שְׁמָרְךָ֗ בְּכָל־דְּרָכֶֽיךָ׃ 11
Ɛfiri sɛ ɔbɛhyɛ nʼabɔfoɔ a wɔhwɛ wo so no abɛbɔ wo ho ban wʼakwan nyinaa mu;
עַל־כַּפַּ֥יִם יִשָּׂא֑וּנְךָ פֶּן־תִּגֹּ֖ף בָּאֶ֣בֶן רַגְלֶֽךָ׃ 12
wɔde wɔn nsa bɛpagya wo, na wo nan rensunti ɔboɔ.
עַל־שַׁ֣חַל וָפֶ֣תֶן תִּדְרֹ֑ךְ תִּרְמֹ֖ס כְּפִ֣יר וְתַנִּֽין׃ 13
Wobɛtiatia agyata ne aprammire so, wobɛnante gyataburuwa ne ɔtweaseɛ so.
כִּ֤י בִ֣י חָ֭שַׁק וַאֲפַלְּטֵ֑הוּ אֲ֝שַׂגְּבֵ֗הוּ כִּֽי־יָדַ֥ע שְׁמִֽי׃ 14
Awurade ka sɛ, “Esiane sɛ ɔdɔ me enti, mɛgye no; mɛbɔ ne ho ban, ɛfiri sɛ ɔnim me din.
יִקְרָאֵ֨נִי ׀ וְֽאֶעֱנֵ֗הוּ עִמֹּֽו־אָנֹכִ֥י בְצָרָ֑ה אֲ֝חַלְּצֵ֗הוּ וַֽאֲכַבְּדֵֽהוּ׃ 15
Ɔbɛfrɛ me, na mɛgye ne so; mɛka ne ho wɔ amanehunu mu, mɛgye no, na mahyɛ no animuonyam.
אֹ֣רֶךְ יָ֭מִים אַשְׂבִּיעֵ֑הוּ וְ֝אַרְאֵ֗הוּ בִּֽישׁוּעָתִֽי׃ 16
Mɛma nkwa nna a ɛware amee no na makyerɛ no me nkwagyeɛ.”

< תְהִלִּים 91 >