< תְהִלִּים 63 >

מִזְמֹ֥ור לְדָוִ֑ד בִּ֝הְיֹותֹ֗ו בְּמִדְבַּ֥ר יְהוּדָֽה׃ אֱלֹהִ֤ים ׀ אֵלִ֥י אַתָּ֗ה אֲ‍ֽשַׁחֲ֫רֶ֥ךָּ צָמְאָ֬ה לְךָ֨ ׀ נַפְשִׁ֗י כָּמַ֣הּ לְךָ֣ בְשָׂרִ֑י בְּאֶֽרֶץ־צִיָּ֖ה וְעָיֵ֣ף בְּלִי־מָֽיִם׃ 1
Dawid dwom. Bere a ɔwɔ Yuda Sare so no na ɔtoe. Wo, Onyankopɔn, ne me Nyankopɔn Mehwehwɛ wo anibere so; wo ho sukɔm de me kra, me nipadua ani agyina wo, wɔ asase a awo na asade nni mu so, faako a nsu nni.
כֵּ֭ן בַּקֹּ֣דֶשׁ חֲזִיתִ֑יךָ לִרְאֹ֥ות עֻ֝זְּךָ֗ וּכְבֹודֶֽךָ׃ 2
Mahu wo wɔ Kronkronbea hɔ mahu wo tumi ne wʼanuonyam.
כִּי־טֹ֣וב חַ֭סְדְּךָ מֵֽחַיִּ֗ים שְׂפָתַ֥י יְשַׁבְּחֽוּנְךָ׃ 3
Esiane sɛ wʼadɔe di mu sen nkwa nti mʼanofafa bɛhyɛ wo anuonyam.
כֵּ֣ן אֲבָרֶכְךָ֣ בְחַיָּ֑י בְּ֝שִׁמְךָ אֶשָּׂ֥א כַפָּֽי׃ 4
Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo, na wo din mu na mɛma me nsa so.
כְּמֹ֤ו חֵ֣לֶב וָ֭דֶשֶׁן תִּשְׂבַּ֣ע נַפְשִׁ֑י וְשִׂפְתֵ֥י רְ֝נָנֹ֗ות יְהַלֶּל־פִּֽי׃ 5
Me kra bɛmee sɛnea wadi aduan papa bi; mede anofafa a ɛto dwom beyi wo ayɛ.
אִם־זְכַרְתִּ֥יךָ עַל־יְצוּעָ֑י בְּ֝אַשְׁמֻרֹ֗ות אֶהְגֶּה־בָּֽךְ׃ 6
Meda me mpa so a, mekae wo. Anadwo dasu mu nyinaa, midwen wo ho.
כִּֽי־הָיִ֣יתָ עֶזְרָ֣תָה לִּ֑י וּבְצֵ֖ל כְּנָפֶ֣יךָ אֲרַנֵּֽן׃ 7
Efisɛ wone me boafo, wo ntaban ase nwini mu na mɛto dwom.
דָּבְקָ֣ה נַפְשִׁ֣י אַחֲרֶ֑יךָ בִּ֝֗י תָּמְכָ֥ה יְמִינֶֽךָ׃ 8
Me kra bata wo ho; na wo nsa nifa kura me mu.
וְהֵ֗מָּה לְ֭שֹׁואָה יְבַקְשׁ֣וּ נַפְשִׁ֑י יָ֝בֹ֗אוּ בְּֽתַחְתִּיֹּ֥ות הָאָֽרֶץ׃ 9
Wɔn a wɔpɛ me akum me no bɛsɛe; wɔbɛkɔ asase ase tɔnn.
יַגִּירֻ֥הוּ עַל־יְדֵי־חָ֑רֶב מְנָ֖ת שֻׁעָלִ֣ים יִהְיֽוּ׃ 10
Wɔbɛdan wɔn ama afoa na wɔbɛyɛ aduan ama sakraman.
וְהַמֶּלֶךְ֮ יִשְׂמַ֪ח בֵּאלֹ֫הִ֥ים יִ֭תְהַלֵּל כָּל־הַנִּשְׁבָּ֣ע בֹּ֑ו כִּ֥י יִ֝סָּכֵ֗ר פִּ֣י דֹֽובְרֵי־שָֽׁקֶר׃ 11
Nanso ɔhene bedi ahurusi wɔ Onyankopɔn mu; wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no, na wobemua atorofo ano.

< תְהִלִּים 63 >