< יְשַׁעְיָהוּ 26 >

בַּיֹּ֣ום הַה֔וּא יוּשַׁ֥ר הַשִּׁיר־הַזֶּ֖ה בְּאֶ֣רֶץ יְהוּדָ֑ה עִ֣יר עָז־לָ֔נוּ יְשׁוּעָ֥ה יָשִׁ֖ית חֹומֹ֥ות וָחֵֽל׃ 1
Saa ɛda no, wɔbɛto saa dwom yi wɔ Yuda asase so: Yɛwɔ kuropɔn denden; Onyankopɔn de nkwagyeɛ ayɛ nʼafasuo ne nʼafaban a ɛkorɔn.
פִּתְח֖וּ שְׁעָרִ֑ים וְיָבֹ֥א גֹוי־צַדִּ֖יק שֹׁמֵ֥ר אֱמֻנִֽים׃ 2
Mommuebue apono no na ateneneefoɔ ɔman no nhyɛne mu, ɔman nokwafoɔ no.
יֵ֣צֶר סָמ֔וּךְ תִּצֹּ֖ר שָׁלֹ֣ום ׀ שָׁלֹ֑ום כִּ֥י בְךָ֖ בָּטֽוּחַ׃ 3
Obiara a ɔde ne ho to wo so no wobɛkora ne so asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ ɔde ne ho ato wo so.
בִּטְח֥וּ בַֽיהוָ֖ה עֲדֵי־עַ֑ד כִּ֚י בְּיָ֣הּ יְהוָ֔ה צ֖וּר עֹולָמִֽים׃ 4
Fa wo ho to Awurade so afebɔɔ, ɛfiri sɛ, Awurade yɛ daa Botan.
כִּ֤י הֵשַׁח֙ יֹשְׁבֵ֣י מָרֹ֔ום קִרְיָ֖ה נִשְׂגָּבָ֑ה יַשְׁפִּילֶ֤נָּה יַשְׁפִּילָהּ֙ עַד־אֶ֔רֶץ יַגִּיעֶ֖נָּה עַד־עָפָֽר׃ 5
Ɔbrɛ wɔn a wɔtete soro ase, na ɔbrɛ kuropɔn a ɛkorɔn no ase; ɔbubu gu fam pasaa ma ɛda mfuturo mu.
תִּרְמְסֶ֖נָּה רָ֑גֶל רַגְלֵ֥י עָנִ֖י פַּעֲמֵ֥י דַלִּֽים׃ 6
Ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so de wɔn nan bɛtiatia so.
אֹ֥רַח לַצַּדִּ֖יק מֵֽישָׁרִ֑ים יָשָׁ֕ר מַעְגַּ֥ל צַדִּ֖יק תְּפַלֵּֽס׃ 7
Ɔteneneeni kwan so yɛ tamaa; Ao ɔnokwafoɔ, woma ɔteneneeni kwan so yɛ tromtrom.
אַ֣ף אֹ֧רַח מִשְׁפָּטֶ֛יךָ יְהוָ֖ה קִוִּינ֑וּךָ לְשִׁמְךָ֥ וּֽלְזִכְרְךָ֖ תַּאֲוַת־נָֽפֶשׁ׃ 8
Aane, Awurade, yɛnam wo mmara kwan so yi no, yɛretwɛn wo; na wo din ne ne kɛseyɛ yɛ deɛ yɛn akoma pɛ.
נַפְשִׁ֤י אִוִּיתִ֙יךָ֙ בַּלַּ֔יְלָה אַף־רוּחִ֥י בְקִרְבִּ֖י אֲשַֽׁחֲרֶ֑ךָּ כִּ֞י כַּאֲשֶׁ֤ר מִשְׁפָּטֶ֙יךָ֙ לָאָ֔רֶץ צֶ֥דֶק לָמְד֖וּ יֹשְׁבֵ֥י תֵבֵֽל׃ 9
Me kra pere hwehwɛ wo anadwo; anɔpa nso me honhom ani gyina wo. Sɛ wʼatemmuo ba asase yi so a, nnipa a wɔwɔ ewiase sua tenenee yɛ.
יֻחַ֤ן רָשָׁע֙ בַּל־לָמַ֣ד צֶ֔דֶק בְּאֶ֥רֶץ נְכֹחֹ֖ות יְעַוֵּ֑ל וּבַל־יִרְאֶ֖ה גֵּא֥וּת יְהוָֽה׃ ס 10
Ɛwom sɛ woyi adom adi kyerɛ amumuyɛfoɔ deɛ, nanso wɔnnsua tenenee yɛ; na mpo teneneefoɔ asase so no, wɔkɔ so yɛ bɔne na wɔmmu Awurade kɛseyɛ.
יְהוָ֛ה רָ֥מָה יָדְךָ֖ בַּל־יֶחֱזָי֑וּן יֶחֱז֤וּ וְיֵבֹ֙שׁוּ֙ קִנְאַת־עָ֔ם אַף־אֵ֖שׁ צָרֶ֥יךָ תֹאכְלֵֽם׃ ס 11
Ao Awurade, wɔapagya wo nsa akɔ ɔsoro, nanso wɔnhunu. Ma wɔnhunu wo mmɔdemmɔ wɔ wo nkurɔfoɔ ho na ɛnhyɛ wɔn aniwuo; ma ogya a woasɔ ama wʼatamfoɔ no nhye wɔn.
יְהוָ֕ה תִּשְׁפֹּ֥ת שָׁלֹ֖ום לָ֑נוּ כִּ֛י גַּ֥ם כָּֽל־מַעֲשֵׂ֖ינוּ פָּעַ֥לְתָּ לָּֽנוּ׃ 12
Awurade, woama yɛn asomdwoeɛ; deɛ yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn.
יְהוָ֣ה אֱלֹהֵ֔ינוּ בְּעָל֥וּנוּ אֲדֹנִ֖ים זֽוּלָתֶ֑ךָ לְבַד־בְּךָ֖ נַזְכִּ֥יר שְׁמֶֽךָ׃ 13
Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, awuranom afoforɔ bi adi yɛn so, nanso wo din nko ara na yɛkamfo.
מֵתִים֙ בַּל־יִחְי֔וּ רְפָאִ֖ים בַּל־יָקֻ֑מוּ לָכֵ֤ן פָּקַ֙דְתָּ֙ וַתַּשְׁמִידֵ֔ם וַתְּאַבֵּ֥ד כָּל־זֵ֖כֶר לָֽמֹו׃ 14
Afei wɔawuwu, na wɔnte ase bio; ahonhom a wɔafiri mu no, wɔrensɔre. Wotwee wɔn aso na wo sɛee wɔn na yɛn werɛ afiri wɔn.
יָסַ֤פְתָּ לַגֹּוי֙ יְהוָ֔ה יָסַ֥פְתָּ לַגֹּ֖וי נִכְבָּ֑דְתָּ רִחַ֖קְתָּ כָּל־קַצְוֵי־אָֽרֶץ׃ 15
Woama ɔman no ayɛ kɛseɛ, Ao Awurade; woama ɔman no ayɛ kɛseɛ; woahyɛ wo ho animuonyam; woatrɛtrɛ asase no ahyeɛ nyinaa mu.
יְהוָ֖ה בַּצַּ֣ר פְּקָד֑וּךָ צָק֣וּן לַ֔חַשׁ מוּסָרְךָ֖ לָֽמֹו׃ 16
Awurade, yɛfiri ahohia mu baa wo nkyɛn; ɛberɛ a wotwee wɔn aso no, na yɛntumi mmue yɛn ano mpo mmɔ mpaeɛ.
כְּמֹ֤ו הָרָה֙ תַּקְרִ֣יב לָלֶ֔דֶת תָּחִ֥יל תִּזְעַ֖ק בַּחֲבָלֶ֑יהָ כֵּ֛ן הָיִ֥ינוּ מִפָּנֶ֖יךָ יְהוָֽה׃ 17
Sɛdeɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka no firi ɔyea mu nukanuka ne mu na ɔsu no, saa ara na yɛyɛeɛ wɔ wʼanim, Ao Awurade.
הָרִ֣ינוּ חַ֔לְנוּ כְּמֹ֖ו יָלַ֣דְנוּ ר֑וּחַ יְשׁוּעֹת֙ בַּל־נַ֣עֲשֶׂה אֶ֔רֶץ וּבַֽל־יִפְּל֖וּ יֹשְׁבֵ֥י תֵבֵֽל׃ 18
Yɛnyinsɛnee, yɛkyemee wɔ ɔyea mu nanso yɛwoo mframa. Yɛamfa nkwagyeɛ amma asase so; yɛanwo nnipa amma asase so.
יִֽחְי֣וּ מֵתֶ֔יךָ נְבֵלָתִ֖י יְקוּמ֑וּן הָקִ֨יצוּ וְרַנְּנ֜וּ שֹׁכְנֵ֣י עָפָ֗ר כִּ֣י טַ֤ל אֹורֹת֙ טַלֶּ֔ךָ וָאָ֖רֶץ רְפָאִ֥ים תַּפִּֽיל׃ ס 19
Nanso wʼawufoɔ bɛnya nkwa; wɔn onipadua bɛsɔre. Mo a motete mfuturo mu, monsɔre mfa anigyeɛ nteam. Mo bosuo te sɛ anɔpa bosuo; asase bɛyi nʼafunu apue.
לֵ֤ךְ עַמִּי֙ בֹּ֣א בַחֲדָרֶ֔יךָ וּֽסְגֹ֥ר דְּלָתֶיךָ (דְּלָתְךָ֖) בַּעֲדֶ֑ךָ חֲבִ֥י כִמְעַט־רֶ֖גַע עַד־יַעֲבֹור (יַעֲבָר)־זָֽעַם׃ 20
Monkɔ, me nkurɔfoɔ, monhyɛne mo adan mu na montoto apono no mu; momfa mo ho nsie berɛ tiawa bi kɔsi sɛ nʼabufuhyeɛ ano bɛdwo.
כִּֽי־הִנֵּ֤ה יְהוָה֙ יֹצֵ֣א מִמְּקֹומֹ֔ו לִפְקֹ֛ד עֲוֹ֥ן יֹֽשֵׁב־הָאָ֖רֶץ עָלָ֑יו וְגִלְּתָ֤ה הָאָ֙רֶץ֙ אֶת־דָּמֶ֔יהָ וְלֹֽא־תְכַסֶּ֥ה עֹ֖וד עַל־הֲרוּגֶֽיהָ׃ ס 21
Hwɛ, Awurade refiri nʼatenaeɛ abɛtwe nnipa a wɔte asase so aso wɔ wɔn bɔne ho. Asase bɛda mogya a wɔahwie agu no so adi; ɛrentumi mfa nʼatɔfoɔ nsie bio.

< יְשַׁעְיָהוּ 26 >