< תהילים 148 >

הללו-יה הללו את-יהוה מן-השמים הללוהו במרומים 1
Monkamfo Awurade! Monkamfo Awurade mfi ɔsorosoro, monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea.
הללוהו כל-מלאכיו הללוהו כל-צבאו 2
Nʼabɔfo nyinaa, monkamfo no, ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no.
הללוהו שמש וירח הללוהו כל-כוכבי אור 3
Owia ne ɔsram, monkamfo no, nsoromma a ɛhyerɛn nyinaa, monkamfo no.
הללוהו שמי השמים והמים אשר מעל השמים 4
Monkamfo no, ɔsoro mu soro ne mo nsu a mowɔ ɔsoro atifi.
יהללו את-שם יהוה כי הוא צוה ונבראו 5
Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din, efisɛ ɔno na ɔhyɛ ma wɔbɔɔ wɔn.
ויעמידם לעד לעולם חק-נתן ולא יעבור 6
Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ; na ɔmaa ɔhyɛ nsɛm bi a ɛrentwa mu da.
הללו את-יהוה מן-הארץ-- תנינים וכל-תהמות 7
Monkamfo Awurade mfi asase so, mo po kɛse mu abɔde ne po bun nyinaa,
אש וברד שלג וקיטור רוח סערה עשה דברו 8
anyinam ne mparuwbo, sukyerɛmma ne omununkum, ahum a moyɛ nʼapɛde,
ההרים וכל-גבעות עץ פרי וכל-ארזים 9
mo mmepɔw ne nkoko nyinaa, nnua a ɛsow aba ne sida nyinaa,
החיה וכל-בהמה רמש וצפור כנף 10
nwura mu mmoa ne anantwi, abɔde nketewa ne nnomaa a wotu,
מלכי-ארץ וכל-לאמים שרים וכל-שפטי ארץ 11
asase ne amanaman nyinaa so ahemfo, mo mmapɔmma ne asase sodifo nyinaa,
בחורים וגם-בתולות זקנים עם-נערים 12
mmerante ne mmabaa, mmasiriwa ne mmofra nso.
יהללו את-שם יהוה-- כי-נשגב שמו לבדו הודו על-ארץ ושמים 13
Ma wɔnkamfo Awurade din, na ne din so sen din biara; nʼanuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so.
וירם קרן לעמו תהלה לכל-חסידיו-- לבני ישראל עם קרבו הללו-יה 14
Wapagyaw mmɛn bi ama ne nkurɔfo, nʼahotewfo nyinaa nkamfo; Israelfo, nnipa a wɔda ne koma so no nkamfo. Monkamfo Awurade.

< תהילים 148 >