< איכה 2 >

איכה יעיב באפו אדני את בת ציון--השליך משמים ארץ תפארת ישראל ולא זכר הדם רגליו ביום אפו 1
Sɛnea Awurade de nʼabufuwhyew mununkum akata Ɔbabea Sion so ni? Watow Israel anuonyam afi ɔsoro abɛhwe fam; wankae ne nan ntiaso wɔ nʼabufuw da no.
בלע אדני לא (ולא) חמל את כל נאות יעקב--הרס בעברתו מבצרי בת יהודה הגיע לארץ חלל ממלכה ושריה 2
Awurade annya ahummɔbɔ na wamene Yakob atenae nyinaa; nʼabufuwhyew mu, wadwiriw Yuda Babea abandennen no agu fam. Wagu nʼahenni ne ne mmapɔmma ho fi.
גדע בחרי אף כל קרן ישראל--השיב אחור ימינו מפני אויב ויבער ביעקב כאש להבה אכלה סביב 3
Ɔde abufuwhyew atwitwa Israel mmɛn nyinaa. Wayi ne bammɔ wɔ bere a atamfo no reba. Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyatannaa a ɛhyew biribiara a atwa ho ahyia.
דרך קשתו כאויב נצב ימינו כצר ויהרג כל מחמדי עין באהל בת ציון שפך כאש חמתו 4
Wapema ne bɛmma sɛ ɔtamfo; ne nsa nifa ayɛ krado. Te sɛ ɔtamfo no, wakunkum wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ ani so nyinaa; wahwie nʼabufuwhyew sɛ ogya agu Ɔbabea Sion ntamadan so.
היה אדני כאויב בלע ישראל--בלע כל ארמנותיה שחת מבצריו וירב בבת יהודה תאניה ואניה 5
Awurade ayɛ sɛ ɔtamfo; wamene Israel. Wamene nʼahemfi nyinaa asɛe nʼabandennen. Wama awerɛhowdi ne agyaadwotwa adɔɔso ama Yuda Babea.
ויחמס כגן שכו שחת מעדו שכח יהוה בציון מועד ושבת וינאץ בזעם אפו מלך וכהן 6
Wama nʼatenae ada mpan sɛ turo; wasɛe nʼaguabɔbea. Awurade ama Sion werɛ afi nʼafahyɛ ne homenna; nʼabufuwhyew mu no wabu ɔhene ne ɔsɔfo animtiaa.
זנח אדני מזבחו נאר מקדשו--הסגיר ביד אויב חומת ארמנותיה קול נתנו בבית יהוה כיום מועד 7
Awurade apo nʼafɔremuka na wagyaa ne kronkronbea mu. Ɔde nʼahemfi afasu ahyɛ nʼatamfo nsa. Wɔteɛ mu wɔ Awurade fi te sɛ afahyɛ da.
חשב יהוה להשחית חומת בת ציון--נטה קו לא השיב ידו מבלע ויאבל חל וחומה יחדו אמללו 8
Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe Ɔbabea Sion fasu a atwa ne ho ahyia no. Ɔde susuhama too ho na wannyae ɔsɛe no. Ɔmaa pie ne afasu dii abooboo; wɔn nyinaa sɛee.
טבעו בארץ שעריה אבד ושבר בריחיה מלכה ושריה בגוים אין תורה--גם נביאיה לא מצאו חזון מיהוה 9
Nʼapon amem fam; wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no. Ne hene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asu kɔ amanaman no mu, mmara nni hɔ bio, na nʼadiyifo nnya anisoadehu a efi Awurade hɔ bio.
ישבו לארץ ידמו זקני בת ציון--העלו עפר על ראשם חגרו שקים הורידו לארץ ראשן בתולת ירושלם 10
Ɔbabea Sion mpanyimfo tete fam ayɛ komm; wɔde mfutuma agu wɔn tirim afurafura atweaatam. Yerusalem mmabaa asisi wɔn ti ase.
כלו בדמעות עיני חמרמרו מעי--נשפך לארץ כבדי על שבר בת עמי בעטף עולל ויונק ברחבות קריה 11
Mʼani rentumi nnyae nisutew, me yafunu mu retwa me, me koma retew atɔ fam, efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo, efisɛ mmofra ne mmotafowa totɔ piti wɔ kuropɔn no mmɔnten so.
לאמתם יאמרו איה דגן ויין בהתעטפם כחלל ברחבות עיר--בהשתפך נפשם אל חיק אמתם 12
Wobisa wɔn nanom se, “Ɛhe na brodo ne nsa wɔ?” Bere a wɔtotɔ beraw sɛ apirafo wɔ kuropɔn no mmɔnten so, bere a wɔn nkwa resa wɔ wɔn nanom abasa so.
מה אעידך מה אדמה לך הבת ירושלם--מה אשוה לך ואנחמך בתולת בת ציון כי גדול כים שברך מי ירפא לך 13
Asɛm bɛn na metumi aka ama wo? Dɛn ho na metumi de wo atoto, Ɔbabea Yerusalem? Dɛn na metumi de asusuw wo, de akyekye wo werɛ, Sion Babea Ɔbabun? Wʼapirakuru so sɛ po. Hena na obetumi asa wo yare?
נביאיך חזו לך שוא ותפל ולא גלו על עונך להשיב שביתך (שבותך) ויחזו לך משאות שוא ומדוחים 14
Wʼadiyifo anisoadehu yɛ atoro a so nni mfaso; wɔanna mo amumɔyɛ adi ansiw mo nnommumfa ano. Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no yɛ atoro ne nnaadaa.
ספקו עליך כפים כל עברי דרך--שרקו וינעו ראשם על בת ירושלם הזאת העיר שיאמרו כלילת יפי--משוש לכל הארץ 15
Wɔn a wotwa mu wo kwan so nyinaa bobɔ wɔn nsam gu wo so; wodi wo ho fɛw na wɔwosow wɔn ti gu Yerusalem Babea so ka se, “Eyi ne kuropɔn a na wɔfrɛ no ahoɔfɛ a edi mu no? Asase nyinaa anigyede no ni?”
פצו עליך פיהם כל איביך--שרקו ויחרקו שן אמרו בלענו אך זה היום שקוינהו מצאנו ראינו 16
Wʼatamfo nyinaa baa wɔn anom tɛtrɛɛ tia wo; wɔserew na wɔtwɛre wɔn se na wɔka se, “Yɛamene no. Da a na yɛretwɛn no ni; Yɛatena ase ahu.”
עשה יהוה אשר זמם בצע אמרתו אשר צוה מימי קדם--הרס ולא חמל וישמח עליך אויב הרים קרן צריך 17
Awurade ayɛ nea ɔhyehyɛe; wama nʼasɛm a ɔhyɛɛ dedaada no aba mu. Watu wo agu a wanhu wo mmɔbɔ, wama ɔtamfo no ani agye wama wʼatamfo no mmɛn so.
צעק לבם אל אדני חומת בת ציון הורידי כנחל דמעה יומם ולילה--אל תתני פוגת לך אל תדם בת עינך 18
Nnipa no koma su frɛ Awurade. Ɔbabea Sion afasu, momma mo nusu nsen sɛ asubɔnten awia ne anadwo; munnye mo ahome momma mo ani nso nnya ɔhome.
קומי רני בליל (בלילה) לראש אשמרות--שפכי כמים לבך נכח פני אדני שאי אליו כפיך על נפש עולליך--העטופים ברעב בראש כל חוצות 19
Sɔre, su dennen anadwo, ɔdasu mu mfiase; hwie wo koma mu nsɛm sɛ nsu gu Awurade anim. Ma wo nsa so kyerɛ no wo mma nkwa nti, wɔn a ɔkɔm ama wɔatotɔ beraw wɔ mmɔnten so.
ראה יהוה והביטה למי עוללת כה אם תאכלנה נשים פרים עללי טפחים אם יהרג במקדש אדני כהן ונביא 20
“Hwɛ na dwene ho, Awurade: Hena na wode no afa saa ɔkwan yi so pɛn? Ɛsɛ sɛ mmea we wɔn yafunumma nam ana, mma a wɔahwɛ wɔn? Ɛsɛ sɛ wokunkum ɔsɔfo ne odiyifo wɔ Awurade kronkronbea ana?
שכבו לארץ חוצות נער וזקן בתולתי ובחורי נפלו בחרב הרגת ביום אפך טבחת לא חמלת 21
“Mmofra ne mpanyin da adabum wɔ mmɔnten so mfutuma mu so, me mmerante ne mmabaa atotɔ wɔ afoa ano. Woakum wɔn wɔ wʼabufuwda; woayam wɔn na woannya ahummɔbɔ.
תקרא כיום מועד מגורי מסביב ולא היה ביום אף יהוה פליט ושריד אשר טפחתי ורביתי איבי כלם 22
“Sɛnea wotoo wo nsa frɛ wɔ aponto da no, saa ara na wofrɛfrɛɛ amanehunu fii afanan nyinaa tiaa me. Awurade abufuw da no, obiara anguan na anka obiara: wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetew wɔn no, me tamfo adwerɛw wɔn.”

< איכה 2 >