< בראשית 45 >

ולא יכל יוסף להתאפק לכל הנצבים עליו ויקרא הוציאו כל איש מעלי ולא עמד איש אתו בהתודע יוסף אל אחיו 1
Afei, na Yosef yɛ ne ho hwee a, ɛnyɛ yiye wɔ nʼasomfo no nyinaa anim. Enti ɔteɛɛ mu kyerɛɛ nʼasomfo no se, “Obiara mfi ha nkɔ.” Enti bere a oyii ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom no, na asomfo no mu biara nni hɔ.
ויתן את קלו בבכי וישמעו מצרים וישמע בית פרעה 2
Osuu denneennen maa Misraimfo no tee, Farao fifo tee asɛm no.
ויאמר יוסף אל אחיו אני יוסף העוד אבי חי ולא יכלו אחיו לענות אתו כי נבהלו מפניו 3
Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, “Mene Yosef! Mʼagya te ase ana?” Nanso asɛm no bɔɔ wɔn piriw ma wɔtotɔɔ mum wɔ nʼanim.
ויאמר יוסף אל אחיו גשו נא אלי ויגשו ויאמר אני יוסף אחיכם אשר מכרתם אתי מצרימה 4
Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, “Montwiw mmɛn me.” Wotwiw bɛn no no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mene mo nuabarima Yosef. Me na motɔn me ma wɔde me kɔɔ Misraim no.
ועתה אל תעצבו ואל יחר בעיניכם כי מכרתם אתי הנה כי למחיה שלחני אלהים לפניכם 5
Mommma biribiara nhaw mo. Na monnkasakasa so sɛ motɔn me ma wɔde me baa ha. Onyankopɔn na ɔyɛe. Ɔno na ɔsomaa me, dii mo anim baa ha sɛ mimmegye mo nkwa.
כי זה שנתים הרעב בקרב הארץ ועוד חמש שנים אשר אין חריש וקציר 6
Mfe abien ni a ɔkɔm baa asase yi so. Mfe anum a ɛreba yi nso, obiara rennua, na obiara nso rentwa.
וישלחני אלהים לפניכם לשום לכם שארית בארץ ולהחיות לכם לפליטה גדלה 7
Onyankopɔn asoma me ha sɛ memma mo ne mo fifo ntena nkwa mu, na moayɛ ɔman kɛse.
ועתה לא אתם שלחתם אתי הנה כי האלהים וישימני לאב לפרעה ולאדון לכל ביתו ומשל בכל ארץ מצרים 8
“Enti ɛnyɛ mo na mode me baa ha, na ɛyɛ Onyankopɔn ankasa! Wayɛ me Farao fotufo ne ne fi sohwɛfo, na ɔde Misraiman nyinaa nso ahyɛ me nsa.
מהרו ועלו אל אבי ואמרתם אליו כה אמר בנך יוסף שמני אלהים לאדון לכל מצרים רדה אלי אל תעמד 9
Afei, monka mo ho nkɔ mʼagya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, ‘Sɛnea wo babarima Yosef se ni, Onyankopɔn ayɛ me Misraiman nyinaa sohwɛfo. Enti ntwentwɛn wʼanan ase koraa, na bra Misraim!
וישבת בארץ גשן והיית קרוב אלי--אתה ובניך ובני בניך וצאנך ובקרך וכל אשר לך 10
Wobɛba abɛtena Gosen asase so, na woabɛn me. Fa wo mma, wo nananom, wo nguan ne wʼanantwi ne biribiara a wowɔ bra.
וכלכלתי אתך שם כי עוד חמש שנים רעב פן תורש אתה וביתך וכל אשר לך 11
Sɛ woba hɔ a, mɛhwɛ wo, efisɛ aka saa ɔkɔm kɛse yi mfe anum. Sɛ anyɛ saa a, wo ne wo fifo ne wɔn a wɔka wo ho nyinaa bedi hia buruburoo.’
והנה עיניכם ראות ועיני אחי בנימין כי פי המדבר אליכם 12
“Mo ne me nua Benyamin nyinaa di adanse sɛ, ampa ara, ɛyɛ me Yosef na me ne morekasa yi.
והגדתם לאבי את כל כבודי במצרים ואת כל אשר ראיתם ומהרתם והורדתם את אבי הנה 13
Monka anuonyam a Onyame adom nti, wɔahyɛ me wɔ Misraim asase so ne biribiara a mo ankasa mode mo ani abehu no nyinaa ho asɛm nkyerɛ mʼagya. Monkɔfa mʼagya nsian mmrɛ me ntɛm.”
ויפל על צוארי בנימן אחיו ויבך ובנימן--בכה על צואריו 14
Ɔyɛɛ Benyamin atuu, sui, a anigye ne awerɛhow adi afra. Benyamin nso fii ase sui.
וינשק לכל אחיו ויבך עלהם ואחרי כן דברו אחיו אתו 15
Ofifew ne nuanom no nyinaa ano sui, na ɛno akyi no, wotumi ne no kasae.
והקל נשמע בית פרעה לאמר באו אחי יוסף וייטב בעיני פרעה ובעיני עבדיו 16
Bere a wɔtee wɔ Farao fi sɛ Yosef nuanom no aba no, Farao ne ne mpanyimfo a wɔka ne ho no nyinaa ani gyei.
ויאמר פרעה אל יוסף אמר אל אחיך זאת עשו טענו את בעירכם ולכו באו ארצה כנען 17
Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Ka kyerɛ wo nuanom no se, wɔmfa nneɛma nsoasoa wɔn mmoa no, na wɔnkɔ Kanaan asase so,
וקחו את אביכם ואת בתיכם ובאו אלי ואתנה לכם את טוב ארץ מצרים ואכלו את חלב הארץ 18
na wɔnkɔfa wɔn agya ne wɔn abusuafo nyinaa mmra Misraim asase so ha mmɛtena ha. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Farao bɛma mo Misraim asase no fa a eye pa ara atena so. Wobedi asase no so nnepa!’
ואתה צויתה זאת עשו קחו לכם מארץ מצרים עגלות לטפכם ולנשיכם ונשאתם את אביכם ובאתם 19
“Ka kyerɛ wɔn se, ‘Momfa nteaseɛnam mfi Misraim ha nkɔfa mo yerenom ne mo mma. Momfa mo agya nso nka ho mmra.
ועינכם אל תחס על כליכם כי טוב כל ארץ מצרים לכם הוא 20
Monnhaw mo ho wɔ mo agyapade ho, efisɛ mede nnepa a ɛwɔ Misraim asase so nyinaa no bi bɛma mo.’”
ויעשו כן בני ישראל ויתן להם יוסף עגלות על פי פרעה ויתן להם צדה לדרך 21
Enti Yosef maa wɔn nteaseɛnam ne nnuan a wobedi wɔ ɔkwan so, sɛnea Farao hyɛe no.
לכלם נתן לאיש חלפות שמלת ולבנימן נתן שלש מאות כסף וחמש חלפת שמלת 22
Ɔmaa ne nuanom no mu biara atade foforo, nanso Benyamin de, ɔmaa no ntade ahorow anum ne dwetɛ kilogram abiɛsa ne fa.
ולאביו שלח כזאת עשרה חמרים נשאים מטוב מצרים ועשר אתנת נשאת בר ולחם ומזון לאביו--לדרך 23
Saa nneɛma a edidi so yi nso na Yosef de kɔmaa nʼagya Israel: mfurumnini du a wɔahyehyɛ Misraim nneɛma pa wɔ wɔn so, mfurummmere du a wɔsoso aburow, brodo ne nnuan ahorow ne nʼakwansoduan.
וישלח את אחיו וילכו ויאמר אלהם אל תרגזו בדרך 24
Ogyaa ne nuanom no kwan, na akwannya no mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monnkɔkasakasa wɔ ɔkwan so.”
ויעלו ממצרים ויבאו ארץ כנען אל יעקב אביהם 25
Enti wofii Misraimman mu kɔɔ wɔn agya Israel nkyɛn wɔ Kanaan asase so.
ויגדו לו לאמר עוד יוסף חי וכי הוא משל בכל ארץ מצרים ויפג לבו כי לא האמין להם 26
Wodui no, wɔde anigye bɔɔ wɔn agya amanneɛ se, “Yosef te ase! Nokwasɛm ni, ɔno na odi Misraiman nyinaa so!” Israel tee saa asɛm no, ne ho dwiriw no. Wannye anni.
וידברו אליו את כל דברי יוסף אשר דבר אלהם וירא את העגלות אשר שלח יוסף לשאת אתו ותחי רוח יעקב אביהם 27
Na bere a wɔkaa nsɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛka no wiee no, na ohuu nteaseɛnam a Yosef de somaa sɛ wɔmfa mmɛfa no no, wɔn agya Yakob ho san no.
ויאמר ישראל רב עוד יוסף בני חי אלכה ואראנו בטרם אמות 28
Na Israel kae se, “Magye nsɛm no nyinaa adi. Me ba Yosef da so te ase. Mɛkɔ akohu no ansa na mawu.”

< בראשית 45 >