< דברים 4 >

ועתה ישראל שמע אל החקים ואל המשפטים אשר אנכי מלמד אתכם לעשות--למען תחיו ובאתם וירשתם את הארץ אשר יהוה אלהי אבתיכם נתן לכם 1
Afei, Israel, muntie mmara ne nhyehyɛe a merebɛkyerɛkyerɛ mo yi. Munni so na moanya nkwa, na moatumi akɔ asase a Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, de rema mo no so akɔtena hɔ.
לא תספו על הדבר אשר אנכי מצוה אתכם ולא תגרעו ממנו--לשמר את מצות יהוה אלהיכם אשר אנכי מצוה אתכם 2
Mommfa bi nka ho, na munnyi biribiara nso mmfi ahyɛde a Awurade, mo Nyankopɔn, de ama me se memfa mma mo no mu, na mmom munni so.
עיניכם הראות את אשר עשה יהוה בבעל פעור כי כל האיש אשר הלך אחרי בעל פעור--השמידו יהוה אלהיך מקרבך 3
Mode mo ani huu nea Awurade yɛɛ mo wɔ Baal-Peor no. Ɔsɛee onipa biara a na ɔsom Baal-Peor no.
ואתם הדבקים ביהוה אלהיכם--חיים כלכם היום 4
Nanso wɔn a na wodi Awurade mo Nyankopɔn nokware nyinaa da so te ase besi nnɛ.
ראה למדתי אתכם חקים ומשפטים כאשר צוני יהוה אלהי לעשות כן--בקרב הארץ אשר אתם באים שמה לרשתה 5
Sɛ mudu asase a mobɛtena so no so a, eyinom ne mmara ne ahyɛde a makyerɛkyerɛ mo a ɛsɛ sɛ mudi so. Efi Awurade, yɛn Nyankopɔn, nkyɛn. Ɔde ama me se memfa mma mo.
ושמרתם ועשיתם--כי הוא חכמתכם ובינתכם לעיני העמים אשר ישמעון את כל החקים האלה ואמרו רק עם חכם ונבון הגוי הגדול הזה 6
Sɛ mudi so a, ɛbɛda mo nyansa ne ntease a mowɔ no adi akyerɛ aman a wɔbɛte saa ahyɛde yi nyinaa no na wɔaka se, “Ampa, nnipa yi yɛ ɔman kɛse a wonim nyansa na wɔwɔ ntease.”
כי מי גוי גדול אשר לו אלהים קרבים אליו כיהוה אלהינו בכל קראנו אליו 7
Ɔman kɛse bɛn na ɔwɔ onyame a ɔbɛn wɔn pɛɛ te sɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn, a yɛfrɛ no a ogye yɛn so yi?
ומי גוי גדול אשר לו חקים ומשפטים צדיקם ככל התורה הזאת אשר אנכי נתן לפניכם היום 8
Na ɔman kɛse bɛn na ɛwɔ trenee ahyɛde ne mmara sɛ saa mmara yi a mede rema mo nnɛ yi?
רק השמר לך ושמר נפשך מאד פן תשכח את הדברים אשר ראו עיניך ופן יסורו מלבבך כל ימי חייך והודעתם לבניך ולבני בניך 9
Monhwɛ yiye, na mo ani nna hɔ yiye pa ara na nna dodow a mote nkwa mu no, mo werɛ amfi nea moahu, anaa ampa amfi mo koma mu. Monkyerɛkyerɛ mo mma na awo ntoatoaso a ɛbɛba no nhu.
יום אשר עמדת לפני יהוה אלהיך בחרב באמר יהוה אלי הקהל לי את העם ואשמעם את דברי אשר ילמדון ליראה אתי כל הימים אשר הם חיים על האדמה ואת בניהם ילמדון 10
Ka kyerɛ wɔn, ne titiriw no, da a mokogyinaa Awurade, mo Nyankopɔn, anim wɔ bepɔw Horeb so a ɔka kyerɛɛ me se, “Frɛ nnipa no wɔ mʼanim na wontie me nsɛm na wɔasua sɛnea wobedi me ni bere dodow a wɔte asase no so na ama wɔatumi akyerɛkyerɛ wɔn mma.”
ותקרבון ותעמדון תחת ההר וההר בער באש עד לב השמים--חשך ענן וערפל 11
Mubegyina bɛnee bepɔw no ase bere a na bepɔw no rehyew na ogyaframa no retu kɔ ɔsoro a omununkum ne esum kabii aduru no.
וידבר יהוה אליכם מתוך האש קול דברים אתם שמעים ותמונה אינכם ראים זולתי קול 12
Na Awurade kasa fii ogya no mu kyerɛɛ mo. Motee nsɛm no nanso, moanhu no, nne kɛkɛ na ɛbae.
ויגד לכם את בריתו אשר צוה אתכם לעשות--עשרת הדברים ויכתבם על שני לחות אבנים 13
Ɔdaa nʼapam a ɔkyerɛɛ mo sɛ munni so no adi; Mmaransɛm du a ɔkyerɛw guu abo pon abien so no.
ואתי צוה יהוה בעת ההוא ללמד אתכם חקים ומשפטים לעשתכם אתם--בארץ אשר אתם עברים שמה לרשתה 14
Saa bere no na Awurade kyerɛɛ me sɛ menkyerɛkyerɛ mo ahyɛde ne mmara a ɛsɛ sɛ mudi so wɔ asase a morebetwa Yordan akɔfa no so.
ונשמרתם מאד לנפשתיכם כי לא ראיתם כל תמונה ביום דבר יהוה אליכם בחרב מתוך האש 15
Da a Awurade kasa fii ogya mu kyerɛɛ mo wɔ bepɔw Horeb so no moanhu no. Enti monhwɛ mo akwan yiye,
פן תשחתון--ועשיתם לכם פסל תמונת כל סמל תבנית זכר או נקבה 16
na porɔwee annidi mo amma moanyɛ ɔbosom, ohoni bi sɛso; sɛ ɛyɛ ɔbarima anaa ɔbea sɛso,
תבנית כל בהמה אשר בארץ תבנית כל צפור כנף אשר תעוף בשמים 17
anaa nea ɛsɛ asase so aboa bi, anaa anomaa a otu fa wim,
תבנית כל רמש באדמה תבנית כל דגה אשר במים מתחת לארץ 18
anaa nea ɛsɛ aboa bi a ɔwea wɔ fam anaa apataa bi a ɔwɔ nsu ase.
ופן תשא עיניך השמימה וראית את השמש ואת הירח ואת הכוכבים כל צבא השמים ונדחת והשתחוית להם ועבדתם--אשר חלק יהוה אלהיך אתם לכל העמים תחת כל השמים 19
Na sɛ mohwɛ wim na muhu owia, ɔsram ne nsoromma, wim abɔde nyinaa a, momma ɛnntwetwe mo mma monnkotow nsom nneɛma a Awurade, mo Nyankopɔn, de ama ɔsoro ase aman no nyinaa no.
ואתכם לקח יהוה ויוצא אתכם מכור הברזל ממצרים להיות לו לעם נחלה כיום הזה 20
Na mo de, Awurade yii mo fii ogya framfram a ɛnan dade mu wɔ Misraim sɛ mommɛyɛ nʼadiadefo sɛnea mote nnɛ yi.
ויהוה התאנף בי על דבריכם וישבע לבלתי עברי את הירדן ולבלתי בא אל הארץ הטובה אשר יהוה אלהיך נתן לך נחלה 21
Mo nti, Awurade bo fuw me yiye. Ɔkaa ntam se, merentwa Asubɔnten Yordan nkɔ asase pa a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo sɛ mo agyapade no so.
כי אנכי מת בארץ הזאת אינני עבר את הירדן ואתם עברים וירשתם את הארץ הטובה הזאת 22
Mewu wɔ asase yi so; merentwa Yordan; nanso morebetwa akɔfa asase pa no.
השמרו לכם פן תשכחו את ברית יהוה אלהיכם אשר כרת עמכם ועשיתם לכם פסל תמונת כל אשר צוך יהוה אלהיך 23
Monhwɛ yiye na moammu apam a Awurade, mo Nyankopɔn, ne mo ayɛ no so. Monyɛ abosom a ɛyɛ biribiara nsɛso a mo Awurade, mo Nyankopɔn, abra mo no.
כי יהוה אלהיך אש אכלה הוא אל קנא 24
Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, yɛ Onyame ninkufo, ogya a ɔhyew ade.
כי תוליד בנים ובני בנים ונושנתם בארץ והשחתם ועשיתם פסל תמונת כל ועשיתם הרע בעיני יהוה אלהיך להכעיסו 25
Moawowo mma anya nananom akyi no na moatena asase no so akyɛ no, sɛ moma porɔwee didi mo na moyɛ ohoni bi nam so yɛ bɔne wɔ Awurade mo Nyankopɔn ani so hyɛ no abufuw a,
העידתי בכם היום את השמים ואת הארץ כי אבד תאבדון מהר מעל הארץ אשר אתם עברים את הירדן שמה לרשתה לא תאריכן ימים עליה כי השמד תשמדון 26
mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ nnansefo de tia mo saa da yi sɛ, mobɛhyew afi asase a moretwa Yordan akɔfa no so. Morentena hɔ nkyɛ na wɔbɛsɛe mo ampa.
והפיץ יהוה אתכם בעמים ונשארתם מתי מספר בגוים אשר ינהג יהוה אתכם שמה 27
Na Awurade bɛbɔ mo apansam akɔ aman so a mo mu kakraa bi na ɛbɛka wɔ aman a Awuradebɛpam mo akɔ so no so.
ועבדתם שם אלהים מעשה ידי אדם עץ ואבן--אשר לא יראון ולא ישמעון ולא יאכלון ולא יריחן 28
Ɛhɔ na mobɛsom onipa nsa ano ahoni a wɔde nnua ne abo na ayɛ, anyame a wonhu ade na wɔnte asɛm na wonnidi nte hua no.
ובקשתם משם את יהוה אלהיך ומצאת כי תדרשנו בכל לבבך ובכל נפשך 29
Ɛhɔ na mobɛpere bio ahwehwɛ Awurade, mo Nyankopɔn no. Na sɛ mode mo koma ne mo kra nyinaa hwehwɛ no a, mubehu no.
בצר לך--ומצאוך כל הדברים האלה באחרית הימים ושבת עד יהוה אלהיך ושמעת בקלו 30
Sɛ ɔhaw bi to mo na eyinom nyinaa ba mo so a, akyiri no, mobɛsan akɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, nkyɛn na moayɛ osetie ama no.
כי אל רחום יהוה אלהיך לא ירפך ולא ישחיתך ולא ישכח את ברית אבתיך אשר נשבע להם 31
Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, no yɛ mmɔborɔhunu Nyankopɔn; ɔrennyaw mo na ɔrensɛe mo anaa ne werɛ remfi apam a ɔne mo agyanom pamee a ɔkaa ntam sii so no.
כי שאל נא לימים ראשנים אשר היו לפניך למן היום אשר ברא אלהים אדם על הארץ ולמקצה השמים ועד קצה השמים הנהיה כדבר הגדול הזה או הנשמע כמהו 32
Hwehwɛ abakɔsɛm mu fi bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ asase so besi nnɛ yi; hwehwɛ fi ɔsoro ti de kosi ti. Hwɛ sɛ biribi kɛse a ɛte sɛ eyi asi pɛn anaasɛ woate biribi saa pɛn?
השמע עם קול אלהים מדבר מתוך האש כאשר שמעת אתה--ויחי 33
So nnipa foforo bi ate Onyankopɔn nne sɛ ɔrekasa afi ogya mu sɛnea motee no na wɔda so te ase yi ana?
או הנסה אלהים לבוא לקחת לו גוי מקרב גוי במסת באתת ובמופתים ובמלחמה וביד חזקה ובזרוע נטויה ובמוראים גדלים ככל אשר עשה לכם יהוה אלהיכם במצרים--לעיניך 34
So onyame foforo bi nam ogye a ɔnam amanehunu, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ nwonwa, ɔko, tumidi ne ahodwiriwde so agye ɔman bi afi ɔman foforo bi nsam afa sɛ ne de, sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn, yɛ maa mo wɔ Misraim a na mo ani tua no?
אתה הראת לדעת כי יהוה הוא האלהים אין עוד מלבדו 35
Ɔdaa eyinom nyinaa adi kyerɛɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a nʼakyi obi nni hɔ.
מן השמים השמיעך את קלו ליסרך ועל הארץ הראך את אשו הגדולה ודבריו שמעת מתוך האש 36
Ɔma motee ne nne fi ɔsoro nam so teɛteɛɛ mo so. Ɔma muhuu ne gya fadum asase so na motee ne nsɛm fii ogya no mu.
ותחת כי אהב את אבתיך ויבחר בזרעו אחריו ויוצאך בפניו בכחו הגדל ממצרים 37
Esiane sɛ na ɔpɛ mo agyanom asɛm, na ɔpɛɛ sɛ ohyira wɔn asefo nti na ɔno ara de nʼanim ne ne tumi kɛse no yii mo fii Misraim no.
להוריש גוים גדלים ועצמים ממך--מפניך להביאך לתת לך את ארצם נחלה--כיום הזה 38
Ɔpam aman a na wɔn ho yɛ den sen mo no wɔ mo anim sɛnea ɔde mo bɛba wɔn asase so abɛfa sɛ mo agyapade, sɛnea ɛte nnɛ yi.
וידעת היום והשבת אל לבבך כי יהוה הוא האלהים בשמים ממעל ועל הארץ מתחת אין עוד 39
Enti munhu na momma ɛntena mo koma mu nnɛ yi sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro ne asase so. Obi nni hɔ.
ושמרת את חקיו ואת מצותיו אשר אנכי מצוך היום אשר ייטב לך ולבניך אחריך--ולמען תאריך ימים על האדמה אשר יהוה אלהיך נתן לך כל הימים 40
Munni saa ahyɛde ne mmara yi a mede rema mo nnɛ no so na ama asi mo ne mo mma yiye, na moanyin akyɛ wɔ asase a Awurade mo Nyankopɔn de rema mo afebɔɔ no so.
אז יבדיל משה שלש ערים בעבר הירדן מזרחה שמש 41
Afei, Mose yii nkuropɔn abiɛsa bi wɔ Yordan apuei fam
לנס שמה רוצח אשר ירצח את רעהו בבלי דעת והוא לא שנא לו מתמל שלשם ונס אל אחת מן הערים האל--וחי 42
a, sɛ ɛba sɛ obi kum obi na wanhyɛ da na onni onipa ko no ho menasepɔw bi a otumi guan kɔ kɔ emu baako so kɔbɔ ne ho aguaa.
את בצר במדבר בארץ המישר לראובני ואת ראמת בגלעד לגדי ואת גולן בבשן למנשי 43
Oyii Beser a ɛda sare ne asase tataw so no maa Rubenfo. Ɔde Ramot a ɛwɔ Gilead no maa Gadfo na ɔde Golan a ɛwɔ Basan no nso maa Manase abusuakuw.
וזאת התורה אשר שם משה לפני בני ישראל 44
Eyinom ne mmara a Mose de maa Israelfo no.
אלה העדת והחקים והמשפטים--אשר דבר משה אל בני ישראל בצאתם ממצרים 45
Israelfo no fii Misraim no, akwankyerɛ, mmara ne ahyɛde a Mose de maa wɔn
בעבר הירדן בגיא מול בית פעור בארץ סיחן מלך האמרי אשר יושב בחשבון--אשר הכה משה ובני ישראל בצאתם ממצרים 46
bere a na wɔwɔ obon a ɛbɛn Bet-Peor a ɛda Asubɔnten Yordan apuei fam, wɔ Amorifo hene Sihon a odii ade wɔ Hesbon, a na Mose ne Israelfo no fi Misraim ɛreba no, wɔko dii ne so no.
ויירשו את ארצו ואת ארץ עוג מלך הבשן שני מלכי האמרי אשר בעבר הירדן--מזרח שמש 47
Wɔfaa nʼasase no san faa Basanhene Og asase kaa ho. Saa ahemfo baanu yi na wɔyɛ Amorifo ahemfo a wɔte Yordan apuei fam.
מערער אשר על שפת נחל ארנן ועד הר שיאן--הוא חרמון 48
Saa asase yi na efi Aroer a ɛda Arnon subon no ano kosi Sion bepɔw a ɛyɛ Hermon ho.
וכל הערבה עבר הירדן מזרחה ועד ים הערבה--תחת אשדת הפסגה 49
Israelfo no san faa nsase a ɛwɔ Araba po no ano wɔ Yordan apuei fam de kosi Nkyene Po wɔ Pisga mmepɔw no ase.

< דברים 4 >