< דברים 31 >

וילך משה וידבר את הדברים האלה אל כל ישראל 1
Ɛberɛ a Mose kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfoɔ wieeɛ no,
ויאמר אלהם בן מאה ועשרים שנה אנכי היום--לא אוכל עוד לצאת ולבוא ויהוה אמר אלי לא תעבר את הירדן הזה 2
ɔkaa bio sɛ, “Seesei madi mfeɛ ɔha ne aduonu enti, merentumi nni mo anim bio. Awurade aka akyerɛ me sɛ merentwa Asubɔnten Yordan.
יהוה אלהיך הוא עבר לפניך הוא ישמיד את הגוים האלה מלפניך--וירשתם יהושע הוא עבר לפניך כאשר דבר יהוה 3
Nanso Awurade, mo Onyankopɔn, ankasa bɛdi mo anim atwa. Ɔbɛsɛe aman a wɔte hɔ na mobɛfa wɔn asase no. Yosua ne onipa foforɔ a ɔbɛdi mo anim sɛdeɛ Awurade hyɛɛ mo bɔ no.
ועשה יהוה להם כאשר עשה לסיחון ולעוג מלכי האמרי ולארצם--אשר השמיד אתם 4
Awurade bɛsɛe amanaman a wɔte asase no so no sɛdeɛ ɔsɛee Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo no.
ונתנם יהוה לפניכם ועשיתם להם--ככל המצוה אשר צויתי אתכם 5
Awurade de nnipa a wɔte hɔ no bɛhyɛ mo nsa na mo ne wɔn bɛdi no sɛdeɛ mɛhyɛ mo no.
חזקו ואמצו אל תיראו ואל תערצו מפניהם כי יהוה אלהיך הוא ההלך עמך--לא ירפך ולא יעזבך 6
Monyɛ den na mo bo nyɛ duru! Monnsuro wɔn! Awurade, mo Onyankopɔn, bɛdi mo anim. Ɔrenni mo hwammɔ na ɔrennya mo nso.”
ויקרא משה ליהושע ויאמר אליו לעיני כל ישראל חזק ואמץ--כי אתה תבוא את העם הזה אל הארץ אשר נשבע יהוה לאבתם לתת להם ואתה תנחילנה אותם 7
Afei, Mose frɛɛ Yosua ka kyerɛɛ no Israelfoɔ no nyinaa anim sɛ, “Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a Awurade kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so; na wo na wobɛkyɛ ama wɔn.
ויהוה הוא ההלך לפניך הוא יהיה עמך--לא ירפך ולא יעזבך לא תירא ולא תחת 8
Awurade na ɔredi wʼanim. Ɔbɛka wo ho; ɔrenni wo hwammɔ na ɔrennya wo, enti nsuro na mma wʼakoma ntu!”
ויכתב משה את התורה הזאת ויתנה אל הכהנים בני לוי הנשאים את ארון ברית יהוה ואל כל זקני ישראל 9
Afei, Mose twerɛɛ mmara yi too hɔ; ɔde maa asɔfoɔ a wɔyɛ Lewi mmammarima a wɔsoaa Awurade apam adaka no ne Israel mpanimfoɔ nyinaa.
ויצו משה אותם לאמר מקץ שבע שנים במעד שנת השמטה--בחג הסכות 10
Mose hyɛɛ wɔn sɛ, “Mfeɛ nson biara awieeɛ, Asese Afahyɛ mu no, wɔmfa obiara ka a ɔde no nkyɛ no.
בבוא כל ישראל לראות את פני יהוה אלהיך במקום אשר יבחר תקרא את התורה הזאת נגד כל ישראל--באזניהם 11
Israelfoɔ nyinaa nhyia wɔ Awurade mo Onyankopɔn anim wɔ baabi a ɔbɛkyerɛ no, na moakan saa mmara yi wɔ wɔn anim ama wɔate.
הקהל את העם האנשים והנשים והטף וגרך אשר בשעריך--למען ישמעו ולמען ילמדו ויראו את יהוה אלהיכם ושמרו לעשות את כל דברי התורה הזאת 12
Frɛ nnipa no nyinaa, mmarima, mmaa, mmɔfra ne ahɔhoɔ a wɔte mo nkuro so nso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛte na wɔbɛsua sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsuro Awurade, mo Onyankopɔn, na wɔbɛdi mmara no so pɛpɛɛpɛ,
ובניהם אשר לא ידעו ישמעו ולמדו--ליראה את יהוה אלהיכם כל הימים אשר אתם חיים על האדמה אשר אתם עברים את הירדן שמה לרשתה 13
na ama wɔn mma a wɔnnim mmara no ate na wɔasua sɛdeɛ ɛsɛ sɛ wɔsuro Awurade, mo Onyankopɔn, mmerɛ dodoɔ a mote asase a moretwam afa Yordan akɔfa sɛ agyapadeɛ so no.”
ויאמר יהוה אל משה הן קרבו ימיך למות--קרא את יהושע והתיצבו באהל מועד ואצונו וילך משה ויהושע ויתיצבו באהל מועד 14
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wo owuo berɛ aso. Frɛ Yosua na fa no kɔ ntomadan no mu na mede nʼadwuma bɛhyɛ ne nsa wɔ hɔ.” Enti Mose ne Yosua kɔdaa wɔn ho adi wɔ ntomadan no mu.
וירא יהוה באהל בעמוד ענן ויעמד עמוד הענן על פתח האהל 15
Na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ fadum omununkum mu wɔ ntomadan kronkron no aboboano.
ויאמר יהוה אל משה הנך שכב עם אבתיך וקם העם הזה וזנה אחרי אלהי נכר הארץ אשר הוא בא שמה בקרבו ועזבני והפר את בריתי אשר כרתי אתו 16
Awurade ka kyerɛɛ Mose “Ɛrenkyɛre, wobɛwu na woakɔka wʼagyanom ho. Wo wuo akyi no, saa nnipa yi bɛfiti aseɛ asom anyame ahɔhoɔ, anyame a wɔwɔ asase a wɔrekɔ so no. Wɔbɛpa me na wɔabu apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no so.
וחרה אפי בו ביום ההוא ועזבתים והסתרתי פני מהם והיה לאכל ומצאהו רעות רבות וצרות ואמר ביום ההוא הלא על כי אין אלהי בקרבי מצאוני הרעות האלה 17
Ɛba saa a, mʼabufuo bɛdɛre atia wɔn. Mɛpa wɔn, na mede mʼanim asie wɔn na wɔbɛsɛe wɔn. Ɔhaw a emu yɛ den bɛba wɔn so ama wɔaka sɛ, ‘Saa ɔhaw yi twa sɛ ɛba, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nni yɛn nkyɛn bio.’
ואנכי הסתר אסתיר פני ביום ההוא על כל הרעה אשר עשה כי פנה אל אלהים אחרים 18
Saa ɛberɛ no mede mʼanim bɛsie wɔn ɛsiane wɔn bɔne ahodoɔ a wɔayɛ afa anyame foforɔ a wɔsom no ho enti.
ועתה כתבו לכם את השירה הזאת ולמדה את בני ישראל שימה בפיהם למען תהיה לי השירה הזאת לעד--בבני ישראל 19
“Afei, montwerɛ saa dwom yi mu nsɛm mfa na monkyerɛ Israelfoɔ no, na wɔnto sɛdeɛ ɛbɛyɛ adansedeɛ ama me, na mede atia wɔn.
כי אביאנו אל האדמה אשר נשבעתי לאבתיו זבת חלב ודבש ואכל ושבע ודשן ופנה אל אלהים אחרים ועבדום ונאצוני והפר את בריתי 20
Mede wɔn bɛba asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so sɛdeɛ mekaa ntam hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Na wɔdidi mee yɛ akɛseɛ a, afei, wɔbɛdane wɔn ani akɔsom anyame afoforɔ apo me, na wɔnam so abu mʼapam no so.
והיה כי תמצאן אתו רעות רבות וצרות וענתה השירה הזאת לפניו לעד כי לא תשכח מפי זרעו כי ידעתי את יצרו אשר הוא עשה היום בטרם אביאנו אל הארץ אשר נשבעתי 21
Afei, ɔhaw ne akwansideɛ bebree ba wɔn so a, ɛdwom yi bɛtia wɔn, ɛfiri sɛ, wɔn asefoɔ werɛ remfiri da. Menim deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ansa koraa na mede wɔn bɛba asase a maka ho ntam ahyɛ bɔ no so.”
ויכתב משה את השירה הזאת ביום ההוא וילמדה את בני ישראל 22
Enti, Mose twerɛɛ dwom no guu hɔ saa ɛda no, na ɔkyerɛɛ Israelfoɔ no.
ויצו את יהושע בן נון ויאמר חזק ואמץ--כי אתה תביא את בני ישראל אל הארץ אשר נשבעתי להם ואנכי אהיה עמך 23
Afei, Awurade hyɛɛ Nun babarima Yosua sɛ, “Yɛ den na yɛ nnam, ɛfiri sɛ, wo na wode Israelfoɔ bɛba asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ no so, na mʼankasa mɛka mo ho.”
ויהי ככלות משה לכתב את דברי התורה הזאת--על ספר עד תמם 24
Ɛberɛ a Mose twerɛɛ mmaransɛm no nyinaa guu nwoma mu wieeɛ no,
ויצו משה את הלוים נשאי ארון ברית יהוה לאמר 25
ɔde saa ɔhyɛ nsɛm yi maa Lewifoɔ a wɔsoaa Awurade apam adaka no:
לקח את ספר התורה הזה ושמתם אתו מצד ארון ברית יהוה אלהיכם והיה שם בך לעד 26
“Momfa saa Mmara Nwoma yi nkɔto Awurade, mo Onyankopɔn, apam adaka no nkyɛn. Ɛhɔ na ɛbɛda sɛ adansedeɛ a ɛtia Israelfoɔ.
כי אנכי ידעתי את מריך ואת ערפך הקשה הן בעודני חי עמכם היום ממרים היתם עם יהוה ואף כי אחרי מותי 27
Ɛfiri sɛ, menim sɛdeɛ moyɛ atuatefoɔ ne asoɔden. Mpo, me ne mo da so wɔ hɔ yi, moate Awurade so atua. Na me wuo akyi no, atua bɛn na morente!
הקהילו אלי את כל זקני שבטיכם ושטריכם ואדברה באזניהם את הדברים האלה ואעידה בם את השמים ואת הארץ 28
Momfrɛ mo mpanimfoɔ nyinaa ne mo mmusuakuo ntuanofoɔ nyinaa sɛdeɛ mɛtumi akasa akyerɛ wɔn na mafrɛ ɔsoro ne asase de adi adanseɛ atia wɔn.
כי ידעתי אחרי מותי כי השחת תשחתון וסרתם מן הדרך אשר צויתי אתכם וקראת אתכם הרעה באחרית הימים--כי תעשו את הרע בעיני יהוה להכעיסו במעשה ידיכם 29
Menim sɛ me wuo akyi, mobɛsɛe koraa na moapae afiri ɛkwan a makyerɛ mo sɛ momfa so no so. Mmerɛ a ɛreba no mu, amanehunu bɛba mo so, ɛfiri sɛ, monam bɔne a mobɛyɛ wɔ Awurade anim no so bɛhyɛ no abufuhyeɛ.”
וידבר משה באזני כל קהל ישראל את דברי השירה הזאת--עד תמם 30
Enti, Mose kaa dwom no mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ a wɔahyia wɔ hɔ no.

< דברים 31 >