< דברי הימים א 3 >

ואלה היו בני דויד אשר נולד לו בחברון הבכור אמנן לאחינעם היזרעאלית שני דניאל לאביגיל הכרמלית 1
Eyinom ne mmabarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron. Na nʼabakan din de Amnon a ne na a na ofi Yesreel no din de Ahinoam. Ne ba a ɔto so abien no, na ne din de Daniel. Na ne na a ofi Karmel no din de Abigail.
השלשי לאבשלום בן מעכה בת תלמי מלך גשור הרביעי אדניה בן חגית 2
Ne ba a ɔto so abiɛsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne na din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babea. Ne ba a ɔto so anan din de Adoniya a ne na din de Hagit.
החמישי שפטיה לאביטל הששי יתרעם לעגלה אשתו 3
Ne ba a ɔto so anum no, na wɔfrɛ no Sefatia. Na wɔfrɛ ne na Abital. Ne ba a ɔto so asia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne na Egla.
ששה נולד לו בחברון וימלך שם שבע שנים וששה חדשים ושלשים ושלוש שנה מלך בירושלם 4
Wɔwowoo mmabarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Odii ade wɔ hɔ mfirihyia ason ne fa. Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na odii ade mfirihyia aduasa abiɛsa wɔ hɔ.
ואלה נולדו לו בירושלים שמעא ושובב ונתן ושלמה ארבעה לבת שוע בת עמיאל 5
Mmabarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no ne: Simea, Sobab, Natan ne Salomo. Amiel babea Batseba na ɔwoo saa mmarima yi.
ויבחר ואלישמע ואליפלט 6
Wɔsan wowoo mmabarima baakron bi maa Dawid. Wɔne Yibhar, Elisua, Elifelet,
ונגה ונפג ויפיע 7
Noga, Nefeg, Yafia,
ואלישמע ואלידע ואליפלט תשעה 8
Elisama, Eliada ne Elifelet.
כל בני דויד--מלבד בני פילגשים ותמר אחותם 9
Eyinom ne Dawid mmabarima a ne mpena mma nka ho. Na Dawid wɔ ɔbabea bi a wɔfrɛ no Tamar.
ובן שלמה רחבעם אביה בנו אסא בנו יהושפט בנו 10
Na Salomo asefo yɛ Rehoboam, Abia, Asa, Yehosafat,
יורם בנו אחזיהו בנו יואש בנו 11
Yoram, Ahasia, Yoas,
אמציהו בנו עזריה בנו יותם בנו 12
Amasia, Asaria, Yotam,
אחז בנו חזקיהו בנו מנשה בנו 13
Ahas, Hesekia, Manase,
אמון בנו יאשיהו בנו 14
Amon ne Yosia.
ובני יאשיהו--הבכור יוחנן השני יהויקים השלשי צדקיהו הרביעי שלום 15
Na Yosia mmabarima ne Yohanan a ɔyɛ abakan, Yehoiakim to so abien, Sedekia to so abiɛsa, na Salum to so anan.
ובני יהויקים--יכניה בנו צדקיה בנו 16
Yehoiakim babarima Yehoiakyin na odii nʼade, na ɔno nso ne wɔfa Sedekia bedii nʼade.
ובני יכניה אסר שאלתיאל בנו 17
Yehoiakyin a Babiloniafo kyeree no kɔtoo afiase no mmabarima ne Sealtiel,
ומלכירם ופדיה ושנאצר יקמיה הושמע ונדביה 18
Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama ne Nedabia.
ובני פדיה זרבבל ושמעי ובן זרבבל משלם וחנניה ושלמית אחותם 19
Na Pedaia mmabarima yɛ Serubabel ne Simei. Na Serubabel mmabarima yɛ Mesulam ne Hanania. Na ɔwɔ ɔbabea nso a ne din de Selomit.
וחשבה ואהל וברכיה וחסדיה יושב חסד--חמש 20
Na ne mmabarima baanum bi nso din ne Hasuba, Ohel, Berekia, Hasadia ne Yusab-Hesed.
ובן חנניה פלטיה וישעיה בני רפיה בני ארנן בני עבדיה בני שכניה 21
Na Hanania mmabarima din de Pelatia ne Yesaia. Na Yesaia babarima din de Refaia. Na Refaia babarima din de Arnan. Na Arnan babarima din de Obadia. Na Obadia babarima din de Sekania.
ובני שכניה שמעיה ובני שמעיה חטוש ויגאל ובריח ונעריה ושפט--ששה 22
Na Sekania asefo yɛ Semaia ne ne mmabarima Hatus, Igal, Baria, Nearia ne Safat. Na wɔn nyinaa yɛ baasia.
ובן נעריה אליועיני וחזקיה ועזריקם--שלשה 23
Na Nearia mmabarima din de Elioenai, Hiskia ne Asrikam. Na wɔyɛ baasa.
ובני אליועיני הודיוהו (הודויהו) ואלישיב ופליה ועקוב ויוחנן ודליה וענני--שבעה 24
Na Elioenai mmabarima din de Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani. Na wɔyɛ baason.

< דברי הימים א 3 >