< Προς Τιμοθεον Β΄ 1 >

1 παυλος αποστολος χριστου ιησου δια θεληματος θεου κατ επαγγελιαν ζωης της εν χριστω ιησου
Nwoma yi firi Paulo a ɔyɛ Kristo Yesu ɔsomafoɔ no nkyɛn. Onyankopɔn ankasa na ɔfrɛɛ me sɛ ɔsomafoɔ, sɛ menkɔbɔ nkwa a ɔnam Kristo Yesu so de baeɛ no ho dawuro.
2 τιμοθεω αγαπητω τεκνω χαρις ελεος ειρηνη απο θεου πατρος και χριστου ιησου του κυριου ημων
Mede kɔma me dɔba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ mfiri Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.
3 χαριν εχω τω θεω ω λατρευω απο προγονων εν καθαρα συνειδησει ως αδιαλειπτον εχω την περι σου μνειαν εν ταις δεησεσιν μου νυκτος και ημερας
Meda Onyankopɔn a mede adwene mu fann som no sɛdeɛ me mpanimfoɔ yɛeɛ no ase. Daa, anadwo ne awia, mekae wo wɔ me mpaeɛbɔ mu.
4 επιποθων σε ιδειν μεμνημενος σου των δακρυων ινα χαρας πληρωθω
Mekae wo nisuteɛ ɛberɛ a yɛredi mpaapaemu no a, ɛma mʼani gyina wo. Enti sɛ mehunu wo bio a mʼani bɛgye.
5 υπομνησιν λαβων της εν σοι ανυποκριτου πιστεως ητις ενωκησεν πρωτον εν τη μαμμη σου λωιδι και τη μητρι σου ευνικη πεπεισμαι δε οτι και εν σοι
Mekae gyidie a emu yɛ den a na wowɔ, gyidie a ɛfirii aseɛ firii wo nana Lois ne wo maame Eunike mu no, na megye di sɛ woda so kura saa gyidie no a emu yɛ den no ara mu.
6 δι ην αιτιαν αναμιμνησκω σε αναζωπυρειν το χαρισμα του θεου ο εστιν εν σοι δια της επιθεσεως των χειρων μου
Yei enti merebɔ wo nkaeɛ sɛ kae akyɛdeɛ a ɛberɛ a mede me nsa guu wo so no Onyankopɔn de maa wo no.
7 ου γαρ εδωκεν ημιν ο θεος πνευμα δειλιας αλλα δυναμεως και αγαπης και σωφρονισμου
Ɛfiri sɛ, Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufoɔ; na mmom, Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛsoɔ.
8 μη ουν επαισχυνθης το μαρτυριον του κυριου ημων μηδε εμε τον δεσμιον αυτου αλλα συγκακοπαθησον τω ευαγγελιω κατα δυναμιν θεου
Mma wʼani nnwu Awurade adansedie, ne me a meyɛ ne deduani ho. Na sɛ ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn wɔ ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu.
9 του σωσαντος ημας και καλεσαντος κλησει αγια ου κατα τα εργα ημων αλλα κατα ιδιαν προθεσιν και χαριν την δοθεισαν ημιν εν χριστω ιησου προ χρονων αιωνιων (aiōnios g166)
Ɔgyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ ne dea. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɛyɛ nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ ewiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no, (aiōnios g166)
10 φανερωθεισαν δε νυν δια της επιφανειας του σωτηρος ημων χριστου ιησου καταργησαντος μεν τον θανατον φωτισαντος δε ζωην και αφθαρσιαν δια του ευαγγελιου
na seesei, ɔnam Agyenkwa Kristo Yesu ba a ɔbɛba no so ada biribiara adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owuo so nkonim, na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te sɛ kanea na ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ brɛɛ yɛn.
11 εις ο ετεθην εγω κηρυξ και αποστολος και διδασκαλος
Onyankopɔn ayi me sɛ ɔsomafoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ menna Asɛmpa no adi.
12 δι ην αιτιαν και ταυτα πασχω αλλ ουκ επαισχυνομαι οιδα γαρ ω πεπιστευκα και πεπεισμαι οτι δυνατος εστιν την παραθηκην μου φυλαξαι εις εκεινην την ημεραν
Ɛnam yeinom so enti na mehunu saa amaneɛ yi. Nanso, meda so wɔ gyidie, ɛfiri sɛ, menim deɛ mede me ho to no so no, na menim nso sɛ ɔbɛkora deɛ mede ahyɛ ne nsa no ama da no nso.
13 υποτυπωσιν εχε υγιαινοντων λογων ων παρ εμου ηκουσας εν πιστει και αγαπη τη εν χριστω ιησου
Sɔ nokwasɛm a mekyerɛɛ wo no mu yie, na fa yɛ nhwɛsodeɛ, na tena gyidie ne ɔdɔ a ɛyɛ yɛn dea wɔ Kristo Yesu mu no.
14 την καλην παραθηκην φυλαξον δια πνευματος αγιου του ενοικουντος εν ημιν
Wɔde ademudeɛ a ɛsom bo ahyɛ wo nsa. Fa Honhom Kronkron a ɔte wo mu no mmoa bɔ ho ban.
15 οιδας τουτο οτι απεστραφησαν με παντες οι εν τη ασια ων εστιν φυγελος και ερμογενης
Sɛdeɛ wonim no, Akristofoɔ a wɔfiri Asia baa ha no nyinaa adwane agya me. Figelo ne Hermogene nso ka wɔn ho.
16 δωη ελεος ο κυριος τω ονησιφορου οικω οτι πολλακις με ανεψυξεν και την αλυσιν μου ουκ επαισχυνθη
Awurade nhunu Onesiforo fiefoɔ mmɔbɔ ɛfiri sɛ, ɔhyɛɛ me nkuran mpɛn bebree. Nʼani anwu wɔ me ho sɛ mada afiase pɛn,
17 αλλα γενομενος εν ρωμη σπουδαιως εζητησεν με και ευρεν
na ɔduruu Roma ara pɛ, ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me ara kɔsii sɛ ɔhunuu me.
18 δωη αυτω ο κυριος ευρειν ελεος παρα κυριου εν εκεινη τη ημερα και οσα εν εφεσω διηκονησεν βελτιον συ γινωσκεις
Awurade mmoa no na da no ɔnnya ahummɔborɔ mfiri Awurade no nkyɛn! Wonim akwan ahodoɔ a ɔfaa so boaa me wɔ Efeso.

< Προς Τιμοθεον Β΄ 1 >