< Προς Φιλιππησιους 2 >

1 Εἴ τις οὖν παράκλησις ἐν Χριστῷ, εἴ τι παραμύθιον ἀγάπης, εἴ τις κοινωνία πνεύματος, εἴ τις σπλάγχνα καὶ οἰκτιρμοί,
Mo nkwa a mowɔ wɔ Kristo mu no hyɛ mo den anaa? Ne dɔ kyekyere mo werɛ anaa? Mo ne Honhom no wɔ ayɔnkofa bi anaa? Mowɔ ayamyɛ ne ayamhyehyeɛ ma mo ho mo ho anaa?
2 πληρώσατέ μου τὴν χαρὰν ἵνα τὸ αὐτὸ φρονῆτε, τὴν αὐτὴν ἀγάπην ἔχοντες, σύνψυχοι, τὸ ἓν φρονοῦντες,
Sɛ ɛte saa deɛ a, ɛnneɛ monnya adwene korɔ wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botaeɛ korɔ mu na mʼanigyeɛ awie pɛyɛ.
3 μηδὲν κατ’ ἐριθείαν μηδὲ κατὰ κενοδοξίαν, ἀλλὰ τῇ ταπεινοφροσύνῃ ἀλλήλους ἡγούμενοι ὑπερέχοντας ἑαυτῶν,
Monnyɛ pɛsɛmenkomenya; monnhoahoa mo ho mfa mpɛ animuonyam hunu. Mommrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho na mommu mo yɔnkonom nsene mo ankasa mo ho.
4 μὴ τὰ ἑαυτῶν ἕκαστοι σκοποῦντες, ἀλλὰ καὶ τὰ ἑτέρων ἕκαστοι.
Mommma obiara nnnwene ne nko ara nʼadeɛ ho, na mmom, ɔnnwene nʼafɛfoɔ nso deɛ ho bi.
5 τοῦτο φρονεῖτε ἐν ὑμῖν ὃ καὶ ἐν Χριστῷ Ἰησοῦ,
Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo deɛ no bi.
6 ὃς ἐν μορφῇ θεοῦ ὑπάρχων οὐχ ἁρπαγμὸν ἡγήσατο τὸ εἶναι ἴσα θεῷ,
Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu deɛ, nanso wanhyɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ.
7 ἀλλὰ ἑαυτὸν ἐκένωσεν μορφὴν δούλου λαβών, ἐν ὁμοιώματι ἀνθρώπων γενόμενος· καὶ σχήματι εὑρεθεὶς ὡς ἄνθρωπος
Ɔdanee ne tumi kɛseɛ ne nʼanimuonyam too nkyɛn. Mmom, ɔfirii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so, baeɛ sɛ onipa bɛyɛɛ nʼadeɛ sɛ onipa.
8 ἐταπείνωσεν ἑαυτὸν γενόμενος ὑπήκοος μέχρι θανάτου, θανάτου δὲ σταυροῦ.
Ɔbrɛɛ ne ho ase, yɛɛ ɔsetie, de kɔduruu owuo mu, asɛnnua ho owuo mu mpo.
9 διὸ καὶ ὁ θεὸς αὐτὸν ὑπερύψωσεν καὶ ἐχαρίσατο αὐτῷ τὸ ὄνομα τὸ ὑπὲρ πᾶν ὄνομα,
Yei enti, Onyankopɔn maa no so kɔɔ beaeɛ a ɛkorɔn koraa, maa no din a ɛdi din nyinaa so.
10 ἵνα ἐν τῷ ὀνόματι Ἰησοῦ πᾶν γόνυ κάμψῃ ἐπουρανίων καὶ ἐπιγείων καὶ καταχθονίων,
Na ɛno enti, sɛ wɔbɔ Yesu din a, ɔsorofoɔ ne asase sofoɔ ne asase asefoɔ nkotodwe nyinaa bɛkoto no.
11 καὶ πᾶσα γλῶσσα ἐξομολογήσηται ὅτι κύριος Ἰησοῦς Χριστὸς εἰς δόξαν θεοῦ πατρός.
Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka sɛ, Yesu Kristo ne Awurade, de ahyɛ Agya Onyankopɔn animuonyam.
12 Ὥστε, ἀγαπητοί μου, καθὼς πάντοτε ὑπηκούσατε, μὴ ὡς ἐν τῇ παρουσίᾳ μου μόνον ἀλλὰ νῦν πολλῷ μᾶλλον ἐν τῇ ἀπουσίᾳ μου, μετὰ φόβου καὶ τρόμου τὴν ἑαυτῶν σωτηρίαν κατεργάζεσθε·
Enti, me nnamfo pa, sɛdeɛ na me ne mo te hɔ a na motie me no, saa ara nso na ɛberɛ a menni mo nkyɛn seesei yi, ɛsɛ sɛ motie me ara ne no. Monkɔ so mfa ahopopoɔ ne suro nyɛ adwuma mfa nwie mo nkwagyeɛ ho adwumayɛ,
13 θεὸς γάρ ἐστιν ὁ ἐνεργῶν ἐν ὑμῖν καὶ τὸ θέλειν καὶ τὸ ἐνεργεῖν ὑπὲρ τῆς εὐδοκίας.
ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔma mofiri mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ nʼani.
14 πάντα ποιεῖτε χωρὶς γογγυσμῶν καὶ διαλογισμῶν,
Dwuma biara a modi no, monnnwiinwii na monnnye ho akyinnyeɛ
15 ἵνα γένησθε ἄμεμπτοι καὶ ἀκέραιοι, τέκνα θεοῦ ἄμωμα μέσον γενεᾶς σκολιᾶς καὶ διεστραμμένης, ἐν οἷς φαίνεσθε ὡς φωστῆρες ἐν κόσμῳ,
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔnka biribi ntia mo. Mobɛyɛ kronn sɛ Onyankopɔn mma nokwafoɔ a wɔte ewiase a nkontompofoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ ahyɛ ma tɔ no mu. Ɛsɛ sɛ mohyerɛn wɔ wɔn mu sɛ nsoromma a ɛwɔ soro
16 λόγον ζωῆς ἐπέχοντες, εἰς καύχημα ἐμοὶ εἰς ἡμέραν Χριστοῦ, ὅτι οὐκ εἰς κενὸν ἔδραμον οὐδὲ εἰς κενὸν ἐκοπίασα.
wɔ nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. Sɛ moyɛ saa, na Kristo Ɛda no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara ne no, ɛfiri sɛ, ɛbɛda no adi sɛ dwuma a mebɛdiiɛ no anyɛ kwa.
17 ἀλλὰ εἰ καὶ σπένδομαι ἐπὶ τῇ θυσίᾳ καὶ λειτουργίᾳ τῆς πίστεως ὑμῶν, χαίρω καὶ συνχαίρω πᾶσιν ὑμῖν·
Ebia na ɛsɛ sɛ wɔhwie me mogya gu sɛ afɔrebɔdeɛ, sɛdeɛ mo ɔsom no nso yɛ afɔrebɔdeɛ ma Onyankopɔn no. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛyɛ anigyesɛm, na me ne mo nyinaa anya saa ahosɛpɛ no.
18 τὸ δὲ αὐτὸ καὶ ὑμεῖς χαίρετε καὶ συνχαίρετέ μοι.
Aane, momma mo ani nnye, sɛdeɛ me nso mʼani agye no.
19 Ἐλπίζω δὲ ἐν κυρίῳ Ἰησοῦ Τιμόθεον ταχέως πέμψαι ὑμῖν, ἵνα κἀγὼ εὐψυχῶ γνοὺς τὰ περὶ ὑμῶν.
Anidasoɔ a mewɔ wɔ Awurade Yesu mu no enti, mɛsoma Timoteo ma waba mo nkyɛn na mo ho nsɛm a mɛte no ahyɛ me nkuran.
20 οὐδένα γὰρ ἔχω ἰσόψυχον ὅστις γνησίως τὰ περὶ ὑμῶν μεριμνήσει,
Ɔno nko ne obi a ɔwɔ ɔtema ma me na mo ho asɛm nso hia no.
21 οἱ πάντες γὰρ τὰ ἑαυτῶν ζητοῦσιν, οὐ τὰ Χριστοῦ Ἰησοῦ.
Obiara pɛ ɔno ara ne yiedie a Yesu Kristo ho asɛm mmfa ne ho.
22 τὴν δὲ δοκιμὴν αὐτοῦ γινώσκετε, ὅτι ὡς πατρὶ τέκνον σὺν ἐμοὶ ἐδούλευσεν εἰς τὸ εὐαγγέλιον.
Mo ankasa modi ho adanseɛ wɔ dwuma a wadi ho. Wakyerɛ nso sɛ, ɔne me te sɛ ɔba ne nʼagya a wɔaka abom adi asɛmpa no ho dwuma.
23 τοῦτον μὲν οὖν ἐλπίζω πέμψαι ὡς ἂν ἀφίδω τὰ περὶ ἐμὲ ἐξαυτῆς·
Sɛ mehunu sɛdeɛ nneɛma rekɔ so ma me a, ɛrenkyɛre biara mɛsoma no wɔ mo nkyɛn.
24 πέποιθα δὲ ἐν κυρίῳ ὅτι καὶ αὐτὸς ταχέως ἐλεύσομαι.
Na Awurade mu anidasoɔ a mewɔ enti, menim sɛ ɛrenkyɛre biara mʼankasa mɛba mo nkyɛn.
25 Ἀναγκαῖον δὲ ἡγησάμην Ἐπαφρόδιτον τὸν ἀδελφὸν καὶ συνεργὸν καὶ συνστρατιώτην μου, ὑμῶν δὲ ἀπόστολον καὶ λειτουργὸν τῆς χρείας μου, πέμψαι πρὸς ὑμᾶς,
Mʼadwene ho sɛ, mɛsoma yɛn nua Epafrodito a wayɛ adwuma, na ɔdi me nkyɛn mu ako na wasom mo sɛ mo ɔsomafoɔ de aboa me no wɔ mo nkyɛn.
26 ἐπειδὴ ἐπιποθῶν ἦν πάντας ὑμᾶς, καὶ ἀδημονῶν διότι ἠκούσατε ὅτι ἠσθένησεν.
Ne ho pere no sɛ ɔbɛhunu mo nyinaa na ɛha no nso sɛ motee ne nka sɛ ɔyare.
27 καὶ γὰρ ἠσθένησεν παραπλήσιον θανάτῳ· ἀλλὰ ὁ θεὸς ἠλέησεν αὐτόν, οὐκ αὐτὸν δὲ μόνον ἀλλὰ καὶ ἐμέ, ἵνα μὴ λύπην ἐπὶ λύπην σχῶ.
Ampa ara, na ɔyare a anka ɔreyɛ awu. Nanso, Onyankopɔn hunuu no ne me nso mmɔbɔ, ɛfiri sɛ, wamma manni awerɛhoɔ.
28 σπουδαιοτέρως οὖν ἔπεμψα αὐτὸν ἵνα ἰδόντες αὐτὸν πάλιν χαρῆτε κἀγὼ ἀλυπότερος ὦ.
Me ho peree me yie sɛ mɛsoma no mo nkyɛn, na mohunu no a, mo ani asane agye bio na me nso mʼawerɛhoɔ to atwa.
29 προσδέχεσθε οὖν αὐτὸν ἐν κυρίῳ μετὰ πάσης χαρᾶς, καὶ τοὺς τοιούτους ἐντίμους ἔχετε,
Momfa ahosɛpɛ nnye no sɛ onua wɔ Awurade mu. Momfa obuo ne anidie mma nnipa a wɔte sɛ ɔno nyinaa,
30 ὅτι διὰ τὸ ἔργον Χριστοῦ μέχρι θανάτου ἤγγισεν, παραβολευσάμενος τῇ ψυχῇ ἵνα ἀναπληρώσῃ τὸ ὑμῶν ὑστέρημα τῆς πρός με λειτουργίας.
ɛfiri sɛ, ɔde ne nkwa bɔɔ afɔdeɛ a ɛnam so maa anka ɔrewu ama Kristo adwuma de aboa me a anka morentumi mmoa saa no.

< Προς Φιλιππησιους 2 >