< Jesaja 52 >

1 Auf! Sion! Auf! Dein Festkleid angelegt! In deine Prachtgewänder hülle dich, Jerusalem, du heilige Stadt! Kein Unbeschnittener, kein Unreiner betritt dich fernerhin.
Nyan, nyan, Sion, hyɛ ahoɔden adurade no. Hyɛ wo ntade fɛɛfɛ no Yerusalem kuropɔn kronkron no. Momonotofo ne wɔn a wɔn ho agu fi renwura wʼapon mu bio.
2 Schüttle den Staub ab! Auf! Gefangenes Jerusalem! Lös dir die Fesseln deines Halses, gefangene Sionstochter!
Poroporow wo ho mfutuma. Sɔre, tena ahengua so, Yerusalem. Yiyi nkɔnsɔnkɔnsɔn no fi wo kɔn mu, Ɔbabea Sion a wɔafa wo nnommum.
3 Ja, also spricht der Herr: "Umsonst seid ihr verkauft; so werdet ihr auch unentgeltlich freigegeben."
Na sɛɛ na Awurade se: “Wɔantɔn wo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde begye wo.”
4 Denn also spricht der Herr, der Herr: "Mein Volk zog damals nach Ägypten und wollte dort nur gasten, Assur bedrückte es um nichts.
Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: “Bere bi me nkurɔfo kɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ; akyiri no Asiria bɛhyɛɛ wɔn so.
5 Nun aber, wie geschieht mir hier?" Ein Spruch des Herrn: "Mein Volk ist ohne Grund gefangen, und seine Fürsten klagen wehe." Ein Spruch des Herrn: "Mein Name wird noch immerfort gelästert.
“Na mprempren dɛn na mewɔ wɔ ha?” Sɛɛ na Awurade se. “Wɔafa me nkurɔfo kɔ kwa, na wɔn sodifo di fɛw,” Awurade na ose. “Da mu no nyinaa wɔkɔ so gu me din ho fi.
6 Drum soll mein Volk es noch erfahren, wie ich heiße, jawohl an diesem Tag, daß ich es bin, der da gesagt: 'Seht! Ich bin da.'"
Enti me nkurɔfo behu me din; enti da no wobehu sɛ ɛyɛ me na mehyɛɛ ho nkɔm. Yiw, ɛyɛ me.”
7 Wie hochwillkommen eilen über das Gebirge des Freudenboten Füße, der Frieden ausruft, Glück verkündet und Heil verlauten läßt, der Sion meldet: "Dein Gott ist wieder König!"
Hwɛ sɛnea wɔn a wɔde asɛmpa no reba anammɔn si yɛ fɛ wɔ mmepɔw no so, wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm, wɔn a wɔbɔ amanneɛdɛ, wɔn a wɔpae mu ka nkwagye ho asɛm na wɔka kyerɛ Sion se, “Mo Nyankopɔn di hene.”
8 Horch! Deine Wächter rufen laut; sie jubeln alle. Sie sehen ganz genau den Herrn zurück nach Sion kehren.
Muntie! Mo awɛmfo ma wɔn nne so; wɔbɔ mu de anigye teɛ mu. Sɛ Awurade san ba Sion a, wɔde wɔn ani behu.
9 Jauchzt auf! Im Chore jubelt, Trümmer von Jerusalem! Der Herr erbarmt sich seines Volkes, befreit Jerusalem.
Mommɔ mu ntue anigye nnwonto, mo Yerusalem nnwiriwii, efisɛ, Awurade akyekye ne nkurɔfo werɛ wagye Yerusalem.
10 Der Herr entblößt den heiligen Arm vor aller Heidenvölker Augen. Alle Enden der Erde schaun die Hilfe unseres Gottes.
Awurade beyi ne basa kronkron no ho wɔ amanaman nyinaa anim na asase ano nyinaa behu yɛn Nyankopɔn nkwagye.
11 Hinweg! Hinweg! Heraus von da! Berührt nichts Unreines! Zieht fort aus seiner Mitte! Doch reinigt euch, die ihr des Herrn Gefäße tragt!
Monkɔ. Mumfi hɔ nkɔ! Mommfa mo ho nnka biribiara a ho ntew. Mumfi ho na mo ho ntew, mo a mukurakura Awurade nkuruwa.
12 Doch euer Auszug sei nicht eilig und eure Reise nicht fluchtartig! Der Herr geht euch voran, und eure Nachhut bildet wieder Israels Gott.
Morentutu mmirika mfi ha anaa morenguan; efisɛ Awurade bedi mo anim, Israel Nyankopɔn bɛbɔ mo kyidɔm.
13 Fürwahr! Mein Knecht hat Glück; groß wird er, hochgeachtet, hochgeehrt.
Hwɛ, me somfo bedi yiye wɔbɛma no so ayɛ no ɔkɛse.
14 Wie viele seinetwegen sich entsetzten, - so sehr entstellt war er, so wenig sah er andern Menschen ähnlich, so wenig andern Menschenkindern gleich -,
Nea ɛmaa dodow a wohuu no ho dwiriw wɔn no, wɔsɛee nʼanim a ansɛ onipa biara de na nʼabɔsu sɛe a ɛnsɛ ɔdesani de,
15 so setzt er viele Heidenvölker über sich in Staunen, und Könige verschließen ihren Mund. Denn nie Erzähltes schauen sie, und nie Gehörtes hören sie.
saa ara na ɔbɛma aman bebree ho adwiriw wɔn na ahemfo bemuamua wɔn ano, ne nti. Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no behu, na wɔn a wɔntee no nso bɛte ase.

< Jesaja 52 >