< 2 Mose 14 >

1 Und der Herr sprach zu Moses:
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2 "Befiehl den Söhnen Israels, daß sie umkehren und sich vor Pihachirot lagern, zwischen Migdol und dem Meere vor Baalsephon. Ihm gegenüber sollt ihr am Meere lagern!
“Ka kyerɛ nnipa no na wɔmmane mfa Pihahirot a ɛwɔ Migdol ne ɛpo no ntam na ɛne Baal-Sefon di nhwɛanimu no. Sɛ wɔduru hɔ a, wɔnsi wɔn ntomadan wɔ mpoano hɔ.
3 Dann sagt Pharao von den Israeliten: 'Verirrt haben sie sich im Land. Die Wüste hält sie umschlossen.'
Sɛ wɔyɛ saa a, Farao bɛsusu sɛ, ‘Saa Israelfoɔ no aka ɛserɛ no ne ɛpo no ntam.’
4 Und ich verhärte Pharaos Herz, daß er sie verfolge. So räche ich mich an Pharao und all seiner Heeresmacht. Die Ägypter sollen dann wissen, daß ich der Herr bin." Und sie taten so.
Na mɛsane mapirim Farao akoma bio ama wataa mo. Mayɛ saa nhyehyɛeɛ yi sɛdeɛ ɛbɛma manya animuonyam ne anidie wɔ Farao ne nʼasraafoɔ mu na ama Misraimfoɔ no nso ahunu sɛ, mene Awurade no.” Enti, wɔsii ntomadan wɔ baabi a wɔkyerɛɛ wɔn hɔ no.
5 Da ward es Ägyptens König klar, daß das Volk entwichen sei. Und Pharaos wie seiner Diener Herz ward anders gegen das Volk, und sie sprachen: "Was haben wir da gemacht, daß wir Israel aus unserem Dienst entlassen haben?"
Nnansa akyi a Misraimhene no tee sɛ Israelfoɔ no abɔ wɔn tirim sɛ wɔrensane mma Misraim bio na mmom kɔ ara na wɔrekɔ no, Farao ne nʼahokafoɔ akoma sɔree bio. Wɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn na yɛayɛ yi a yɛama nkoa yi ɛkwan ama wɔkɔ?”
6 Und er schirrte seinen Wagen und nahm sein Volk mit sich.
Enti, Farao faa ne teaseɛnam dii nʼasraafoɔ no anim taa wɔn.
7 Sechshundert erlesene Wagen nahm er mit und was sonst an Wagen in Ägypten war, auf ihnen allen Streiter.
Ɔmaa Misraim apɔnkɔsotefoɔ dɔm a wɔn dodoɔ yɛ ahansia ne apɔnkɔ foforɔ bi a asraafoɔ tete wɔn so sram wɔn.
8 Und der Herr verhärtete Pharaos, des Ägypterkönigs, Herz, und so verfolgte er die Israeliten. Die Israeliten aber waren in dichter Schar ausgezogen.
Farao taa Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ, na wɔde Misraimfoɔ agyapadeɛ bebree kɔ.
9 So setzten ihnen die Ägypter nach und erreichten sie in dem Lager am Meer, mit allen Rossen der Wagen Pharaos, mit seinen Reitern und dem übrigen Heere, bei Pihachirot vor Baalsephon.
Farao de nʼapɔnkɔdɔm nyinaa taa Israelfoɔ no so bɛtoo wɔn sɛ wɔasisi wɔn ntomadan wɔ Pihahirot mpoano wɔ Baal-Sefon anim.
10 Wie nun Pharao nähergekommen war, erhoben die Israeliten die Augen. Da waren ihnen die Ägypter nachgezogen, und so erschraken sie heftig. Da schrien die Israeliten zum Herrn.
Ɛberɛ a Misraim asraafoɔ no rebɛn Israelfoɔ no, Israelfoɔ no hunuu wɔn firi akyiri sɛ wɔde mmirika reba enti wɔn akoma tuiɛ, na wɔsu frɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn.
11 Und sie sprachen zu Moses: "Fehlte es an Gräbern in Ägypten, daß du uns zum Sterben in der Wüste mitgenommen hast? Was hast du uns da getan, uns aus Ägypten zu führen?
Ɛmaa wɔn ani beree Mose so bisaa no sɛ, “Wode yɛn aba ɛserɛ yi so sɛ yɛmmɛwuwu wɔ ha, ɛfiri sɛ, adamena nni Misraim a sɛ yɛwuwu a wɔbɛsie yɛn wɔ mu? Adɛn enti na womaa yɛtu firii Misraim?
12 Ist es nicht das gewesen, was wir zu dir in Ägypten gesagt: 'Laß uns in Ruhe! Wir wollen den Ägyptern dienen.' Ja, besser wäre es für uns, den Ägyptern zu dienen, als in der Wüste zu sterben."
Ɛberɛ a yɛwɔ nkoasom mu no, yɛanka ankyerɛ wo sɛ ma yɛmpɛ yɛn baabi ntena? Yɛkaeɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɛhyɛ nkoasom ase wɔ Misraim sene sɛ yɛbɛwuwu agu ɛserɛ so ha.”
13 Da sprach Moses zum Volke: "Fürchtet euch nicht! Haltet stand! Dann erlebt ihr des Herrn Hilfe, die er euch heute schaffen wird. Denn so, wie ihr heute die Ägypter seht, seht ihr sie in alle Ewigkeit nicht wieder.
Nanso, Mose ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Monnsuro. Monnyina pintinn na monhwɛ biribi. Na mobɛhunu anwanwakwan a Awurade nam so bɛgye mo afiri atamfoɔ nsam ɛnnɛ. Misraimfoɔ a mohunu wɔn seesei yi, morenhunu wɔn bio.
14 Der Herr wird für euch streiten, und ihr dürft ruhig zusehen."
Awurade bɛko ama mo a monha mo ho koraa!”
15 Und der Herr sprach zu Moses: "Was schreist du zu mir? Heiße die Söhne Israels aufbrechen!
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Adɛn enti na wosu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔnkɔ wɔn anim.
16 Du aber heb deinen Stab empor, streck die Hand übers Meer und spalte es! Mitten durchs Meer sollen die Israeliten auf dem Trockenen ziehen.
Fa wo poma no. Fa kyerɛ nsuo no so na ɛpo no mu bɛpae ama ɛkwan ada mu ma Israelfoɔ no afa asase wesee so.
17 Ich aber verhärte der Ägypter Sinn. Sie sollen ihnen nachziehen. Ich räche mich so an Pharao und seiner ganzen Kriegermacht, an seinen Wagen und Reitern.
Mɛpirim Misraimfoɔ no akoma ama wɔaka mo so na di a mɛdi Farao ne ne dɔm so bɛma mo ahunu mʼanimuonyam.
18 Die Ägypter sollen dann erkennen, daß ich der Herr bin, wenn ich mich räche an Pharao und seinen Wagen und Reitern."
Na Misraimfoɔ nyinaa bɛhunu sɛ, mene Awurade.”
19 Gottes Engel aber, der vor Israels Heer einherzog, erhob sich und trat hinter sie. Auch die Wolkensäule vor ihnen zog weg und stand hinter ihnen.
Afei, Onyankopɔn ɔbɔfoɔ a ɔdi Israelfoɔ anim no twee ne ho bɛdii Israelfoɔ no akyi. Na omununkum dum nso bɛdii Israelfoɔ no akyi.
20 So kam sie zwischen das ägyptische und das israelitische Lager. Da war nun die Wolke und die Finsternis da, und sie vermehrte die Nacht, so daß keines dem anderen während der ganzen Nacht zu nahe kam.
Ɛbɛtwaa Israelfoɔ no ne Misraimfoɔ no ntam. Na anadwo no, ɛdanee ogya maa esum tɔɔ Misraimfoɔ no so maa ne hann no kyerɛɛ Israelfoɔ no ɛkwan. Enti Misraimfoɔ no anhunu Israelfoɔ no akyiri kwan.
21 Dann streckte Moses seine Hand über das Meer. Und der Herr trieb das Meer zurück durch einen starken Ostwind während der ganzen Nacht und machte das Meer zum Sandgrund. Und das Wasser ward geteilt.
Mose tenee ne nsa wɔ ɛpo no so, na anadwo no nyinaa Awurade de apueeɛ mframa denden maa ɛpo no sanee nʼakyiri ma asase no yɛɛ wesee.
22 Die Israeliten gingen nun mitten durch das Meer im Trockenen. Und die Wasser standen als Mauer zu ihrer Rechten und Linken.
Enti Israelfoɔ no faa ɛpo ɛkwan a emu wesee no so. Na nsuo no yɛɛ afasuo wɔ benkum ne nifa maa wɔn.
23 Aber die Ägypter setzten nach und gingen hinter ihnen mit allen Rossen Pharaos, seinen Wagen und Reitern, mitten in das Meer hinein.
Afei, Misraimfoɔ no nso ne Farao apɔnkɔ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ tii wɔn kɔduruu ɛpo no mfimfini.
24 In der Morgenwache geschah es; da neigte sich der Herr in der Feuer- und Wolkensäule über den Zug der Ägypter und verwirrte den ägyptischen Zug.
Na anɔpahema no, Awurade de ogya ne mununkudum no too Misraim dɔm no so maa wɔn ho yeraa wɔn.
25 Er hemmte ihre Wagenräder und ließ sie nur mit Beschwer vorwärts kommen. Da sprach Ägypten: "Fliehen will ich vor Israel." Denn der Herr stritt für sie gegen Ägypten.
Wɔn nteaseɛnam no nan tutuiɛ enti na wɔntumi nkɔ bio. Enti Misraimfoɔ no kaa sɛ, “Momma yɛnnwane mfiri Israelfoɔ anim, ɛfiri sɛ, Awurade reko ma wɔn na yɛn deɛ, ɔreko tia yɛn.”
26 Da sprach der Herr zu Moses: "Streck deine Hand über das Meer! Zurückfluten sollen die Wasser über die Ägypter, ihre Wagen und Reiter!"
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa wɔ ɛpo no so, na nsuo no nsane mmra Misraimfoɔ ne wɔn nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ no so.”
27 Da streckte Moses seine Hand über das Meer. Und das Meer flutete um die Morgenwende zu seinem Boden zurück, indes die Ägypter ihm entgegenflohen. So trieb der Herr die Ägypter mitten in das Meer.
Mose yɛɛ saa, na adeɛ kyee anɔpa no, ɛpo no sane nʼakyi tenee sɛdeɛ na ɛteɛ. Misraimfoɔ no pɛɛ sɛ wɔdwane, nanso Awurade maa nsuo no faa wɔn.
28 Zurückfluteten da die Wasser und bedeckten die Wagen und Reiter in Pharaos ganzem Heere, das ihnen nachgezogen war ins Meer. Nicht einer von ihnen blieb übrig.
Nsuo no kataa ɛkwan no ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ no nyinaa so. Farao asraafoɔ dodoɔ a wɔfaa ɛpo no mu taa Israelfoɔ no nso, anka ɔbaako koraa.
29 Die Israeliten aber waren auf dem Trockenen mitten durch das Meer gezogen, und die Wasser standen als Mauer zu ihrer Rechten und Linken.
Israelfoɔ no nante faa asase wesee a nsuo yɛ ɔfasuo wɔ benkum ne nifa no so.
30 So befreite der Herr an jenem Tage Israel aus der Hand Ägyptens, und Israel sah die Ägypter tot am Ufer des Meeres.
Saa ɛda no Awurade gyee Israelfoɔ firii Misraimfoɔ nsa mu. Na Israelfoɔ no hunuu Misraimfoɔ no sɛ wɔawuwu deda mpoano.
31 Da sah Israel die Großtat, die der Herr an Ägypten getan. Und das Volk fürchtete den Herrn und vertraute dem Herrn und seinem Diener Moses.
Ɛberɛ a Israelfoɔ hunuu tumi a Awurade ada no adie de atia Misraimfoɔ no, wɔsuroo Awurade, na wɔgyee Awurade ne nʼakoa Mose diiɛ.

< 2 Mose 14 >