< 5 Mose 24 >

1 "Ein Mann nimmt ein Weib und heiratet sie. Sie findet aber nicht Gunst in seinen Augen, weil er an ihr etwas Abstoßendes entdeckt. So schreibt er ihr einen Scheidebrief, händigt ihn ihr aus und entläßt sie aus seinem Hause.
Sɛ ɔbarima ware yere na sɛ nʼani nnye ne ho bio, efisɛ wahu ade bɔne bi wɔ ne ho, na sɛ ɔkyerɛw awaregyae krataa de ma no, na ɔpam no fi ne fi,
2 Sie aber geht nach dem Weggang aus seinem Hause hin und wird eines anderen Mannes.
na ofi fi hɔ na ɔbarima foforo kɔware no,
3 Dieser zweite Mann aber schreibt ihr auch einen Scheidebrief, weil er ihr abgeneigt ist, händigt ihn ihr aus und entläßt sie aus seinem Hause, oder der zweite Mann stirbt, der sie zum Weib nimmt.
na ne kunu a ɔto so abien no gyaa no anaasɛ owu a,
4 Nun kann sie ihr erster Mann, der sie entlassen, nicht wieder zum Weibe nehmen, nachdem sie unrein geworden ist. Denn ein Greuel ist das vor dem Herrn. Du aber sollst das Land nicht beflecken, das dir der Herr, dein Gott, zu eigen gibt!
ne kunu a odi kan a ogyaa no no nni ho kwan sɛ ɔware no bio, bere a ne ho agu fi akyi no. Ɛyɛ akyiwade wɔ Awurade ani so. Mommfa afɔbu mma asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ agyapade no so.
5 Nimmt jemand ein neues Weib, so braucht er nicht mit dem Heere auszuziehen. Er gehört nicht dazu. Er soll ein Jahr für sein Haus frei sein, damit er sein Weib erfreue, das er genommen!
Sɛ ɔbarima aware foforo a, ɛnsɛ sɛ wɔde no kɔ ɔko anaasɛ wɔde dwuma bi di to no so. Ɛsɛ sɛ ɔtena fie afe a ɔnyɛ adwuma biara sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbɛma ne yere foforo a waware no no anya ahotɔ.
6 Man soll nicht die Handmühle, und zwar den oberen Mühlstein, pfänden; denn damit pfändet man das Leben!
Monnnye adeyam bo ne ne boba anaa ne ba no nko ara nsi ka ano, ɛba saa a na moagye ne wura no ano aduan sɛ akagyinamde.
7 Wird einer dabei ertappt, wie er einen seiner Brüder, einen Israeliten, stiehlt, ihn versklavt und verkauft, so soll ein solcher Dieb sterben! Tilge das Böse aus deiner Mitte!
Sɛ obi kyere ne yɔnko Israelni na odi no nya sɛ ɔdɔnkɔ anaa ɔtɔn no a, ɛsɛ sɛ owifo no wu. Ɛsɛ sɛ mutu bɔne ase fi mo mu.
8 Nimm dich in acht bei der Plage des Aussatzes, daß du genau all die Weisungen achtest und sie befolgst, die euch die levitischen Priester lehren! Wie ich ihnen befohlen, so sollt ihr sorgfältig verfahren!
Monhwɛ ɔhonam ani nsanyare nyinaa yiye na munni ho mmara a Lewifo asɔfo bɛkyerɛ mo no so. Munni ahyɛde a mede ama wɔn no so pɛpɛɛpɛ.
9 Bedenke, was der Herr, dein Gott, unterwegs an Mirjam tat, auf eurem Zuge aus Ägypten!
Monkae nea bere a mufi Misraim reba no Awurade, mo Nyankopɔn no, yɛɛ Miriam.
10 Borgst du deinem Nächsten, dann darfst du nicht sein Haus betreten, um von ihm ein Pfand zu erheben.
Sɛ wode biribi fɛm wo yɔnko a, nkɔ wo yɔnko fi nkogye akagyinamde.
11 Draußen sollst du stehenbleiben! Der Mann, dem du geborgt, soll dir das Pfand herausbringen!
Gyina afikyiri na ma ɔyɔnko a ɔfɛm wʼade no mfa akagyinamde no mmrɛ wo.
12 Ist es ein armer Mann, dann lege dich nicht schlafen mit seinem Pfande!
Sɛ ɔyɔnko no yɛ ohiani a, nkora akagyinamde no nkosi adekyee.
13 Du sollst ihm das Pfand bei Sonnenuntergang zurückgeben, damit er sich in seinem Mantel schlafen lege und dich segne! Dann hast du ein Verdienst vor dem Herrn, deinem Gott.
Enkosi owiatɔbere no na wode ntama no akɔma wo yɔnko no na ɔde ada. Na ɔbɛda wo ase, na wɔbɛfa no sɛ ade trenee wɔ Awurade, wo Nyankopɔn no, ani so.
14 Einen armen und bedürftigen Taglöhner sollst du nicht drücken, sei er von deinen Brüdern oder von den Fremdlingen in deinem Land und in deinen Toren bei dir!
Nhyɛ ɔpaani mmɔborɔni a ɔyɛ wo nua Israelni anaa ɔhɔho a ɔte mo nkurow no mu bi mu no so.
15 Du sollst ihm seinen Lohn noch am selben Tage geben, bevor die Sonne darüber untergeht! Denn er ist arm und verlangt sehnlich danach. Sonst ruft er den Herrn gegen dich an, und Sünde ist an dir.
Tua nʼapaade ma no da biara ansa na owia akɔtɔ, efisɛ ɔyɛ ohiani na nʼani da saa akatua no so. Anyɛ saa a, obesu afrɛ Awurade atia wo, na wubedi bɔne ho fɔ.
16 Väter sollen nicht wegen der Kinder getötet werden und Kinder nicht wegen der Väter! Jeder sterbe nur für seine Schuld!
Ɛnsɛ sɛ wokum awofo wɔ wɔn mma bɔne bi a wɔayɛ ho. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wokum mma wɔ awofo bɔne bi a wɔayɛ ho. Ɛsɛ sɛ obiara wu wɔ nʼankasa bɔne ho.
17 Das Recht eines Fremdlings und einer Waise sollst du nicht beugen! Du sollst nicht das Kleid einer Witwe pfänden!
Ɛnsɛ sɛ mubu ahɔho a wɔte mo mu ne nyisaa ntɛnkyew, anaasɛ mugye ɔbea kunafo ntama de di akagyinamu.
18 Bedenke, daß du in Ägypten Sklave gewesen und daß dich der Herr, dein Gott, daraus befreit hat! Darum gebiete ich dir, so zu tun.
Daa monkae sɛ, na mo nso moyɛ nkoa wɔ Misraim na Awurade, mo Nyankopɔn no, na ogyee mo. Ɛno nti na mehyɛ mo sɛ monyɛ eyi no.
19 Hältst du auf dem Felde deine Ernte und vergißt du eine Garbe auf dem Felde, dann sollst du nicht zurückkehren, sie zu holen! Sie soll den Fremdlingen, Waisen und Witwen gehören, auf daß dich der Herr, dein Gott, bei allem Tun deiner Hände segne!
Sɛ moretwa mo mfuw mu nnɔbae, na mo ani pa nnɔbae no bi so a, monnsan nkɔfa. Monnyaw ma ahɔho, nyisaa ne akunafo sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo nsa ano nnwuma nyinaa so.
20 Schüttelst du deine Ölbäume, dann sollst du nicht die Zweige hinterher abklopfen! Den Fremdlingen, Waisen und Witwen sollen sie eigen sein!
Sɛ motew wo ngonnua so aba a, monkɔ so mprenu. Monnyaw aba a aka wɔ so no mma ahɔho, nyisaa ne akunafo.
21 Hältst du Lese in deinem Weinberg, dann sollst du nicht hinterher Nachlese halten! Den Fremdlingen, Waisen und Witwen soll es eigen sein!
Saa nso na motew wo bobe nturo so aba a, monkɔ so mprenu; na monnyaw aba a aka wɔ so no mma ahɔho, nyisaa ne akunafo.
22 Bedenke, daß du in Ägypten Sklave gewesen! Darum gebiete ich dir, also zu tun."
Monkae sɛ, moyɛɛ nkoa wɔ Misraim. Ɛno nti na mehyɛ mo sɛ monyɛ eyi no.

< 5 Mose 24 >