< 2 Samuel 24 >

1 Nochmals zürnte der Herr über Israel. Und so reizte er David gegen Israel durch den Befehl: "Auf! Zähle Israel und Juda!"
Bio, Awurade abufuw baa Israel so nti, ɔhyɛɛ Dawid sɛ ɔmfa nnipakan so nhaw wɔn a wɔwɔ Israel ne Yuda nyinaa. Awurade see Dawid sɛ, “Kɔ na kɔkan Israelfo ne Yudafo nyinaa.”
2 Da sprach der König zu Joabs Heerführern, die bei ihm waren: "Durchwandert alle Stämme Israels von Dan bis Beerseba und zählt das Volk, daß ich die Zahl des Volkes erfahre!"
Enti ɔhene no ka kyerɛɛ ne sahene Yoab se, “Kan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa, efi Dan a ɛwɔ atifi fam, de besi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam, na ama mahu nnipa dodow a wɔwɔ ha.”
3 Da sprach Joab zum König: "Mag der Herr, dein Gott, das Volk, wie es ist, hundertfach vermehren, und mag mein Herr, der König, dies selbst erleben! Aber warum verlangt dies mein Herr, der König?"
Na Yoab buaa ɔhene no se, “Awurade mma wo ntena ase kosi sɛ nnipa a wɔwɔ wʼahenni yi mu ase bɛterɛw mmɔho ɔha. Na adɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ eyi?”
4 Aber des Königs Befehl zwang Joab und die Heerführer. So gingen Joab und die Heerführer vom König weg, das Volk Israel zu zählen.
Na ɔhene no hyɛɛ no ketee sɛ, wɔnkan nnipa nti, Yoab ne nʼadwumayɛfo kɔkan nnipa a wɔwɔ Israel.
5 Sie überschritten den Jordan und machten sich an die Arbeit in Aroër, rechts von der Stadt, im Bachtale, gegen Gad und Jazer hin.
Nea edi kan no, wotwaa Yordan kɔtenaa Aroer, kurow a ɛwɔ obon no anafo a ɛkyerɛ Gad no. Afei, wɔkɔɔ Yaser,
6 So kamen sie nach dem Gilead und in das Land unter dem Hermon. Dann kamen sie nach Dan und in Galiläas Umkreis nach Sidon zu.
toaa so koduu Gilead a ɛwɔ Tatim-hodsi, toaa so kɔɔ Dan Yaan ne Sidon fa mu.
7 Dann kamen sie zur Festung von Tyrus sowie zu allen Chiwiter- und Kanaaniterstädten. Dann zogen sie nach Judas Südland, nach Beerseba.
Afei, wɔbaa Tiro aban mu ne Hewifo ne Kanaanfo nkuropɔn nyinaa mu. Wɔkɔɔ Yuda anafo, koduu Beer-Seba de wiei.
8 So durchstreiften sie das ganze Land und kamen nach neun Monaten und zwanzig Tagen nach Jerusalem zurück.
Wowurawuraa asase no nyinaa so, de asram akron ne nnafua aduonu wiee nnipakan no, san kɔɔ Yerusalem.
9 Da gab Joab die Zahl aus der Volkszählung dem Könige an: "Israel zählte 800.000 an waffenfähigen, schwertgerüsteten Mannen und Juda nach seiner Mannschaft 500.000."
Yoab de ne nnipa dodow a wonyae brɛɛ ɔhene no. Na mmarima a wɔadu sogyadi mfe so wɔ Israel no dodow yɛ mpem ahanwɔtwe, na mpem ahannum nso wɔ Yuda.
10 David aber schlug das Gewissen nach der Volkszählung. Und so sprach David zum Herrn: "Ich habe schwer gesündigt durch das, was ich getan. Nun aber, Herr, vergib die Schuld Deines Sklaven. Denn ich habe töricht gehandelt."
Dawid kan nnipa no nyinaa wiei no, nʼahonim buu no fɔ, nti ɔka kyerɛɛ Awurade se, “Nea meyɛe yi nti, mayɛ bɔne. Enti Awurade, mesrɛ wo, yi saa afɔbu yi fi wo somfo so. Mayɛ nkwaseade.”
11 Als David am Morgen aufstand, war das Wort des Herrn an den Propheten Gad, Davids Seher, also ergangen:
Ade kyee no, Awurade asɛm baa odiyifo Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehufo nkyɛn se:
12 "Auf! Sprich zu David: 'So spricht der Herr: Ich lege dir dreierlei vor: Eins wähle dir davon, daß ich es dir antue!'"
“Kɔka kyerɛ Dawid sɛ, Sɛnea Awurade se ni: ‘Mede nsɛm abiɛsa reto wʼanim. Yi mu baako na menyɛ ntia wo.’”
13 Da ging Gad zu David und verkündete es ihm. Er sprach zu ihm: "Entweder für dich drei Jahre Hungersnot in deinem Land oder drei Monate Flucht vor deinem Feind, wenn er dich verfolgt, oder drei Tage Pest in deinem Land? Nun besinne dich und sieh zu, was ich dem bescheiden soll, der mich sendet!"
Enti Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kobisaa no se, “Ɔkɔm mmra wʼasase yi so mfe abiɛsa ana? Anaa, atamfo a wogu wo so no wubeguan wɔn asram abiɛsa? Anaa, ɔyaredɔm mmra wo man yi mu nnansa? Enti afei, dwene ho yiye, na ma minhu mmuae a memfa nkɔma Awurade.”
14 Da sprach David zu Gad: "Mir ist sehr bange. Laßt uns lieber in des Herrn Hand fallen! Denn sein Erbarmen ist groß. Aber in Menschenhand möchte ich nicht fallen."
Dawid ka kyerɛɛ Gad se, “Yɛwɔ ahohiahia mu. Momma yɛmfa yɛn ho nhyɛ Awurade nsa, efisɛ nʼadɔe dɔɔso; nanso mma me nkɔtɔ nnipa nsam.”
15 So schickte der Herr eine Pest über Israel vom Morgen bis zum Vormittag. Und vom Volke starben 70.000 Mann von Dan bis Beerseba.
Enti Awurade tow ɔyaredɔm guu Israel so anɔpa no ma edii nnansa. Na nnipa mpem aduɔson fii Dan kosi Beer-Seba wuwui.
16 Und der Engel des Herrn streckte seine Hand gegen Jerusalem aus, es zu vernichten. Da reute den Herrn das Unheil, und er gebot dem Engel, der unter dem Volke würgte: "Genug! Zieh deine Hand jetzt ab!" Des Herrn Engel war eben bei der Tenne des Jebusiters Arauna.
Bere a ɔbɔfo no reyɛ ahoboa akɔsɛe Yerusalem no, Awurade nuu ne ho wɔ asɛm no ho, na ɔka kyerɛɛ no se, “Eye! Gyae.” Saa bere no na Awurade bɔfo no adu Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.
17 Da sprach David zum Herrn, als er sah, wie der Engel das Volk schlug, und sagte: "Ich habe gefehlt und gesündigt. Was aber haben die Schafe getan? Deine Hand sei doch gegen mich und mein Haus!"
Bere a Dawid huu ɔbɔfo no, ɔka kyerɛɛ Awurade se, “Me na mayɛ bɔne. Eyinom de wonnim ho hwee, dɛn na wɔayɛ? Ma wo bɔfo nsɛe me ne me fifo.”
18 Da kam Gad zu David an jenem Tage und sprach zu ihm: "Geh hinauf und errichte dem Herrn einen Altar auf der Tenne des Jebusiters Arauna!"
Da no, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Kɔ na kosi afɔremuka ma Awurade wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.”
19 Da ging David auf Gads Geheiß hinauf, wie ihm der Herr befohlen.
Na Dawid kɔyɛɛ nea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
20 Arauna schaute eben aus. Da sah er den König mit seinen Dienern auf sich zukommen. So trat Arauna hinaus und neigte sein Antlitz vor dem König bis zum Boden.
Bere a Arauna huu sɛ ɔhene ne ne mmarima reba no, opue bɛkotow ɔhene, de nʼanim butuw fam.
21 Dann sprach Arauna: "Warum kommt mein Herr, der König, zu seinem Sklaven?" Da sprach David: "Um dir die Tenne abzukaufen und dem Herrn einen Altar zu bauen, daß die Seuche vom Volke abgewehrt werde."
Arauna bisae se, “Adɛn nti na woaba, me wura?” Dawid buae se, “Merebɛtɔ awiporowbea hɔ, na masi afɔremuka wɔ hɔ ama Awurade, sɛnea Awurade bɛma ɔyaredɔm no agyae.”
22 Da sprach Arauna: "Mein Herr, der König, wolle nehmen und opfern, was ihm beliebt! Hier sind die Rinder zum Brandopfer und die Dreschwagen und das Rindergeschirr zum Holz.
Arauna ka kyerɛɛ Dawid se, “Me wura fa na fa yɛ nea wopɛ. Nantwi a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre ni. Wubetumi de awiporowbea nnua ne nantwi mpamho nnua no ayɛ nnyina wɔ afɔremuka no so.
23 Dies alles, o König, schenkt Arauna dem König." Ferner sprach Arauna zum König: "Der Herr, dein Gott, sei dir geneigt!"
Mede ne nyinaa bɛma wo, na mesrɛ se, Awurade, wo Nyankopɔn nnye afɔre yi.”
24 Da sprach der König zu Arauna: "Nein! Ich will es von dir um Entgelt erwerben! Ich kann dem Herrn, meinem Gott, nicht Brandopfer ohne Entgelt darbringen." So kaufte David die Tenne und die Rinder für fünfzig Silberlinge.
Na ɔhene no buaa Arauna se, “Dabi da, mepɛ sɛ mɛtɔ, na merentumi mmɔ ɔhyew afɔre mma Awurade, me Nyankopɔn, a mammɔ ho ka biara.” Enti Dawid tuaa dwetɛ bɛyɛ gram ahannum aduoson anum de tɔɔ awiporowbea ne nantwi no.
25 Und David baute dort dem Herrn einen Altar und brachte Brand- und Mahlopfer dar. Und der Herr ward dem Lande hold gestimmt. So ward die Seuche von Israel abgewehrt.
Dawid sii afɔremuka wɔ hɔ maa Awurade, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre hɔ. Na Awurade tiee ne mpaebɔ maa ɔyaredɔm no gyaee.

< 2 Samuel 24 >