< Joël 2 >

1 Sonnez du cor en Sion, et sonnez avec un retentissement bruyant en la montagne de ma sainteté; que tous les habitants du pays tremblent; car la journée de l'Eternel vient; car elle est proche.
Hyɛn totorobɛnto no wɔ Sion; hyɛn abɛn no wɔ me bepɔ kronkron no so. Ma wɔn a wɔte asase no so nyinaa ho mpopo, ɛfiri sɛ Awurade ɛda no reba, na abɛn koraa.
2 Journée de ténèbres et d'obscurité; journée de nuées et de brouillards. Comme l'aube du jour s'étend sur les montagnes, [ainsi s'étend] un peuple grand et puissant, auquel il n'[y a] point eu de semblable de tout temps, et après lequel il n'y en aura point [de semblable] dans la suite des siècles.
Esum ne kusukuukuu ɛda. Omununkum ne esum kabii ɛda. Sɛdeɛ adekyeeɛ hann trɛtrɛ wɔ mmepɔ so no, saa ara na asraadɔm a wɔ dɔɔso na wɔyɛ den ba no teɛ. Wɔnhunuu wɔn sɛso bi da, na wɔrenhunu ne sɛso nso da.
3 Le feu dévore devant sa face, et derrière lui la flamme brûle; le pays était avant sa venue comme le jardin d'Héden; et après qu'il sera parti [il sera comme] un désert de désolation; et même il n'y aura rien qui lui échappe.
Egya rehye wɔ wɔn anim, ogyaframa dɛre wɔ wɔn akyi, asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo, deɛ ɛda wɔn akyi no te sɛ anweatam, biribiara nni hɔ a ɛpa wɔn ani so.
4 C'est, à le voir, comme si on voyait des chevaux, et ils courront comme des gens de cheval;
Wɔte sɛ apɔnkɔ. Wɔhurihuri te sɛ apɔnkɔsotefoɔ asraadɔm.
5 Et ils sauteront menant un bruit semblable à celui des chariots sur les sommets des montagnes, et au bruit d'une flamme de feu, qui dévore du chaume; et ils seront comme un peuple puissant rangé en bataille.
Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nteaseɛnam na wɔtu fa mmepɔ atifi, wɔte sɛ ogyaframa a ɛrehyeɛ wira dwaneeɛ, wɔte sɛ asraadɔm akantinka a wɔrekɔ ɔsa.
6 Les peuples trembleront en le voyant; tous les visages en deviendront pâles et livides.
Aman ani bɔ wɔn so a, ehu bɔ wɔn; na wɔn anim to hoa.
7 Ils courront comme des gens vaillants, et monteront sur la muraille comme des gens de guerre; ils marcheront chacun en son rang, et ne se détourneront point de leurs chemins.
Wɔko kɔ wɔn anim te sɛ akofoɔ; wɔforo afasuo te sɛ asraafoɔ na wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee, na wɔmmane benkum anaa nifa.
8 L'un ne pressera point l'autre, mais chacun marchera dans son chemin, ils se jetteront au travers des épées, et ne seront point blessés.
Obiara ntwintwane ɔfoforɔ anan mu; obiara nante kɔ nʼanim tee. Wɔbu fa banbɔeɛ so, na wɔpem kɔ wɔn anim ara.
9 Ils iront çà et là par la ville, ils courront sur la muraille, ils monteront sur les maisons, ils entreront par les fenêtres comme le larron.
Wɔto hyɛ kuropɔn no so wɔtu mmirika fa afasuo no so wɔforo kɔ afie mu, wɔfa mpoma mu te sɛ akorɔmfoɔ.
10 La terre tremblera devant lui, les cieux seront ébranlés, le soleil et la lune seront obscurcis, et les étoiles retireront leur lueur.
Asase woso wɔ wɔn anim, na ɔsoro hinhim. Owia ne ɔsrane duru sum, na nsoromma nnhyerɛn bio.
11 Aussi l'Eternel fera entendre sa voix devant son armée, parce que son camp sera très-grand; car l'exécuteur de sa parole [sera] puissant; certainement la journée de l'Eternel est grande et terrible; et qui la pourra soutenir?
Awurade bobom de di nʼasraadɔm no anim. Nʼakodɔm no dɔɔso bebree, ahoɔdenfoɔ ne wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so. Awurade ɛda no yɛ kɛseɛ na ɛyɛ hu; hwan na ɔbɛtumi agyina ano?
12 Maintenant donc aussi, dit l'Eternel, retournez-vous jusqu'à moi de tout votre cœur, avec jeûne, avec larmes, et lamentation.
“Na afei,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Sane fa wʼakoma nyinaa bra me nkyɛn, wɔ akɔnkyene, esu ne awerɛhoɔ mu.”
13 Et déchirez vos cœurs, et non pas vos vêtements, et retournez à l'Eternel votre Dieu; car il est miséricordieux et pitoyable, tardif à colère, et abondant en miséricorde, et qui se repent d'avoir affligé.
Sunsuane wʼakoma na ɛnnyɛ wo ntadeɛ mu. Sane bra Awurade wo Onyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔdomfoɔ, ne yam yɛ. Ne bo kyɛre fu na ne dɔ boro so, na ɛnnyɛ no anigye sɛ ɔtwe yɛn aso.
14 Qui sait si l'Eternel votre Dieu ne viendra point à se repentir, et s'il ne laissera point après soi bénédiction, gâteau, et aspersion?
Hwan na ɔnim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahunu mmɔbɔ na wagya nhyira, a ɛyɛ aduane ne hwiesa afɔrebɔdeɛ a mode ma Awurade mo Onyankopɔn no.
15 Sonnez du cor en Sion, sanctifiez le jeûne, publiez l'assemblée solennelle.
Hyɛn totorobɛnto wɔ Sion! Mommɔ akɔnkyene kronkron ho dawuro, momfrɛ nhyiamu kronkron.
16 Assemblez le peuple, sanctifiez la congrégation, amassez les anciens, assemblez les enfants, et ceux qui sucent les mamelles; que le nouveau marié sorte de son cabinet, et la nouvelle mariée de sa chambre nuptiale.
Mommoaboa nnipa no ano monte nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron; mommoaboa mpanimfoɔ, mmɔfra ne mmaa a wɔrema nufoɔ ano Ma ayeforɔ ne ayeforɔkunu mfiri wɔn pia mu mmra.
17 Que les Sacrificateurs qui font le service de l'Eternel pleurent entre le porche et l'autel, et qu'ils disent: Eternel, pardonne à ton peuple, et n'expose point ton héritage à l'opprobre, tellement que les nations en fassent le sujet de leurs railleries. Pourquoi dirait-on entre les peuples: Où est leur Dieu?
Asɔfoɔ a wɔsom wɔ Awurade anim no, nsu wɔ afɔrebukyia no ne abrannaa no ntam; na wɔn nka sɛ, “Awurade fa wo nkurɔfoɔ ho kyɛ wɔn. Mma wʼagyapadeɛ nnyɛ ahohoradeɛ anaa fɛdideɛ wɔ aman no mu. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wobisa wɔ nnipa no mu sɛ, ‘Wɔn Onyame no wɔ he?’”
18 Or l'Eternel a été jaloux de sa terre, et il a été ému de compassion envers son peuple.
Na Awurade bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase ho na ne nkurɔfoɔ ayɛ no mmɔbɔ.
19 Et l'Eternel a répondu et a dit à son peuple: Voici, je vous enverrai du froment, du bon vin, et de l'huile, et vous en serez rassasiés, et je ne vous exposerai plus à l'opprobre entre les nations.
Awurade bɛbua sɛ, “Merebrɛ mo aduane, nsã foforɔ ne ngo, a ɛbɛso mo ama mo amee pintinn. Merenyɛ mo ahohoradeɛ mma aman no bio.
20 J'éloignerai de vous [l'armée venue] du Septentrion, et je la pousserai en un pays sec et désolé; la partie antérieure vers la mer Orientale; et celle de derrière, vers la mer Occidentale; sa puanteur montera, et son infection s'élèvera, après avoir fait de grandes choses.
“Mɛpam atifi fam asraadɔm no afiri wo nkyɛn akɔ akyirikyiri, mɛpia wɔn akɔ asase a awoɔ na ɛyɛ bonini soɔ. Adonten dɔm no bɛmem wɔ apueeɛ ɛpo no mu, na kyidɔm no bɛmem wɔ Mfimfini Po no mu. Na afunu no bɛbɔn na nka no bɛtu.” Nokorɛm wayɛ nneɛma akɛseɛ.
21 Ne crains point, terre; égaye-toi et te réjouis; car l'Eternel a fait de grandes choses.
Monnsuro, me nkurɔfoɔ! Momma mo ani nnye, na monsɛpɛ mo ho. Nokorɛm Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ.
22 Ne craignez point, bêtes des champs, car les pâturages du désert ont poussé leur jet, et même les arbres ont pousse leur fruit; le figuier et la vigne ont poussé avec vigueur.
Monnsuro, mo wiram mmoa! Ɛfiri sɛ ɛserɛ so adidibea reyɛ frɔmm. Nnua no reso wɔn aba; borɔdɔma ne bobe nso reso wɔn aba.
23 Et vous enfants de Sion égayez-vous, et vous réjouissez en l'Eternel votre Dieu; car il vous a donné la pluie selon la justice, et même il a fait couler sur vous la pluie [de la première saison], et celle de la dernière, au premier mois.
Momma mo ani nnye, mo Sion mma, Mo nni ahurisi wɔ Awurade mo Onyankopɔn mu, ɛfiri sɛ watɔ nsuo ama mo, ne nokorɛdie enti. Watɔ nsuo bebree ama mo wɔ ne berɛ mu te sɛ kane no.
24 Et les aires seront remplies de froment, et les cuves regorgeront de moût et d'huile.
Aduane bɛyɛ ayuporobea hɔ ma nsã foforɔ ne ngo bɛbu so wɔ kyi amena mu.
25 Ainsi je vous rendrai les [fruits des années] que la sauterelle, le hurebec, le vermisseau, et le hanneton, ma grande armée, que j'avais envoyée contre vous, avait broutés.
“Mɛhyɛ mo anan mu, deɛ mohwereeɛ mfeɛ dodoɔ a ntutummɛ bɛsɛee mo nneɛma, ntutummɛ akɛseɛ ne nkumaa, ne wɔn a aka no nyinaa, me dɔm a mesomaa wɔn baa mo so no.
26 Vous aurez donc abondamment de quoi manger et être rassasiés; et vous louerez le nom de l'Eternel votre Dieu, qui vous aura fait des choses merveilleuses; et mon peuple ne sera point confus à toujours.
Wobɛdidi amee, na wobɛyi Awurade wo Onyankopɔn din ayɛ. Ɔno na wayɛ anwanwadeɛ ama wo; me nkurɔfoɔ ani renwu bio.
27 Et vous saurez que je suis au milieu d'Israël, et que je suis l'Eternel votre Dieu, et qu'il n'y en a point d'autre; et mon peuple ne sera point confus à toujours.
Afei, wobɛhunu sɛ, mewɔ Israel, wobɛhunu sɛ mene Awurade, wo Onyankopɔn, na obiara nni hɔ sɛ me; Me nkurɔfoɔ ani renwu bio da.”
28 Et il arrivera après ces choses que je répandrai mon Esprit sur toute chair; et vos fils et vos filles prophétiseront; vos vieillards songeront des songes, et vos jeunes gens verront des visions.
“Na akyire yi, mɛhwie me honhom agu nnipa nyinaa so, mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm, mo nkɔkoraa bɛsoso adaeɛ, mo mmeranteɛ bɛnya anisoadehunu.
29 Et même en ces jours-là je répandrai mon Esprit sur les serviteurs et sur les servantes.
Saa mmerɛ no mu no, mɛhwie me Honhom agu mʼasomfoɔ so, mmarima ne mmaa.
30 Et je ferai des prodiges dans les cieux et sur la terre, du sang et du feu, et des colonnes de fumée.
Mɛyɛ anwanwadeɛ wɔ ɔsoro ne asase so, mede mogya, ogya ne wisie kumɔnn.
31 Le soleil sera changé en ténèbres et la lune en sang, avant que le jour grand et terrible de l'Eternel vienne.
Ansa na Awurade ɛda kɛseɛ no bɛba no, owia bɛduru sum na ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya.
32 Et il arrivera que quiconque invoquera le Nom de l'Eternel sera sauvé; car le salut sera en la montagne de Sion, et dans Jérusalem, comme l'Eternel a dit, et dans les résidus que l'Eternel aura appelés.
Na obiara a ɔbɔ Awurade din no, wɔbɛgye no nkwa. Ɛfiri sɛ nkwagyeɛ bɛba ama wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu a Awurade afrɛ wɔn wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem nyinaa,” sɛdeɛ Awurade aka no.

< Joël 2 >