< Jérémie 51 >

1 Ainsi a dit l'Eternel: voici, je m'en vais faire lever un vent de destruction contre Babylone, et contre ceux qui habitent au cœur [du Royaume] de ceux qui s'élèvent contre moi.
Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Monhwɛ, mɛkanyane ɔsɛefoɔ bi honhom atia Babilonia ne nnipa a wɔwɔ Leb Kamai.
2 Et j'enverrai contre Babylone des vanneurs qui la vanneront, et qui videront son pays; car de tous côtés ils seront venus contre elle au jour de son mal.
Mɛsoma amanfrafoɔ akɔ Babilonia sɛ wɔnkɔhuhu ne so na wɔnsɛe nʼasase; wɔbɛtia no wɔ afanan nyinaa wɔ nʼamanehunu da no.
3 Qu'on bande l'arc contre celui qui bande son arc, et contre celui qui se confie en sa cuirasse; et n'épargnez point ses gens d'élite, exterminez à la façon de l'interdit toute son armée;
Mma agyantoni mpoma nʼagyan, mma ɔnhyɛ ne nkataboɔ. Mma ne mmeranteɛ mfa wɔn ho nni; sɛe nʼakodɔm no pasaa.
4 Et les blessés à mort tomberont au pays des Caldéens; et les transpercés [tomberont] dans ses places;
Wɔbɛhwehwe ase a wɔatotɔ wɔ Babilonia, a wɔapirapira yie wɔ ne mmɔntene so.
5 Car Israël et Juda n'est point privé de son Dieu, de l'Eternel des armées; quoique leur pays ait été trouvé par le Saint d'Israël plein de crimes.
Na Asafo Onyankopɔn Awurade, nnyaa Israel ne Yuda hɔ. Ɛwom sɛ afɔdie ahyɛ wɔn asase no so ma wɔ Israel Ɔkronkronni no anim, nanso ɔkɔ so ara yɛ wɔn Onyankopɔn.
6 Fuyez hors de Babylone, et sauvez chacun sa vie, ne soyez point exterminés dans son iniquité; car c'est le temps de la vengeance de l'Eternel; il lui rend ce qu'elle a mérité.
“Monnwane mfiri Babilonia! Montu mmirika mpere mo nkwa! Mommma wɔnsɛe mo ɛsiane wɔn bɔne enti. Awurade aweretɔberɛ aso; ɔde deɛ ɛfata no bɛtua wɔn ka.
7 Babylone a été comme une coupe d'or en la main de l'Eternel, enivrant toute la terre; les nations ont bu de son vin; c'est pourquoi les nations en ont perdu l'esprit.
Na Babilonia yɛ sikakɔkɔɔ kuruwa wɔ Awurade nsam; ɔmaa asase nyinaa boroo nsã. Aman no nom ne nsã; ɛno enti, afei, wɔabobɔ adam.
8 Babylone est tombée en un instant, et a été brisée; hurlez sur elle, prenez du baume pour sa douleur, peut-être qu'elle guérira.
Babilonia bɛhwe ase abubu mpofirim. Montwa ne ho agyaadwoɔ! Mompɛ ne yea no ano aduro; ebia ne ho bɛtɔ no.
9 Nous avons traité Babylone, et elle n'est point guérie; laissez-la et allons-nous-en chacun en son pays; car son procès est parvenu jusqu’aux cieux, et s'est élevé jusqu’aux nues.
“‘Anka yɛbɛsa Babilonia yadeɛ, nanso wɔntumi nsa no yadeɛ; momma yɛnnya no hɔ na obiara nkɔ nʼankasa asase so, ɛfiri sɛ nʼatemmuo aduru ɔsorosoro. Ɛforo ɔsoro te sɛ omununkum.’
10 L'Eternel a mis en évidence notre justice. Venez, et racontons en Sion l'œuvre de l'Eternel notre Dieu.
“‘Awurade abu yɛn bem. Mommra, momma yɛnka wɔ Sion, deɛ Awurade yɛn Onyankopɔn ayɛ.’
11 Fourbissez les flèches, et empoignez à pleines mains les boucliers; l'Eternel a réveillé l'esprit des Rois de Méde; car sa pensée est contre Babylone pour la détruire, parce que c'est ici la vengeance de l'Eternel, et la vengeance de son Temple.
“Monse agyan no ano! Momfa nkataboɔ no! Awurade ahwanyane Mede ahemfo no, ɛfiri sɛ ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe Babilonia. Awurade bɛtɔ were aweretɔ ama nʼasɔrefie no.
12 Elevez l'enseigne sur les murailles de Babylone, renforcez la garnison, posez les gardes, préparez des embûches; car l'Eternel a formé un dessein, même il a fait ce qu'il a dit contre les habitants de Babylone.
Mompagya frankaa bi ntia Babilonia afasuo! Mommia banbɔ mu, momma awɛmfoɔ no nnyinagyina. Monsiesie ahintaeɛ! Awurade bɛma nʼatirimpɔ aba mu, deɛ wahyɛ atia Babilonia no.
13 Tu étais assise sur plusieurs eaux, abondante en trésors; ta fin est venue, et le comble de ton gain déshonnête.
Mo a motete nsuwansuwa bebree ho na akoradeɛ abu mo so, mo awieeɛ aba, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa mo twene no.
14 L'Eternel des armées a juré par soi-même, en disant: si je ne te remplis d'hommes comme de hurebecs, et s'ils ne s'entre-répondent pour s'encourager contre toi.
Asafo Awurade aka ne ho ntam sɛ: mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ mmɛbɛ, na wɔabɔ ose wɔ wo so.
15 C'est lui qui a fait la terre par sa vertu, et qui a rangé le monde habitable par sa sagesse, et qui a étendu les cieux par son intelligence.
“Ɔde ne tumi bɔɔ asase; ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu.
16 Sitôt qu'il fait ouïr sa voix il y a un grand bruit d'eaux dans les cieux; après qu'il a fait monter du bout de la terre les vapeurs, ses éclairs annoncent la pluie, et il tire le vent hors de ses trésors.
Sɛ ɔbobɔm a, ɔsoro nsuo woro so; ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano. Ɔsoma anyinam ka ɔsutɔ ho na ɔma mframa bɔ firi nʼakoradan mu.
17 Tout homme paraît abruti dans sa science; tout fondeur est rendu honteux par les images taillées; car ce qu'ils fondent est une fausseté, et il n'y a point de respiration en elles.
“Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ; sikadwumfoɔ biara anim agu ase, ɛsiane nʼahoni enti. Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ; wɔnni ahome biara wɔ wɔn mu.
18 Elles ne sont que vanité, et un ouvrage propre à abuser; elles périront au temps de leur visitation.
Wɔn ho nni mfasoɔ, wɔyɛ aseredeɛ nneɛma; sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera.
19 La portion de Jacob n'est point comme ces choses-là; car c'est celui qui a tout formé, et il est le lot de son héritage; son Nom est l'Eternel des armées.
Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom, ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔ a nʼadedie abusuakuo ka ho bi. Asafo Awurade ne ne din.
20 Tu m'as été un marteau [et] des instruments de guerre; par toi j'ai mis en pièces les nations, et par toi j'ai détruit les Royaumes.
“Woyɛ me ko asaeɛ, mʼakodeɛ a mede kɔ ɔsa; mede wo dwerɛ amanaman, mede wo sɛe ahennie bebree,
21 Et par toi j'ai mis en pièces le cheval et celui qui le monte; et par toi j'ai mis en pièces le chariot et celui qui était monté dessus.
mede wo bobɔ apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ, teaseɛnam ne wɔn kafoɔ,
22 Et par toi j'ai mis en pièces l'homme et la femme; et par toi j'ai mis en pièces le vieillard et le jeune garçon; et par toi j'ai mis en pièces le jeune homme et la vierge.
mede wo dwerɛ mmarima ne mmaa, mede wo dwerɛ nkɔkoraa ne mmabunu, mede wo dwerɛ mmeranteɛ ne mmabaawa,
23 Et par toi j'ai mis en pièces le pasteur et son troupeau; et par toi j'ai mis en pièces le laboureur et ses bœufs accouplés; et par toi j'ai mis en pièces les gouverneurs et les magistrats.
mede wo dwerɛ nnwanhwɛfoɔ ne nnwankuo, mede wo dwerɛ akuafoɔ ne anantwie, mede wo dwerɛ amradofoɔ ne adwumayɛfoɔ.
24 Mais je rendrai à Babylone, et à tous les habitants de la Caldée, tout le mal qu'ils ont fait à Sion, vous le voyant, dit l'Eternel.
“Mɛtua Babilonia ne wɔn a wɔtete Babilonia ka wɔ mfomsoɔ a wɔayɛ wɔ Sion nyinaa, wɔ wʼanim,” Awurade na ɔseɛ.
25 Voici, j'en veux à toi, montagne qui détruis, dit l'Eternel, qui détruis toute la terre; et j'étendrai ma main sur toi, et je te roulerai en bas du haut des rochers, et je te réduirai en montagne d'embrasement.
“Ao, bepɔ sɛefoɔ me ne wo anya, wo a wosɛe asase nyinaa no,” Awurade na ɔseɛ. “Mɛtene me nsa wɔ wo so mɛpia wo afiri abotan no so, na mayɛ wo sɛ bepɔ a ɛnka hwee.
26 Et on ne pourra prendre de toi aucune pierre pour la placer à l'angle de l'édifice, ni aucune pierre pour servir de fondement, car tu seras des désolations perpétuelles, dit l'Eternel.
Wɔremfa ɔboɔ biara mfiri wo so nyɛ tweatiboɔ anaa sɛ fapem mpo, ɛfiri sɛ wobɛda mpan afebɔɔ,” Awurade na ɔseɛ.
27 Levez l'enseigne sur la terre, sonnez de la trompette parmi les nations; préparez les nations contre elle; convoquez contre elle les Royaumes d'Ararat, de Minni, et d'Askenas; établissez contre elle des Capitaines, faites monter ses chevaux comme le hurebec qui se hérisse.
“Mompagya frankaa wɔ asase no so! Monhyɛn totorobɛnto no wɔ amanaman no mu! Monsiesie amanaman no ma wɔnkɔko ntia no; Momfrɛfrɛ saa ahennie ahodoɔ yi ntia no: Ararat, Mini ne Askenas. Monnyi ɔsahene ntia no; momfa apɔnkɔdɔm te sɛ mmɛbɛ mmra.
28 Préparez contre elle les nations, les Rois de Méde, ses gouverneurs, et tous ses magistrats, et tout le pays de sa domination.
Monsiesie amanaman no ma wɔntu ne so sa, mo ne Mede ahemfo, wɔn amradofoɔ ne wɔn adwumayɛfoɔ nyinaa, ne aman a wɔdi wɔn so nyinaa.
29 Et la terre en sera ébranlée, et en sera en travail, parce que tout ce que l'Eternel a pensé a été effectué contre Babylone, pour réduire le pays en désolation, tellement qu'il n'y ait personne qui [y] habite.
Asase no woso, na ɔnukanuka ne mu, ɛfiri sɛ Awurade atirimpɔ a ɛtia Babilonia sɛ ɔbɛsɛe Babilonia asase a obiara rentumi ntena so no nsesaeɛ.
30 Les hommes forts de Babylone ont cessé de combattre, ils se sont tenus dans les forteresses, leur force est éteinte, et ils sont devenus [comme] des femmes; on a brûlé ses demeures; et ses barres ont été rompues.
Babilonia nnɔmmarima agyae ko; wɔhyehyɛ wɔn aban mu. Wɔn ahoɔden asa; wɔayɛ sɛ mmaa. Wɔatoto nʼatenaeɛ ahodoɔ no mu ogya, na wɔabubu nʼapono akyi adaban.
31 Le courrier viendra à la rencontre du courrier, et le messager viendra à la rencontre du messager, pour annoncer au Roi de Babylone que sa ville est prise par un bout;
Abɔfoɔ didi so asomafoɔ didi so a wɔrekɔbɔ Babiloniahene amaneɛ sɛ, wɔafa ne kuropɔn no,
32 Et que ses gués sont surpris, et que ses marais sont brûlés au feu, et que les hommes de guerre sont épouvantés.
wɔagye atwaeɛ a ɛdeda asubɔnten no so afa, na wɔde ogya ato ɔwora no mu, na asraafoɔ no abɔ huboa.”
33 Car ainsi a dit l'Eternel des armées, le Dieu d'Israël: la fille de Babylone est comme une aire; il est temps qu'elle soit foulée; encore un peu, et le temps de sa moisson viendra.
Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: “Ɔbabaa Babilonia ayɛ sɛ ayuporobea wɔ ɛberɛ a wɔretiatia hɔ. Aka kakraa bi, na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa no sɛ nnɔbaeɛ no aduru.”
34 Nébucadnetsar Roi de Babylone, [dira Jérusalem], m'a dévorée et m'a froissée; il m'a mise dans le même état qu'un vaisseau qui ne sert de rien; il m'a engloutie comme un dragon; il a rempli son ventre de mes délices, il m'a chassée au loin.
“Babiloniahene Nebukadnessar adwerɛ yɛn, ɔde yɛn ato ɔhaw mu, wayɛ yɛn sɛ ahina a hwee nni muo. Wamene yɛn sɛ ɔtweaseɛ no na ɔde yɛn nneɛma a ɛyɛ dɛ ahyɛ ne yafunu ma, na wape yɛn afiri nʼanom agu.
35 Ce qu'il m'a ravi par violence, et ma chair [est] à Babylone, dira l'habitante de Sion; et mon sang est chez les habitants de la Caldée, dira Jérusalem.
Ma ayakayakadeɛ a wɔde dii yɛn honam no mmra Babilonia so,” nnipa a wɔtete Sion na wɔka. “Ma yɛn mogya ngu wɔn a wɔtete Babilonia so,” Yerusalem na ɔka.
36 C'est pourquoi ainsi a dit l'Eternel: voici, je m'en vais plaider ta cause, et je ferai la vengeance pour toi; je dessécherai sa mer, et je ferai tarir sa source.
Enti yei ne deɛ Awurade seɛ: “Hwɛ, mɛdi mo asɛm ama mo na matɔ were ama mo; Mɛma ɛpo a ɛwɔ no no awe na mama ne asutene awewe.
37 Et Babylone sera réduite en monceaux, en demeure de dragons, en étonnement, et en opprobre, sans que personne [y] habite.
Babilonia bɛyɛ mmubuiɛ sie, sakraman atu ahodwiredeɛ ne fɛdideɛ, baabi a obiara nteɛ.
38 Ils rugiront ensemble comme des lionceaux, et bruiront comme des faons de lions.
Ne nkurɔfoɔ nyinaa bobom sɛ agyata, wɔpɔ so te sɛ agyata mma.
39 Je les ferai échauffer dans leurs festins, et les enivrerai, afin qu'ils se réjouissent, et qu'ils dorment d'un sommeil perpétuel, et qu'ils ne se réveillent plus, dit l'Eternel.
Nanso ɛberɛ a wɔahwanyane wɔn ho no mɛto ɛpono ama wɔn na mama wɔaboboro nsã sɛdeɛ wɔde nteateam bɛdi ahurisie, na wɔadeda a wɔrennyane bio,” Awurade na ɔseɛ.
40 Je les ferai descendre comme des agneaux à la tuerie, et comme [on y mène] les moutons avec les boucs.
“Mede wɔn bɛba te sɛ nnwammaa a wɔrekɔkum wɔn, te sɛ, nnwennini ne mpapo.
41 Comment a été prise Sésac? et [comment] a été saisie celle qui était la louange de toute la terre? comment Babylone a-t-elle été réduite en désolation parmi les nations?
“Wɔbɛfa Sesak, Sesak a agye asase nyinaa ayɛyie no! Babilonia bɛyɛ ahodwiredeɛ wɔ amanaman no mu!
42 La mer est montée sur Babylone, elle a été couverte de la multitude de ses flots.
Ɛpo bɛbunkam afa Babilonia so; na nʼasorɔkye bɛkata ne so.
43 Ses villes ont été un sujet d'étonnement, une terre sèche et de landes, un pays où personne ne demeure, et où il ne passe pas un fils d'homme.
Ne nkuro bɛda mpan. Ɛbɛyɛ anweatam a ɛso awo, asase a obiara nte soɔ, na obiara nntu ɛkwan mfa so.
44 Je punirai aussi Bel à Babylone, et je tirerai hors de sa bouche ce qu'il avait englouti, et les nations n'aborderont plus vers lui; la muraille même de Babylone est tombée.
Mɛtwe Bel aso wɔ Babilonia na mama wape deɛ wamene agu. Amanaman no nnto santene nkɔ ne nkyɛn bio. Na Babilonia ɔfasuo bɛbubu.
45 Mon peuple, sortez du milieu d'elle, et sauvez chacun sa vie de l'ardeur de la colère de l'Eternel.
“Me nkurɔfoɔ, Momfiri ne mu mfi! Montu mmirika mpere mo nkwa! Monnwane mfiri Awurade abufuhyeɛ ano.
46 De peur que votre cœur ne s'amollisse, et que vous n'ayez peur des nouvelles qu'on entendra dans tout le pays; car des nouvelles viendront une année, et après cela [d'autres] nouvelles une [autre] année, et il y aura violence dans la terre, et dominateur sur dominateur.
Mommma mo bo ntu na monnsuro sɛ mote atesɛm wɔ asase no so a; atesɛm bɛba afeɛ yi na foforɔ bɛba afedan, basabasayɛ ho atesɛm bɛba asase no so a ɛfa sodifoɔ a wɔsɔre tia afoforɔ ho.
47 C'est pourquoi voici, les jours viennent que je punirai les images taillées de Babylone, et tout son pays sera rendu honteux, et tous ses blessés à mort tomberont au milieu d'elle.
Na ampa ara ɛberɛ no bɛba a mɛtwe Babilonia ahoni aso; nʼasase no nyinaa anim bɛgu ase na nʼatɔfoɔ nyinaa bɛhwehwe ase wɔ ne so.
48 Les cieux, et la terre, et tout ce qui y est, se réjouiront avec chant de triomphe contre Babylone, parce qu'il viendra de l'Aquilon des destructeurs contre elle, dit l'Eternel.
Ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwo mu nyinaa de ahosɛpɛ bɛteam agu Babilonia so, ɛfiri sɛ ɔsɛefoɔ bɛfiri atifi fam abɛto ahyɛ ne so,” Awurade na ɔseɛ.
49 Et comme Babylone a fait tomber les blessés à mort d'Israël, ainsi les blessés à mort de tout le pays tomberont à Babylone.
“Ɛsɛ sɛ Babilonia hwe ase, ɛsiane Israel atɔfoɔ enti, sɛdeɛ atɔfoɔ a wɔwɔ ewiase nyinaa ahwehwe ase ɛsiane Babilonia enti no.
50 Vous qui êtes échappés de l'épée, marchez, ne vous arrêtez point; souvenez-vous de l'Eternel dans ces pays éloignés où vous êtes, et que Jérusalem vous revienne au cœur.
Mo a mo adwane afiri akofena ano, monkɔ na monntwentwɛn mo nan ase! Monkae Awurade wɔ akyirikyiri asase so, na monnwene Yerusalem ho.”
51 [Mais vous direz]: nous sommes honteux des reproches que nous avons entendus; la confusion a couvert nos faces, en ce que les étrangers sont venus contre les Sanctuaires de la maison de l'Eternel.
“Wɔagu yɛn anim ase, ɛfiri sɛ wasopa yɛn na fɛreɛ akata yɛn anim, ɛfiri sɛ amanfrafoɔ ahyɛne Awurade efie kronkronbea ahodoɔ hɔ.”
52 C'est pourquoi voici, les jours viennent, dit l'Eternel, que je ferai justice de ses images taillées, et les blessés à mort gémiront par tout son pays.
“Nanso nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mɛtwe nʼahoni aso, na nʼasase so nyinaa apirafoɔ bɛsi apinie.
53 Quand Babylone serait montée jusqu'aux cieux, et qu'elle aurait fortifié le plus haut de sa forteresse, toutefois les destructeurs y entreront de par moi, dit l'Eternel.
Sɛ Babilonia kɔka ɔsoro mpo, na ɔmiamia nʼaban tenten banbɔ mu a, mɛsoma ɔsɛefoɔ abɛtia no,” Awurade na ɔseɛ.
54 Un grand cri s'entend de Babylone, et un grand débris du pays des Caldéens.
“Osu nnyegyeeɛ bi firi Babilonia, ɔsɛeɛ kɛseɛ bi nnyegyeeɛ firi Babiloniafoɔ asase so.
55 Parce que l'Eternel s'en va détruire Babylone, et il abolira du milieu d'elle la voix magnifique, et leurs flots bruiront comme de grosses eaux, l'éclat de leur bruit retentira.
Awurade bɛsɛe Babilonia; ɔbɛma nʼasotuatua nnyegyeeɛ no agyae. Atamfoɔ a wɔte sɛ ahum bɛtu sɛ nsuo akɛseɛ aba ne so; wɔn mmobom bɛgyegye.
56 Car le destructeur est venu contre elle, contre Babylone; ses hommes forts ont été pris, et leurs arcs ont été brisés; car le [Dieu] Fort des rétributions, l'Eternel, ne manque jamais à rendre la pareille.
Ɔsɛefoɔ bi bɛba abɛtia Babilonia; wɔbɛfa ne nnɔmmarima nnommum na wɔbɛbubu wɔn tadua mu. Ɛfiri sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ anan mu; ɔbɛtua so ka pɛpɛɛpɛ.
57 J'enivrerai donc ses principaux et ses sages, ses gouverneurs et ses magistrats, et ses hommes forts; ils dormiront d'un sommeil perpétuel, et ils ne se réveilleront plus, dit le Roi dont le Nom est l'Eternel des armées.
Mɛma nʼadwumayɛfoɔ ne nʼanyansafoɔ aboro nsã, nʼamradofoɔ, ne mpanimfoɔ ne nnɔmmarima nso saa ara; wɔbɛdeda afebɔɔ a wɔrennyane,” sei na ɔhempɔn a ne din ne Asafo Awurade no seɛ.
58 Ainsi a dit l'Eternel des armées: Il n'y aura aucune muraille de Babylone, quelque large qu'elle soit, qui ne soit entièrement rasée; et ses portes, qui sont si hautes, seront brûlées au feu; ainsi les peuples auront travaillé inutilement, et les nations pour le feu, et elles s'y seront lassées.
Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Wɔbɛdwiri Babilonia afasuo a ɛtrɛ no agu fam na wɔbɛto nʼapono a ɛwoware no mu ogya; nnipa no ha wɔn ho kwa, ɔman no adwumayɛ ma ogya no dɛre mmom.”
59 C'est ici l'ordre que Jérémie le Prophète donna à Séraja, fils de Nérija, fils de Mahaséja, quand il alla de la part de Sédécias Roi de Juda en Babylone, la quatrième année de son Règne; or Séraja était principal Chambellan.
Yei ne asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Seraia a ɔyɛ adwumayɛfoɔ panin na ɔyɛ Maseia nana no, ɛberɛ a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babilonia wɔ nʼadedie afe a ɛtɔ so ɛnan no mu.
60 Car Jérémie écrivit dans un livre tout le mal qui devait venir sur Babylone; savoir toutes ces paroles qui sont écrites contre Babylone.
Na Yeremia atwerɛ amanehunu a ɛbɛba Babilonia so no nyinaa agu nwoma mmobɔeɛ so, deɛ watwerɛ a ɛfa Babilonia ho nyinaa.
61 Jérémie donc dit à Séraja: Sitôt que tu seras venu à Babylone, et que tu l'auras vue, tu liras toutes ces paroles-là;
Ɔka kyerɛɛ Seraia sɛ, “Sɛ woduru Babilonia a, hwɛ sɛ wo bɛkenkan saa nsɛm yi nyinaa sɛdeɛ obiara bɛte.
62 Et tu diras: Eternel, tu as parlé contre ce lieu-ci pour l'exterminer, en sorte qu'il n'y ait aucun habitant, depuis l'homme jusqu'à la bête, mais qu'il soit réduit en désolations perpétuelles.
Afei, ka sɛ, ‘Ao Awurade, woaka sɛ wobɛsɛe beaeɛ yi sɛdeɛ onipa anaa aboa biara rentumi ntena so; na ɛbɛda mpan afebɔɔ.’
63 Et sitôt que tu auras achevé de lire ce livre, tu le lieras à une pierre, et le jetteras dans l'Euphrate;
Sɛ wokenkane nwoma mmobɔeɛ yi wie a, kyekyere fam ɛboɔ ho, na to twene Asubɔnten Eufrate mu.
64 Et tu diras: Babylone sera ainsi plongée, et elle ne se relèvera point du mal que je m'en vais faire venir sur elle, et ils en seront accablés. Jusques ici sont les paroles de Jérémie.
Afei ka sɛ, ‘Sei na Babilonia ne ne nkurɔfoɔ bɛmem a wɔrensɔre bio, ɛsiane amanehunu a mede bɛba ne so no enti.’” Yeremia nsɛm no awieeɛ nie.

< Jérémie 51 >