< Genèse 12 >

1 Or l'Eternel avait dit à Abram: Sors de ton pays, et d'avec ta parenté, et de la maison de ton père, [et viens] au pays que je te montrerai.
Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Gya wo ɔman, wo nkurɔfoɔ ne wo agya fiefoɔ, na kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.
2 Et je te ferai devenir une grande nation, et te bénirai, et je rendrai ton nom grand, et tu seras béni.
“Mɛma wo ayɛ ɔman kɛseɛ, na mɛhyira wo. Mɛma wo din atrɛ, na woayɛ nhyira ama nnipa bebree.
3 Je bénirai ceux qui te béniront, et je maudirai ceux qui te maudiront; et toutes les familles de la terre seront bénies en toi.
Mɛhyira wɔn a wɔhyira wo, na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no. Ɛnam wo so na wɔbɛhyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”
4 Abram donc partit, comme l'Eternel lui avait dit, et Lot alla avec lui; et Abram était âgé de soixante et quinze ans, quand il sortit de Caran.
Enti, Abram kɔeɛ, sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Lot ne no kɔeɛ. Ɛberɛ a Abram refiri Haran asase so akɔ no, na wadi mfeɛ aduɔson enum.
5 Abram prit aussi Saraï sa femme, et Lot fils de son frère, et tout leur bien, qu'ils avaient acquis, et les personnes qu'ils avaient eues à Caran; et ils partirent pour venir au pays de Canaan, auquel ils entrèrent.
Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapadeɛ ne nʼasomfoɔ a ɔnyaa wɔn wɔ Haran nyinaa, siim kɔɔ Kanaan asase so.
6 Et Abram passa au travers de ce pays-là jusqu'au lieu de Sichem, [et] jusqu'en la plaine de Moré; et les Cananéens étaient alors dans ce pays-là.
Wɔfaa asase no so ara kɔsii baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem, kɔduruu odum dua bi a ɛsi baabi a wɔfrɛ hɔ More. Ɛhɔ na wɔsii wɔn ntomadan. Saa ɛberɛ no, na Kanaanfoɔ na wɔte asase no so.
7 Et l'Eternel apparut à Abram, et lui dit: Je donnerai ce pays à ta postérité. Et Abram bâtit là un autel à l'Eternel qui lui était apparu.
Afei, Awurade Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Abram ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede saa asase yi bɛma wʼaseni.” Enti, Abram sii afɔrebukyia wɔ hɔ, de kaee Awurade Onyankopɔn a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no no.
8 Et il se transporta de là vers la montagne, qui est à l'Orient de Béthel, et y tendit ses tentes, ayant Béthel à l'Occident, et Haï à l'Orient; et il bâtit là un autel à l'Eternel, et invoqua le nom de l'Eternel.
Akyire yi, Abram firii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔ bi a ɛwɔ apueeɛ fam, sii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔeɛ fam, na Ai nso da apueeɛ fam. Ɛhɔ na ɔsii afɔrebukyia maa Awurade Onyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ.
9 Puis Abram partit [de là], marchant et s'avançant vers le Midi.
Afei, Abram dii atutena ara, kɔɔ anafoɔ fam.
10 Mais la famine étant survenue dans le pays, Abram descendit en Egypte pour s'y retirer; car la famine était grande au pays.
Saa ɛberɛ no, ɛkɔm kɛseɛ bi sii asase a na Abram te so no so. Enti, ɔtu kɔtenaa Misraim asase so kakra, ɛfiri sɛ, ɛkɔm a ɛbaa asase no so no, na ano yɛ den yie.
11 Et il arriva comme il était près d'entrer en Egypte, qu'il dit à Saraï, sa femme: Voici, je sais que tu es une fort belle femme;
Ɔreyɛ aduru Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ, “Menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ yie.
12 C'est pourquoi il arrivera que quand les Egyptiens t'auront vue, ils diront: C'est la femme de cet homme, et ils me tueront, mais ils te laisseront vivre.
Sɛ Misraimfoɔ no hunu wo a, wɔbɛka sɛ, ‘Ne yere nie. Momma yɛnkum no, na yɛmfa no.’
13 [Dis donc], je te prie, que tu es ma sœur, afin que je sois bien traité à cause de toi, et que, par ton moyen ma vie soit préservée.
Na sɛ woka sɛ woyɛ me nuabaa a, Misraimfoɔ no bɛhwɛ me yie, ɛfiri sɛ, wɔn ani wɔ wo ho, ɛno enti, wɔrenkum me.”
14 Il arriva donc qu'aussitôt qu'Abram fut venu en Egypte, les Egyptiens virent que cette femme était fort belle.
Ɛberɛ a wɔduruu Misraim asase so no, Misraimfoɔ no hunuu sɛ, ɔbaa no ho yɛ fɛ yie.
15 Les principaux de la cour de Pharaon la virent aussi, et la louèrent devant lui, et elle fut enlevée [pour être menée] dans la maison de Pharaon.
Na ɔhene Farao mpanimfoɔ hunuu no no, wɔkamfoo nʼahoɔfɛ, kɔbɔɔ no amaneɛ. Enti, ɔhene Farao soma ma wɔkɔfaa ɔbaa no baa nʼahemfie hɔ.
16 Lequel fit du bien à Abram, à cause d'elle; de sorte qu'il en eut des brebis, des bœufs, des ânes, des serviteurs, des servantes, des ânesses, et des chameaux.
Esiane ɔbaa no ahoɔfɛ enti, ɔhene Farao hwɛɛ Abram yie, maa no nnwan, anantwie, afunumunini ne afunumubereɛ, nkoa, mfenaa ne nyoma.
17 Mais l'Eternel frappa de grandes plaies Pharaon et sa maison, à cause de Saraï femme d'Abram.
Na ɛsiane Abram yere Sarai te a na ɔte Farao ahemfie hɔ no enti, Awurade Onyankopɔn maa ɔyaredɔm baa Farao ne ne fiefoɔ so.
18 Alors Pharaon appela Abram, et lui dit: Qu'est-ce que tu m'as fait? pourquoi ne m'as-tu pas déclaré que c'était ta femme?
Yei enti, Farao frɛɛ Abram bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Adɛn enti na woanka ankyerɛ me sɛ, ɔbaa no yɛ wo yere?
19 Pourquoi as-tu dit, c'est ma sœur? car je l'avais prise pour ma femme; mais maintenant, voici ta femme, prends-la, et t'en va.
Adɛn enti na wokaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛteɛ deɛ a, gye wo yere. Wo yere nie! Fa wʼadeɛ kɔ!”
20 Et Pharaon ayant donné ordre à ses gens, ils le conduisirent, lui, sa femme, et tout ce qui était à lui.
Na Farao hyɛɛ asraafoɔ sɛ, wɔnkɔgya Abram ne ne yere ɛkwan a wɔn fiefoɔ ne wɔn agyapadeɛ nyinaa ka ho.

< Genèse 12 >