< 2 Chroniques 31 >

1 Or sitôt qu'on eut achevé toutes ces choses, tous ceux d'Israël qui s'étaient trouvés là, allèrent par les villes de Juda, et brisèrent les statues, et coupèrent les bocages, et démolirent les hauts lieux, et les autels de tout Juda et Benjamin, et ils en firent de même en Ephraïm et en Manassé, jusqu'à détruire tout; puis tous les enfants d'Israël retournèrent chacun en sa possession dans leurs villes.
Afahyɛ no twaa mu no, Israelfo a wɔkɔɔ bi no kɔɔ Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase nkurow nyinaa so, kɔsɛee afadum kronkron no, twitwaa Asera nnua no, yiyii abosonsomfo nsɔree so ne afɔremuka no. Eyi akyi, Israelfo no san kɔɔ wɔn nkurow so ne wɔn afi mu.
2 Ezéchias aussi rétablit les départements des Sacrificateurs et des Lévites, selon les départements qui en avaient été faits, chacun selon son ministère, tant les Sacrificateurs, que les Lévites, pour les holocaustes, et pour les sacrifices de prospérités, afin de faire le service, de célébrer, et de chanter les louanges [de Dieu] aux portes du camp de l'Eternel.
Hesekia kyekyɛɛ asɔfo no ne Lewifo no mu akuwakuw, sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, sɛ wɔnsom, na wɔmfa aseda ne nkamfo mma Awurade wɔ Asɔredan no apon ano.
3 Il fit aussi une ordonnance par laquelle le Roi serait chargé d'une contribution prise de ses finances pour les holocaustes, [savoir] pour les holocaustes du matin et du soir, et pour les holocaustes des Sabbats, et des nouvelles lunes, et des fêtes solennelles, selon qu'il est écrit dans la Loi de l'Eternel.
Ɔhene no ankasa fii nea ɔwɔ mu maa anɔpa ne anwummere, nnaawɔtwe homeda afahyɛ ne Ɔsram Foforo Afahyɛ no ne afirihyia afɔre a aka no ɔhyew afɔrebɔde, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Awurade Mmara no mu no.
4 Et il dit au peuple, [savoir] aux habitants de Jérusalem, qu'ils donnassent la portion des Sacrificateurs et des Lévites, afin qu'ils prissent courage [pour observer] la Loi de l'Eternel.
Ɔhyɛɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no mfa nea wonya mu kyɛfa a mmara no ka no bɛma asɔfo no ne Lewifo no, sɛnea ɛbɛma wɔde wɔn ho nyinaa ahyɛ Awurade Mmara no mu.
5 Et sitôt que la chose fut publiée, les enfants d'Israël apportèrent en abondance les prémices du froment, du vin, de l'huile, du miel, et de tout le provenu des champs, ils apportèrent, [dis-je], les dîmes de toutes ces choses en abondance.
Nnipa no tiee no aso pa mu, na wofi koma pa mu de atoko, nsa foforo, ngo, ɛwo ne wɔn nnɔbae nkae mu nea edi kan nyinaa bae. Wɔde wɔn ahode biara mu ntotoso du du bae.
6 Et les enfants d'Israël et de Juda, qui habitaient dans les villes de Juda, apportèrent aussi les dîmes du gros et du menu bétail, et les dîmes des choses saintes, qui étaient consacrées à l'Eternel leur Dieu; et les mirent par monceaux.
Nnipa a wotu fii Israel baa Yuda no ne Yudafo no ankasa de wɔn anantwi ne wɔn nguan so ntotoso du du ne nneɛma a wɔahyira so ama Awurade, wɔn Nyankopɔn no so ntotoso du du bae. Wɔboaa ano ma ɛyɛɛ akuw akɛseakɛse.
7 Ils commencèrent au troisième mois de faire les premiers monceaux, et au septième mois ils les achevèrent.
Wɔde saa ntotoso du du a edi kan no baa ɔsram a ɛto so abiɛsa no awiei mu, na nneɛma no anoboa kɔɔ so kosii ɔsram a ɛto so ason no mfiase mu.
8 Alors Ezéchias et les principaux vinrent, virent les monceaux, et bénirent l'Eternel et son peuple d'Israël.
Bere a Hesekia ne ne mpanyimfo behuu nneɛma no dodow no, wɔdaa Awurade ne ne nkurɔfo Israel ase.
9 Puis Ezéchias s'informa des Sacrificateurs et des Lévites touchant ces monceaux.
Hesekia bisaa asɔfo no ne Lewifo no se, “Ɛhe na eyinom nyinaa fi bae?”
10 Et Hazaria le principal Sacrificateur, qui était de la famille de Tsadoc, lui répondit, et [lui] dit: Depuis qu'on a commencé d'apporter des offrandes dans la maison de l'Eternel, nous avons mangé, et nous avons été rassasiés, et il en est resté en grande abondance; car l'Eternel a béni son peuple, et cette grande quantité est ce qu'il y a eu de reste.
Na ɔsɔfopanyin Asaria a ofi Sadok abusua mu buae se, “Efi bere a ɔmanfo fii ase sɛ wɔde akyɛde reba Awurade Asɔredan mu no, yɛanya bebree a yebedi ama bi aka, efisɛ Awurade ahyira ne nkurɔfo.”
11 Alors Ezéchias commanda qu'on préparât des chambres dans la maison de l'Eternel; et ils les préparèrent.
Hesekia yɛɛ nʼadwene sɛ obenya adekoradan wɔ Awurade Asɔredan no mu, na wɔyɛe.
12 Puis ils portèrent dedans fidèlement les offrandes, et les dîmes, et les choses consacrées, et Conania Lévite en eut l'intendance, et Simhi son frère était commis sous lui.
Na wodii nokware de akyɛde no ne ntotoso du du no nyinaa baa Asɔredan no mu. Wɔde hyɛɛ Lewini Kenania nsa maa ne nua Simei yɛɛ ne boafo.
13 Et Jéhiël, Hazazia, Nahath, Hasaël, Jérimoth, Jozabad, Eliël, Jismacia, Mahath, et Bénaia étaient commis sous la conduite de Conania, et de Simhi son frère, par le commandement du Roi Ezéchias, et de Hazaria Gouverneur de la maison de Dieu.
Na Yehiel, Asasia, Nahat, Asahel, Yerimot, Yosabad, Eliel, Ismakia, Mahat ne Benaia yɛ wɔn a wɔhwɛ hɔ no aboafo. Ɔhene Hesekia ne Asaria a na ɔyɛ wɔn a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mu so panyin no na wɔkyekyɛɛ saa dibea ahorow yi.
14 Et Coré fils de Jimna Lévite, qui était portier vers l'Orient, avait la charge des choses qui étaient volontairement offertes à Dieu pour fournir l'offrande élevée de l'Eternel, et les choses très-saintes.
Lewini Yimna babarima Kore a ɔyɛ Apuei Pon ano hwɛfo no na wɔde hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnkyekyɛ Onyankopɔn ayamye afɔrebɔde a ɛyɛ akyɛde ne nneɛma a wɔde ama Awurade no.
15 Et il avait sous sa conduite Héden, Minjamin, Jésuah, Sémahia, Amaria, et Sécania, dans les villes des Sacrificateurs, ayant cette charge d'ordinaire, pour distribuer les portions à leurs frères, tant aux plus petits qu'aux plus grands.
Nʼaboafo nokwafo no ne Eden, Miniamin, Yesua, Semaia, Amaria ne Sekania. Na wɔkyekyɛɛ nneɛma no maa asɔfo mmusua a wɔwɔ wɔn nkurow so sɛnea wɔn nkyekyɛmu te, na wɔkyɛɛ nneɛma no pɛpɛɛpɛ maa mmofra ne mpanyin.
16 Outre cela on fit un dénombrement selon les généalogies des mâles d'entre eux, depuis ceux de trois ans, et au dessus, [savoir] de tous ceux qui entraient dans la maison de l'Eternel, pour y faire ce qu'il y fallait faire chaque jour, selon leur ministère et leurs charges, suivant leurs départements.
Na wɔkyɛɛ mmarimaa a wɔadi mfe abiɛsa rekɔ nyinaa akyɛde no bi a wɔn din wɔ wɔn anato nhoma mu, na da biara wɔkɔ Awurade Asɔredan mu, kɔyɛ wɔn nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn kuw no nsa no.
17 Et outre le dénombrement que l'on fit des Sacrificateurs selon leur généalogie et selon la maison de leurs pères, et des Lévites, depuis ceux de vingt ans et au dessus, selon leurs départements;
Na wɔkyɛɛ nneɛma no maa asɔfo a wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn anato nhoma mu ne Lewifo a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa, a wɔahyehyɛ wɔn din sɛnea wɔn nnwuma ne wɔn nkyekyɛmu te no.
18 On fit aussi un dénombrement selon leurs généalogies de toutes leurs familles, de leurs femmes, de leurs fils, et de leurs filles, pour toute l'assemblée, et en toute sincérité ils se sanctifiaient avec soin.
Na wɔmaa abusuafo a wɔakyerɛw wɔn din wɔ anato nhoma mu a nkokoaa, ɔyerenom ne mmabarima ne mmabea nso ka ho nnuan. Efisɛ na wɔadi nokware adwira wɔn ho.
19 Et quant aux enfants d'Aaron Sacrificateurs, qui étaient à la campagne et dans les faubourgs de leurs villes, dans chaque ville, il y avait des gens nommés par leur nom, pour distribuer la portion à tous les mâles des Sacrificateurs, et à tous ceux des Lévites dont on avait fait le dénombrement selon leur généalogie.
Na asɔfo, Aaron asefo a na wɔtete nkuraa a atwa nkurow no ho ahyia no anaa nkurow no mu no de, woyiyii nnipa ma wɔkyɛɛ ɔbarima biara a ɔfra asɔfo no mu ne Lewifo a wɔakyerɛw wɔn din anato mu no nneɛma no bi.
20 Ezéchias en fit ainsi par tout Juda, et il fit ce qui est bon, et droit, et véritable, en la présence de l'Eternel son Dieu.
Saa ɔkwan yi so na Hesekia fa kyɛɛ nneɛma wɔ Yudaman no mu nyinaa, na ɔyɛɛ nea ɛfata na ɛsɔ Awurade, ne Nyankopɔn ani.
21 Et il travailla de tout son cœur dans tout l'ouvrage qu'il entreprit pour le service de la maison de Dieu, et dans la Loi, et dans les commandements, recherchant son Dieu; et il prospéra.
Nea Hesekia yɛɛ nyinaa de som wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu, ne mmɔden a ɔbɔɔ sɛ obedi ne mmara ne nʼahyɛde so no, ɔde ne koma nyinaa hwehwɛɛ ne Nyankopɔn. Ne saa nti, ɛma onyaa nkɔso bebree.

< 2 Chroniques 31 >