< Psaumes 61 >

1 Au chef des chantres. Sur instruments à cordes. De David. O Dieu! Écoute mes cris, Sois attentif à ma prière!
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto. Dawid dwom. Ao, Onyankopɔn, tie me sufrɛ; tie me mpaebɔ.
2 Du bout de la terre je crie à toi, le cœur abattu; Conduis-moi sur le rocher que je ne puis atteindre!
Mifi asase ano frɛ wo, mefrɛ wo, efisɛ me koma atɔ beraw; fa me kɔ ɔbotan a ɛware sen me no so.
3 Car tu es pour moi un refuge, Une tour forte, en face de l’ennemi.
Woayɛ me guankɔbea, aban a ɛyɛ den ma ɔtamfo no.
4 Je voudrais séjourner éternellement dans ta tente, Me réfugier à l’abri de tes ailes. (Pause)
Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntamadan no mu afebɔɔ na manya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase.
5 Car toi, ô Dieu! Tu exauces mes vœux, Tu me donnes l’héritage de ceux qui craignent ton nom.
Woate me bɔ a mehyɛe no, Onyankopɔn; na wode wɔn a wosuro wo din no agyapade ama me.
6 Ajoute des jours aux jours du roi; Que ses années se prolongent à jamais!
To ɔhene nkwanna mu bebree; na ne mfe mfi awo ntoatoaso nkodu awo ntoatoaso.
7 Qu’il reste sur le trône éternellement devant Dieu! Fais que ta bonté et ta fidélité veillent sur lui!
Ma onni hene wɔ Onyankopɔn anim daa fa wʼadɔe ne wo nokware bɔ ne ho ban.
8 Alors je chanterai sans cesse ton nom, En accomplissant chaque jour mes vœux.
Afei mɛto ayeyi dwom ama wo din daa na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa.

< Psaumes 61 >