< Ecclésiaste 1 >

1 Paroles de l’Ecclésiaste, fils de David, roi de Jérusalem.
Yeinom ne nsɛm a Ɔsɛnkafoɔ, ɔhene Dawid babarima a ɔyɛ ɔhene wɔ Yerusalem seɛ:
2 Vanité des vanités, dit l’Ecclésiaste, vanité des vanités, tout est vanité.
“Ahuhudeɛ! Ahuhudeɛ!” Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ. “Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ Biribiara yɛ ahuhudeɛ.”
3 Quel avantage revient-il à l’homme de toute la peine qu’il se donne sous le soleil?
Ɛdeɛn na onipa nya firi nʼadwumayɛ nyinaa mu? Deɛn na ɔnya firi deɛ enti ɔkum ne ho yɛ no awia so no?
4 Une génération s’en va, une autre vient, et la terre subsiste toujours.
Awoɔ ntoatoasoɔ ba na ɛkɔ, nanso asase tim hɔ daa.
5 Le soleil se lève, le soleil se couche; il soupire après le lieu d’où il se lève de nouveau.
Owia pue na owia kɔtɔ, na ɛyɛ ntɛm kɔ deɛ ɛpue firiiɛ hɔ.
6 Le vent se dirige vers le midi, tourne vers le nord; puis il tourne encore, et reprend les mêmes circuits.
Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam na ɛdane hwɛ atifi fam; ɛkyinkyini kɔ baabiara na ɛsane bɔ fa ne kwan so.
7 Tous les fleuves vont à la mer, et la mer n’est point remplie; ils continuent à aller vers le lieu où ils se dirigent.
Nsubɔntene nyinaa tene kɔgu ɛpo mu, nanso ɛpo nyɛ ma da. Baabi a nsubɔntene no firie no ɛhɔ na wɔsane kɔ bio.
8 Toutes choses sont en travail au-delà de ce qu’on peut dire; l’œil ne se rassasie pas de voir, et l’oreille ne se lasse pas d’entendre.
Biribiara yɛ ɔbrɛ a ɛboro deɛ obi bɛka soɔ. Ani nhwɛ adeɛ nwie da na aso nso ntie nsɛm mma ɛmmu so da.
9 Ce qui a été, c’est ce qui sera, et ce qui s’est fait, c’est ce qui se fera, il n’y a rien de nouveau sous le soleil.
Deɛ aba no bɛba bio, deɛ wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio; adeɛ foforɔ biara nni owia yi ase.
10 S’il est une chose dont on dise: Vois ceci, c’est nouveau! Cette chose existait déjà dans les siècles qui nous ont précédés.
Biribi wɔ hɔ a wɔbɛtumi aka wɔ ho sɛ: “Hwɛ! Yei yɛ ade foforɔ” anaa? Ɛwɔ hɔ dada firi tete nteredee; ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn.
11 On ne se souvient pas de ce qui est ancien; et ce qui arrivera dans la suite ne laissera pas de souvenir chez ceux qui vivront plus tard.
Wɔnnkae tetefoɔ no, na wɔn a wɔnnya nnwoo wɔn no nso wɔn a wɔbɛdi wɔn akyi no renkae wɔn.
12 Moi, l’Ecclésiaste, j’ai été roi d’Israël à Jérusalem.
Me, Ɔsɛnkafoɔ, na meyɛ Israelhene wɔ Yerusalem.
13 J’ai appliqué mon cœur à rechercher et à sonder par la sagesse tout ce qui se fait sous les cieux: c’est là une occupation pénible, à laquelle Dieu soumet les fils de l’homme.
Metuu me ho sii hɔ sɛ mede nimdeɛ bɛsua ayɛ nhwehwɛmu wɔ biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru bɛn na Onyankopɔn de ato adasamma soɔ yi!
14 J’ai vu tout ce qui se fait sous le soleil; et voici, tout est vanité et poursuite du vent.
Mahunu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛ deɛ obi de mmirika taa mframa.
15 Ce qui est courbé ne peut se redresser, et ce qui manque ne peut être compté.
Deɛ akyea no, wɔntumi ntene; na deɛ ɛnni hɔ no, wɔntumi nkan.
16 J’ai dit en mon cœur: Voici, j’ai grandi et surpassé en sagesse tous ceux qui ont dominé avant moi sur Jérusalem, et mon cœur a vu beaucoup de sagesse et de science.
Mekaa wɔ me ho sɛ, “Hwɛ, manyini na manya nimdeɛ bebree asene obiara a watena Yerusalem ahennwa so ansa na merebɛdi adeɛ. Manya nhunumu ne nimdeɛ mu osuahunu.”
17 J’ai appliqué mon cœur à connaître la sagesse, et à connaître la sottise et la folie; j’ai compris que cela aussi c’est la poursuite du vent.
Afei, meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ ase, ɛne abɔdamsɛm ne nkwaseasɛm. Nanso mehunuu sɛ yei nso te sɛ deɛ obi di mmirika taa mframa.
18 Car avec beaucoup de sagesse on a beaucoup de chagrin, et celui qui augmente sa science augmente sa douleur.
Nimdeɛ bebree de awerɛhoɔ na ɛba; nyansa bebree de ahohiahia bebree ba.

< Ecclésiaste 1 >