< 1 Chroniques 1 >

1 Adam, Seth, Énosch,
Adam asefo yɛ Set, Enos,
2 Kénan, Mahalaleel, Jéred,
Kenan, Mahalalel, Yared,
3 Hénoc, Metuschélah, Lémec,
Henok, Metusela, Lamek,
4 Noé. Sem, Cham et Japhet.
Noa mma ne, Sem, Ham, ne Yafet.
5 Fils de Japhet: Gomer, Magog, Madaï, Javan, Tubal, Méschec et Tiras.
Na Yafet asefo ne Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.
6 Fils de Gomer: Aschkenaz, Diphat et Togarma.
Na Gomer asefo ne Askenas, Rifat ne Togarma.
7 Fils de Javan: Élischa, Tarsisa, Kittim et Rodanim.
Na Yawan asefo ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.
8 Fils de Cham: Cusch, Mitsraïm, Puth et Canaan.
Na Ham asefo ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan.
9 Fils de Cusch: Saba, Havila, Sabta, Raema et Sabteca. Fils de Raema: Séba et Dedan.
Na Kus asefo ne Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefo yɛ Saba ne Dedan.
10 Cusch engendra Nimrod; c’est lui qui commença à être puissant sur la terre.
Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofo kɛse wɔ asase so.
11 Mitsraïm engendra les Ludim, les Ananim, les Lehabim, les Naphtuhim,
Na Misraim woo Ludfo, Anamfo, Lehabfo, Naftuhfo,
12 les Patrusim, les Casluhim, d’où sont sortis les Philistins, et les Caphtorim.
Patrusfo, Kasluhfo ne Kaftorfo a wɔn ase na Filistifo fi.
13 Canaan engendra Sidon, son premier-né, et Heth,
Na Kanaan woo nʼabakan Sidon ne Het,
14 et les Jébusiens, les Amoréens, les Guirgasiens,
Yebusifo, Amorifo, Girgasifo,
15 les Héviens, les Arkiens, les Siniens,
Hewifo, Arkifo, Sinifo,
16 les Arvadiens, les Tsemariens, les Hamathiens.
Arwadfo, Semarifo ne Hamatifo tete agya.
17 Fils de Sem: Élam, Assur, Arpacschad, Lud et Aram; Uts, Hul, Guéter et Méschec.
Na Sem asefo yɛ Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram. Aram asefo ne Us, Hul, Geter ne Mas.
18 Arpacschad engendra Schélach; et Schélach engendra Héber.
Na Arfaksad woo Sela na Sela woo Eber.
19 Il naquit à Héber deux fils: le nom de l’un était Péleg, parce que de son temps la terre fut partagée, et le nom de son frère était Jokthan.
Eber woo mmabarima baanu. Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.
20 Jokthan engendra Almodad, Schéleph, Hatsarmaveth, Jérach,
Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera,
21 Hadoram, Uzal, Dikla,
Hadoram, Usal, Dikla,
22 Ébal, Abimaël, Séba, Ophir, Havila et Jobab.
Obal, Abimael, Seba,
23 Tous ceux-là furent fils de Jokthan.
Ofir, Hawila ne Yobab. Eyinom nyinaa yɛ Yoktan asefo.
24 Sem, Arpacschad, Schélach,
Ɛno nti, eyi ne anato a efi Sem: Arfaksad, Selah,
25 Héber, Péleg, Rehu,
Eber, Peleg, Reu,
26 Serug, Nachor, Térach,
Serug, Nahor, Tera,
27 Abram, qui est Abraham.
ne Abram a akyiri no, wɔfrɛɛ no Abraham no.
28 Fils d’Abraham: Isaac et Ismaël.
Abraham mmabarima yɛ Isak ne Ismael.
29 Voici leur postérité. Nebajoth, premier-né d’Ismaël, Kédar, Adbeel, Mibsam,
Na Ismael mmabarima nso ne Nebaiot a ɔyɛ nʼabakan, Kedar, Adbeel, Mibsam,
30 Mischma, Duma, Massa, Hadad, Téma,
Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema,
31 Jethur, Naphisch et Kedma. Ce sont là les fils d’Ismaël.
Yetur, Nafis ne Kedema. Eyinom ne Ismael mmabarima.
32 Fils de Ketura, concubine d’Abraham. Elle enfanta Zimran, Jokschan, Medan, Madian, Jischbak et Schuach. Fils de Jokschan: Séba et Dedan.
Na Abraham mpena Ketura mmabarima ne Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua. Na Yoksan asefo yɛ Seba ne Dedan.
33 Fils de Madian: Épha, Épher, Hénoc, Abida et Eldaa. Ce sont là tous les fils de Ketura.
Midian woo Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa. Eyinom nyinaa yɛ Ketura asefo.
34 Abraham engendra Isaac. Fils d’Isaac: Ésaü et Israël.
Abraham woo Isak. Isak mmabarima yɛ Esau ne Israel.
35 Fils d’Ésaü: Éliphaz, Reuel, Jeusch, Jaelam et Koré.
Na Esau mmabarima yɛ Elifas, Reuel, Yeus, Yalam ne Kora.
36 Fils d’Éliphaz: Théman, Omar, Tsephi, Gaetham, Kenaz, Thimna et Amalek.
Na Elifas mmabarima yɛ Teman, Omar, Sefi, Gatam, Kenas, Timna ne Amalek.
37 Fils de Reuel: Nahath, Zérach, Schamma et Mizza.
Na Reuel mmabarima yɛ Nahat, Serah, Sama ne Misa.
38 Fils de Séir: Lothan, Schobal, Tsibeon, Ana, Dischon, Étser et Dischan.
Na Seir mmabarima yɛ Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan.
39 Fils de Lothan: Hori et Homam. Sœur de Lothan: Thimna.
Na Lotan mmabarima yɛ Hori ne Homam. Na Lotan nuabea din de Timna.
40 Fils de Schobal: Aljan, Manahath, Ébal, Schephi et Onam. Fils de Tsibeon: Ajja et Ana.
Na Sobal mmabarima yɛ Alian, Manahat, Ebal, Sefi ne Onam. Sibeon mmabarima yɛ Aya ne Ana.
41 Fils d’Ana: Dischon. Fils de Dischon: Hamran, Eschban, Jithran et Keran.
Na Ana babarima yɛ Dison. Na Dison mma yɛ Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.
42 Fils d’Étser: Bilhan, Zaavan et Jaakan. Fils de Dischan: Uts et Aran.
Na Eser mmabarima yɛ Bilhan, Saawan ne Akan. Na Disan mmabarima yɛ Us ne Aran.
43 Voici les rois qui ont régné dans le pays d’Édom, avant qu’un roi régnât sur les enfants d’Israël. Béla, fils de Beor; et le nom de sa ville était Dinhaba.
Eyinom ne ahemfo a wodii Edom so ansa na Israelfo renya ahemfo: Beor babarima Bela, a ɔtenaa kuropɔn Dinhaba so dii hene.
44 Béla mourut; et Jobab, fils de Zérach, de Botsra, régna à sa place.
Na Bela wui no, Serah babarima Yobab a ofi Bosra bedii nʼade sɛ ɔhene.
45 Jobab mourut; et Huscham, du pays des Thémanites, régna à sa place.
Na Yobab wui no, Husam a ofi Teman asase so bedii nʼade sɛ ɔhene.
46 Huscham mourut; et Hadad, fils de Bedad, régna à sa place. C’est lui qui frappa Madian dans les champs de Moab. Le nom de sa ville était Avith.
Husam wu akyi no, Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a okodii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na odii nʼade sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkurow no din Hawit.
47 Hadad mourut; et Samla, de Masréka, régna à sa place.
Hadad wui no, Samla a ofi Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.
48 Samla mourut; et Saül, de Rehoboth sur le fleuve, régna à sa place.
Samla wui no, Saulo a ofi Rehobot a ɛda asu Eufrate ho no bedii hene.
49 Saül mourut; et Baal-Hanan, fils d’Acbor, régna à sa place.
Na Saulo wui no, Akbor babarima Baal-Hanan bedii hene.
50 Baal-Hanan mourut; et Hadad régna à sa place. Le nom de sa ville était Pahi; et le nom de sa femme Mehéthabeel, fille de Mathred, fille de Mézahab.
Baal-Hanan wui no, Hadad tenaa kuropɔn Pai mu dii hene. Na ne yere a wɔfrɛ no Mehetabel no yɛ Matred babea ne Me-Sahab nso nena.
51 Hadad mourut. Les chefs d’Édom furent: le chef Thimna, le chef Alja, le chef Jetheth,
Na Hadad nso wui. Na Edom mmusua no ntuanofo ne Timna, Alia, Yetet,
52 le chef Oholibama, le chef Éla, le chef Pinon,
Oholibama, Ela, Pinon,
53 le chef Kenaz, le chef Théman, le chef Mibtsar,
Kenas, Teman, Mibsar,
54 le chef Magdiel, le chef Iram. Ce sont là des chefs d’Édom.
Magdiel ne Iram. Eyinom na na wɔyɛ Edom mmusua ntuanofo.

< 1 Chroniques 1 >