< Isaïe 61 >

1 L'Esprit du Seigneur est sur moi; c'est pourquoi il m'a consacré de son onction; il m'a envoyé pour évangéliser les pauvres, guérir les cœurs contrits, annoncer aux captifs la délivrance, et aux aveugles la vue;
Otumfoɔ Awurade Honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ, Awurade asra me ngo sɛ menka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ. Wasoma me sɛ, menkɔkyekye wɔn a wɔn akoma abubu werɛ, sɛ me mpae mu nka ahofadie nkyerɛ nnommumfoɔ na wɔnyi nneduafoɔ mfiri esum mu,
2 Pour publier l'année agréable au Seigneur, et le jour de la rétribution, et consoler tous les affligés;
sɛ mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm, ne yɛn Onyankopɔn aweretɔ da. Wasoma me sɛ, menkyekye wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nyinaa werɛ,
3 Pour donner aux affligés de Sion, au lieu de cendres la gloire; au lieu des larmes, l'onction de la joie; au lieu d'un cœur affligé, un vêtement de gloire; et ils seront appelés générations de justice, plantes du Seigneur pour sa gloire.
na memma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ wɔ Sion no deɛ wɔhia, na menhyɛ wɔn ahenkyɛ fɛfɛ nsi nsõ anan mu; anigyeɛ ngo nsi awerɛhoɔdie anan mu, ayɛyie atadeɛ nsi abasamutuo honhom anan mu. Wɔbɛfrɛ wɔn tenenee adum deɛ Awurade adua de ada nʼanimuonyam adi.
4 Et ils rebâtiront des places depuis longtemps désertes; ils relèveront celles qui avaient été abandonnées jadis et désolées pendant des générations.
Wɔbɛsi tete mmubuiɛ no bio, na wɔasiesie mmeammea a asɛe dadaada no; wɔbɛyɛ nkuropɔn a asɛeɛ no foforɔ deɛ asɛe awoɔ ntoatoasoɔ bebree no.
5 Et les étrangers viendront paître tes brebis, et les fils des Philistins seront tes laboureurs et tes vignerons.
Ananafoɔ bɛhwɛ mo nnwankuo; ahɔhoɔ bɛyɛ adwuma wɔ mo mfuo ne bobeturo mu.
6 Et vous, vous serez appelés prêtres du Seigneur, ministres de Dieu; vous vous nourrirez de la force des Gentils, et leurs richesses vous feront admirer.
Na wɔbɛfrɛ mo Awurade asɔfoɔ, wɔbɛto mo din sɛ yɛn Onyankopɔn asomfoɔ. Amanaman no ahonya no na mobɛdi na wɔn ahodeɛ na mode bɛhoahoa mo ho.
7 Ainsi, pour la seconde fois, ils auront la terre pour héritage, et leur tête sera couronnée d'une joie éternelle.
Wɔn animguaseɛ anan mu me nkurɔfoɔ bɛnya animuonyam mmɔho, na ahohora anan mu wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ wɔn adedie mu; ne saa enti wɔn asase no so kyɛfa bɛyɛ mmɔho, na anigyeɛ a ɛnni awieeɛ bɛyɛ wɔn dea.
8 Car moi je suis le Seigneur, j'aime la justice et je déteste les rapines de l'iniquité. Je donnerai aux justes le fruit de leur labeur, et je ferai avec eux une alliance éternelle.
“Na me Awurade, mepɛ atɛntenenee. Mekyiri korɔno ne nnebɔne. Me nokorɛ mu, mɛbɔ wɔn aba so na me ne wɔn ayɛ apam a ɛbɛtena hɔ daa.
9 Et on reconnaîtra leur race parmi les Gentils, et leurs enfants au milieu des peuples. Quiconque les verra les reconnaîtra, parce que c'est une semence bénie de Dieu.
Wɔn asefoɔ bɛgye din wɔ amanaman no mu ne wɔn mma wɔ nkurɔfoɔ no mu. Wɔn a wɔhunu wɔn nyinaa bɛgye ato mu sɛ wɔyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn.”
10 Et ils se réjouiront dans la joie du Seigneur. Que mon âme se réjouisse donc dans le Seigneur; car il m'a revêtu d'un manteau de salut et d'une tunique d'allégresse; il m'a mis la mitre d'un jeune époux; et toute la parure d'une jeune épousée.
Awurade mu na me ho sɛpɛ me mmorosoɔ, me Onyankopɔn mu na me ɔkra di ahurisie. Ɛfiri sɛ, ɔde nkwagyeɛ ntoma afira me na ɔde tenenee atadeɛ yuu awura me, sɛdeɛ ayeforɔkunu siesie me tiri so sɛ ɔsɔfoɔ, ne sɛdeɛ ayɛforɔ de nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.
11 Telle la terre fait croître ses fleurs, et le jardin ses semences; tel le Seigneur Maître fera fleurir la justice et la joie aux yeux de tous les Gentils.
Na sɛdeɛ asase ma afifideɛ pue na turo nso ma aba nyini no, saa ara na Otumfoɔ Awurade bɛma tenenee ne ayɛyie apue wɔ amanaman anim.

< Isaïe 61 >